2 Samuel 14 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Yoab di ma Absalom

1Na Seruia ba Yoab hunuu sɛ ɔhene akoma wɔ Absalom ho.

2Na Yoab soma maa wɔkɔɔ Tekoa kɔfaa ɔbaa nyansafoɔ bi firi hɔ bae, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Dane wo ho oyiyɛni, na hyɛ ayiyɛ ntadeɛ, nso nsra ngo, na yɛ sɛ ɔbaa a ɔfiri gyam owufoɔ akyɛreɛ.

3Afei kɔ ɔhene nkyɛn na kɔka saa asɛm yi kyerɛ no. Na Yoab de nsɛm no hyɛɛ n’ano.

4Na ɛberɛ a Tekoani baa no baa ɔhene nkyɛn no, ɔbɔɔ ne mu ase wɔ ɔhene anim kaa sɛ: Ɔhene boa me!

5Na ɔhene bisaa no sɛ: Ɛdeɛn na ayɛ woɔ? Na ɔse: Ampa, meyɛ okunafoɔ, me kunu awu.

6Na w’afenaa wɔ mmammarima baanu, na wɔn baanu no kɔkoo wiram a ɔpatafoɔ biara nni hɔ, na ɔbaako bɔɔ ɔbaako maa no wui.

7Deut 19.11-13 Na hwɛ, abusua no nyinaa asɔre atia w’afenaa sɛ: Yi deɛ ɔbɔɔ ne nua no ma, na ne nua a wadi no awuo no kra nti yɛnku no. Wɔnam yei so bɛsɛe ɔdedifoɔ no nso, na wɔde rebɛhye m’ase, na wɔannya din anaa okyikafoɔ biara amma me kunu asase so.

8Na ɔhene ka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ: Kɔ wo fie, na mɛhyɛ wo ho mmara bi.

9Na Tekoani baa no ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Me wura ɔhene, me ne m’agya fie so na ɛso yi nna, na ɔhene ne n’adwa nni bem.

10Na ɔhene kaa sɛ: Obi ka wo asɛm bi a, fa no bra me nkyɛn, na ɔrensane nka wo bio.

111 Sa 14.45; 1 Ah 1.52 Na ɔbaa no kaa sɛ: Ma ɔhene nkae AWURADE wo Nyankopɔn, na mogya ho weretɔfoɔ no ansane ankum bio, na wɔankum me ba. Na ɔse: Sɛ AWURADE te aseɛ yi, wo ba nwi baako mpo rentɔ fam!

12Ɛnna ɔbaa no kaa sɛ: Mesrɛ wo, ma w’afenaa nka me wura ɔhene asɛm bi. Na ɔse: Ka ɛ!

13Na ɔbaa no se: Ɛnneɛ adɛn nti na woasusu saa adeɛ yi Nyankopɔn man ho, na sɛ ɔhene reka saa asɛm yi a, ɔte sɛ deɛ ɔdi fɔ, sɛ ɔhene nkɔfa ne nipa a wɔapam no no nsane mmra fie bio.

14Hes 18.23 Ɛtwa sɛ yɛn nyinaa wuo, na yɛte sɛ nsuo a wɔahwie agu fam a wɔntumi mmoa ano bio; na Onyankopɔn rekum obi a ɔdwene akwan a ɛremma onipa a wɔapam no nsane mma fie bio.

15Na afei deɛ enti a mebaeɛ na me ne me wura ɔhene abɛka asɛm yi ne sɛ, ɔman no maa mesuroe; na w’afenaa kaa sɛ: Me ne ɔhene bɛkɔ akɔkasa; ebia ɔhene bɛyɛ deɛ n’afenaa abisadeɛ ama no:

16Sɛ ɔhene bɛtie na wayi n’abaawa afiri onipa a ɔpɛ sɛ ɔsɛe me ne me ba firi Nyankopɔn agyapadeɛ mu no nsam.

172 Sa 19.27 Na w’afenaa susuu sɛ: Me wura ɔhene asɛm bɛma me asomdwoeɛ, na sɛ Nyankopɔn bɔfoɔ teɛ no, sɛ me wura ɔhene nso teɛ ne no, sɛ ɔhunu papa ne bɔne mu. Enti AWURADE wo Nyankopɔn nni w’akyi.

18Ɛnna ɔhene bua see ɔbaa no sɛ: Nsi me asɛm biara a merebisa woɔ yi so. Na ɔbaa no se: Ma me wura ɔhene nkasa ɛ!

19Na ɔhene bisaa no sɛ: Yoab nka wo ho yei nyinaa mu anaa? Na ɔbaa no buaa sɛ: Sɛ wo kra te aseɛ yi, me wura ɔhene, ɛnyɛ sɛ obi bɛmane nifa anaa benkum afiri deɛ me wura ɔhene aka no nyinaa ho; na w’akoa Yoab na ɔhyɛɛ me, na ɔno ara na ɔde nsɛm yi nyinaa hyɛɛ w’afenaa anomu;

202 Sa 14.17 na sɛ ɔbɛdane asɛm no ani aka nti na w’akoa Yoab ayɛ saa adeɛ yi, nanso me wura ɔhene yɛ onyansafoɔ sɛdeɛ Nyankopɔn bɔfoɔ nyansa teɛ, sɛ ɔbɛhunu deɛ ɛwɔ asase soɔ nyinaa.

21Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Yoab sɛ: Hwɛ, mema wo kwan, kɔ na kɔfa aberanteɛ Absalom sane bra.

22Na Yoab bɔɔ ne mu ase wɔ n’anim na ɔhyiraa ɔhene. Na Yoab kaa sɛ: Ɛnnɛ na w’akoa ahunu sɛ manya me wura ɔhene anim adom, sɛ ɔhene ayɛ deɛ n’akoa aka akyerɛ no.

23 2 Sa 13.37 Ɛno nti Yoab sii mu kɔɔ Gesur kɔfaa Absalom baa Yerusalem.

24Na ɔhene kaa sɛ: Ma no mmane nkɔ ne fie, mempɛ sɛ mehunu n’anim. Ɛnna Absalom mane kɔɔ ne fie, na wanhunu ɔhene anim.

25Nso Israel nyinaa mu na obiara ho nyɛ fɛ sɛ Absalom, na ɛma wɔkamfo no sɛ; ɛfiri ne nan ase kɔsi n’apampam ɛdɛm biara nni ne ho.

26Na sɛ ɔyi ne ti a, (nso daa afe duru a ɔyi, ɛfiri sɛ, ɛyɛ a ne tiri afu dodo,) na wɔkari ne tirinwi no a, ɛyɛ nnwetɛbena ahanu ɔhene abrammoɔ so.

272 Sa 13.1 Na wɔwoo mmammarima baasa maa Absalom ne ɔbaa baako a wɔfrɛ no Tamar; ɔyɛ ɔbaa a ne ho yɛ fɛ.

28Saa nti Absalom dii Yerusalem mfeɛ mmienu, nso wanhunu ɔhene anim da.

29Na Absalom soma maa wɔkɔfrɛɛ Yoab sɛ ɔrebɛsoma no ɔhene nkyɛn, nso Yoab amma. Na ɔsomaa ne mprenu so, nso wamma.

30Na ɔka kyerɛɛ n’asomfoɔ sɛ: Monhwɛ, Yoab afuo wɔ me deɛ ho na ɔwɔ atokoɔ wɔ hɔ, monkɔ nkɔto mu gya. Na Absalom nkoa no kɔtoo afuo no mu gya.

31Ɛnna Yoab sɔre baa Absalom nkyɛn efie bɛka kyerɛɛ no sɛ: Adɛn nti na wo nkoa de ogya akɔto m’afuo a mewɔ no mu?

32Na Absalom ka kyerɛɛ Yoab sɛ: Hwɛ, masoma ama wɔaba wo nkyɛn sɛ: Bra ha na mensoma wo ɔhene nkyɛn sɛ: Ɛdeɛn nti na mefiri Gesur mebaeɛ? Ɛyɛ ma me sɛ anka meda so mewɔ hɔ. Na afei mɛhunu ɔhene anim; na sɛ ɛso bi da me so a, ɔnku me.

33Ɛnna Yoab kɔɔ ɔhene nkyɛn kɔka kyerɛɛ no, na ɔfrɛɛ Absalom, na ɔbaa ɔhene nkyɛn, na ɔbɔɔ ne mu ase wɔ ɔhene anim, na ɔhene yɛɛ Absalom atuu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help