1Na Yuda ne Benyamin atamfoɔ no tee sɛ otukorɔ mma no resi asɔredan ama AWURADE Israel Nyankopɔn no,
22 Ah 17.24, 33; 19.37 wɔtwe baa Serubabel ne Yesua ne agyanom atitire no nkyɛn bɛka kyerɛɛ wɔn sɛ: Yɛne mo bɛsi, na yɛsom mo Nyankopɔn no sɛ mo, na ɔno na yɛbɔ no afɔdeɛ de firi Asiriahene Esar-hadon a ɔde yɛn baa ha no berɛ soɔ.
3Esra 1.3 Na Serubabel, Yesua ne Israel agyanom atitire nkaeɛ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Yɛne mo nni hwee yɛ, sɛ yɛbɛsi ɛdan ama yɛn Nyankopɔn, na yɛn nko ara yɛbɛsi ama AWURADE Israel Nyankopɔn no, sɛdeɛ Persiahene Kores ahyɛ yɛn no.
4Ɛnna asase no sofoɔ maa Yuda man no nsam goeɛ, na wɔtuu wɔn akoma abantoɔ no ho.
5Esra 4.24 Na wɔbobɔɔ agyinatufoɔ paa tiaa wɔn, tee wɔn agyina ani yerae, Persiahene Kores nna nyinaa de kɔsii Persiahene Dario ahennie so.
6Na Akas-weros ahennie so, ɔfirii n’ahennie aseɛ no, wɔtwerɛɛ Yuda ne Yerusalemfoɔ ho anototo nwoma.
7Na Artasasta berɛ so no, Bislam, Mitredat, Tabeel ne ne mfɛfoɔ nkaeɛ no twerɛɛ nwoma kɔmaa Persiahene Artasasta, na wɔtwerɛɛ ɔmane nwoma no Aramaik kasa mu, na wɔkyerɛɛ aseɛ.
8Mpanimma mu panin Rehum ne Ɔtwerɛfoɔ Simsai twerɛɛ nwoma kɔmaa Ɔhene Artasasta de tiaa Yerusalemfoɔ sɛ: —
9Ɛberɛ no mpanimma mu panin Rehum ne Ɔtwerɛfoɔ Simsai ne wɔn agyinatufoɔ nkaeɛ a wɔfiri Dina, Afarsatka, Tarpela, Afarsa, Arkewa, Babel, Susan, Deha, Elam,
10Esra 4.2 ne aman a aka no mu a Osnapar kɛseɛ a ɔwɔ din no kɔfaa wɔn baeɛ, na ɔde wɔn bɛduaa Samaria nkuro mu, ne nkaeɛ a wɔwɔ asuogya ha fam no, ne ade.
11Nwoma a wɔde kɔmaa ɔno Ɔhene Artasasta no nsususoɔ nie: — Wo nkoa a wɔwɔ asuogya ha fam, kyea wo.
12Ma ɔhene nhunu sɛ, Yudafoɔ a wɔfiri wo nkyɛn foro baa yɛn nkyɛn no aba Yerusalem, na wɔabɛkyekyere atuateɛ kuro bɔne yi, na ɛho afasuo nso wɔamema so asisi hɔ, na wɔamiamia ne fapem no mu.
13Enti ma ɔhene nhunu sɛ, sɛ wɔkyekyere kuro yi, na wɔmema n’afasuo so sisi hɔ a, ɛnneɛ wɔremma ɛtoɔ ne amanneɛ ne akwanneɛ bio, na ɛbɛyɛ no na w’ahennie mu toɔgyeɛ abrɛ ase.
14Na ɛsiane sɛ ɔhene aban mu nkyene na yɛdie na yɛntumi nkɔ so nhwɛ ɔhene ahohora nti, na yɛasoma sɛ wɔmmɛse ɔhene sɛ,
15sɛ ma wɔnhwehwɛ w’agyanom nkaeɛ nwoma mu, na wɔbɛhu no nkaeɛ nwoma no mu sɛ kuro yi yɛ atuateɛ kuro a ɛsɛe ɔhene ne amantam adeɛ, na wɔatwe ho manso firi tete mmerɛ no mu nti, na wɔbɔɔ kuro no.
16Yɛn deɛ, yɛrema ɔhene ahunu sɛ, sɛ wɔkyekyere kuro yi, na wɔtoto ho afasuo no a, ɛnneɛ asuogya ha fam agyapadeɛ biara renka wo nsam.
17Ɔhene no soma maa wɔde mmuaeɛ brɛɛ mpanimma mu panin Rehum ne Ɔtwerɛfoɔ Simsai ne wɔn mfɛfoɔ nkaeɛ a wɔtete Samaria ne Asuogya hafoɔ nkaeɛ sɛ: Asomdwoeɛ.
18Nwoma a mosoma maa wɔde brɛɛ yɛn no, wɔakenkan no kann wɔ m’anim.
19Na me nso mahyɛ ma wɔahwehwɛ mu, na wɔahunu sɛ kuro no firi tete nteredee na ɛmaa ne ho so tiaa ahemfo, na wɔtee atua twee mu manso.
20Nanso ahemfo akɛseɛ tenaa Yerusalem, na wɔdii asuogya hɔ nyinaa so, na wɔyii toɔ ne amanneɛ ne akwanneɛ maa wɔn nso.
21Enti monhyɛ mma mmammarima no nnyae, na wɔnnkyekyere kuro no, kɔsi sɛ ahyɛdeɛ bɛfiri me nkyɛn.
22Na monhwɛ yie na moantoto yei ase, na bɔne biara amma na ahemfo adeɛ ammɔ wɔn.
23Afei wɔkenkan Ɔhene Artasasta nwoma a ɔtwerɛɛ Rehun ne Ɔtwerɛfoɔ Simsai ne wɔn mfɛfoɔ no anim ara pɛ no, wɔsii mu baa Yerusalem ntɛm so bɛhyɛɛ Yudafoɔ no, na wɔde nsa ne tumi sii wɔn kwan.
24 Esra 4.5; 6.15 Na wɔsii Nyankopɔn fie a ɛwɔ Yerusalem no sie ho kwan, na akwansie no kɔɔ so ara kɔsii Persiahene Dario ahennie afe a ɛtɔ so mmienu so.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.