1Afe a ɛtɔ so du no, bosome a ɛtɔ so du no da a ɛtɔ so dummienu no, AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:
2Yes 19; Yer 46 Onipa ba, dane w’ani kyerɛ Misraimhene Farao, na hyɛ nkɔm tia no ne Misraim nyinaa;
3Hes 32.2 kasa na ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie:
Hwɛ, me ne wo anya,
Misraimhene Farao,
asuboa kɛseɛ a ɔda
n’asubɔnten mu a ɔka sɛ:
M’Asubɔnten Nil wɔ me,
me ara na meyɛ mefaeɛ.
4 Hes 38.4; 2 Ah 19.28 Na mede nkɔtɔkorɔ bɛwura w’afono mu,
na mama w’asubɔnten mu mpataa afemfam w’abena ho,
na matwe wo afiri w’asubɔnten mu aba,
wo ne w’asubɔnten mu mpataa
a ɛfemfam w’abena ho no nyinaa.
5Na mɛto wo atwene ɛserɛ so,
wo ne w’asubɔnten mu mpataa nyinaa.
Ɛserɛ petee so na wobɛtɔ,
wɔrentase wo, na wɔremmoa wo ano;
asase so mmoa ne ewiem nnomaa
na mede wo bɛyɛ wɔn aduane.
6 2 Ah 18.21 Na Misraimfoɔ nyinaa bɛhunu sɛ mene AWURADE.
Ɛsiane sɛ wɔyɛ nkyɛnkyɛmma poma ma Israel fie,
7wɔsɔ wo nsa mu a,
wobuka suane wɔn mmati nyinaa,
na wɔtwere wo a,
wobu ma wɔn sisi nyinaa hinhim.
8Ɛno nti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, mede nkrantɛ mereba wo so, na matwitwa wo mu nnipa ne mmoa,
9na Misraim asase adane afo, na ɛso ada mpan, na wɔahunu sɛ mene AWURADE.
Ɛsiane sɛ woka sɛ: Asubɔntene Nil no wɔ me, na me ara na meyɛeɛ.
10Enti, hwɛ, me ne wo ne w’asutene ahodoɔ no anya, na mɛyɛ Misraim asase no afoafo, amamfo ne ahodwirideɛ, afiri Siene abantenten ho akɔsi Etiopia hyeɛ so tɔnn.
11Onipa nan remfa so na aboa nan rensi so, na wɔrentena so mfirinhyia aduanan.
12Na mɛyɛ Misraim asase pasaa, nsase a ayɛ pasaa mu, na ne nkuro ada mpan wɔ nkuro afoafo mu, mfirinhyia aduanan, na mɛbɔ Misraim apete amanaman mu, na mapansam wɔn agu nsase so.
13Na sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Mfirinhyia aduanan akyiri no, mɛboa Misraim ano afiri aman a mabɔ wɔn apete hɔ no mu,
14na mede Misraim nnommum no asane aba, na mede wɔn aba Patros asase so bio, wɔn asase a wɔfiri soɔ no so, na wɔayɛ ahennie a abrɛ aseɛ wɔ hɔ.
15Ɛbɛyɛ ahennie mu deɛ abrɛ aseɛ, na ɛremma ne ho so bio wɔ amanaman so. Na mɛma wɔasua, na wɔanni amanaman so bio.
16Na Israel fie remfa wɔn ho nto wɔn so bio, sɛ wɔkae wɔn bɔne a ɛne sɛ wɔhwehwɛɛ mmoa firii wɔn hɔ no. Na wɔahunu sɛ mene AWURADE Nyankopɔn.
Babel bɛfom Misraim afa17Na afe a ɛtɔ so aduonu nson no, bosome a ɛdi kan no da a ɛdi kan no, AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:
18Onipa ba, Babelhene Nebukadnessar maa ne dɔm ko tiaa Tiro. Ɛyɛɛ ɔko kɛseɛ a na ɔhaw ne brɛ pii wɔ mu, nanso akatua biara amfiri Tiro ammɛka ɔno ne ne dɔm nsa, som a ɔsomeeɛ no ho.
19Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, mede Misraim asase merema Babelhene Nebukadnessar, na wasoa n’asafo yuu akɔ, na wafa n’asadeɛ, na wafom n’afomfadeɛ afa, na ayɛ ne dɔm no akatua;
20Hes 30.24; Yes 10.5 n’apaadeɛ a ɔsom ho no ano na mede Misraim asase bɛma no, sɛ n’apaadeɛ a ɔsomm ho, ɛfiri sɛ wɔyɛ maa me, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.
21Ɛda no na mɛma abɛn bi afifiri ama Israel fie, na wo na mɛma wo kwan na woabue w’ano wɔ wɔn mu, na wɔahunu sɛ mene AWURADE.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.