Nnwom 115 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Onyankopɔn nko na anidie sɛ no

1Ɛnyɛ yɛn, AWURADE, ɛnyɛ yɛn,

na wo din mmom na animuonyam nka,

w’adɔeɛ nti, wo nokorɛ nti.

2 Dwom 42.3 Adɛn na amanaman nka sɛ:

Ɛhe ara na wɔn Nyankopɔn wɔ?

3Na yɛn Nyankopɔn wɔ ɔsoro,

deɛ ɔpɛ nyinaa na ɔyɛ.

4 Deut 4.28; Yes 44.9-20 Wɔn ahoni yɛ dwetɛ ne sika,

nnipa nsa ano adwuma.

5Wɔwɔ ano, na wɔnkasa,

wɔwɔ ani, na wɔnhunu adeɛ,

6wɔwɔ aso, na wɔnte asɛm,

wɔwɔ hwene, na wɔnte hwa.

7Wɔn nsa, wɔmfa nka adeɛ,

wɔn nan, wɔmfa nnante,

na wɔmfa wɔn menewa nkasa.

8Wɔn a wɔyɛ wɔn te sɛ wɔn ara,

obiara a ɔde ne ho to wɔn soɔ no.

9 Dwom 118.2 Israel, fa wo ho to AWURADE so.

Wo mmoa ne wo kyɛm ne no.

10 Dwom 118.3 Aaron fie, momfa mo ho nto AWURADE so.

Mo mmoa ne mo kyɛm ne no.

11 Dwom 118.4 Mo a mosuro AWURADE, momfa mo ho nto AWURADE so.

Mo mmoa ne mo kyɛm ne no.

12AWURADE akae yɛn, ɔbɛhyira yɛn,

ɔbɛhyira Israel fie, ɔbɛhyira Aaron fie,

13ɔbɛhyira wɔn a wɔsuro AWURADE,

nketewa ne akɛseɛ nyinaa.

14AWURADE bɛma mo adɔɔso,

mo ne mo mma.

15Moyɛ nnipa a wɔahyira wɔn ama AWURADE,

ɔsoro ne asase yɛfoɔ no.

16Ɔsoro yɛ AWURADE soro,

na asase deɛ, ɔde ama nnipa mma.

17 Dwom 6.5; Yes 38.18 Ɛnyɛ awufoɔ na ɛbɛyi AWURADE ayɛ,

na ɛnyɛ wɔn a wɔsiane kɔ kommyɛ mu biara.

18Na yɛn deɛ, yɛbɛhyira AWURADE

afiri nnɛ akɔsi daa.

Monyi AWURADE ayɛ!

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help