Hiob 4 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Elifas asɛnka a ɛdi kan.Onyankopɔn ntwe deɛ ɔdi bem aso

1Ɛnna Temanni Elifas bua see sɛ:

2Sɛ obi pɛ sɛ ɔka asɛm yi ho bi kyerɛ wo a,

ɛbɛyɛ wo ahomete anaa?

Nanso mpo twa ara na ɛtwa sɛ ɔka?

3Hwɛ, wo na woatenetene nnipa bebree,

na nsa a agoɔ no, woahyɛ no den;

4wo nsɛm ama deɛ ɔrebɛhwe ase agyina,

na nankoroma a ahodwo no, wɔahyɛ no den.

5Na afei ɛtoo woɔ yi, woagyigya,

ɛkaa woɔ yi, woabɔ nnyinnyen.

6Ɛnyɛ wo Nyamesuro ne deɛ wode wo ho to soɔ,

na w’akwan a ɛtene ne w’anidasoɔ anaa?

7Kae ɛ, hwan na ɔnyɛɛ bɔne biara na wɔasɛe no pɛn,

anaa ɛhe na wɔatwa ateneneefoɔ atwene pɛn?

8 Mmb 22.8 Manya nhunui sɛ wɔn a wɔfɛntɛm amumuyɛ

na wɔgu mmusuo no, ɛno ara na wɔtwa.

9Nyankopɔn home sɛe wɔn,

na wɔhye, n’abufuo mframa ano.

10Wote sɛ gyata mmobɔmu ne ɔsebɔ nne a ɛgyae,

na gyataburuwa sebɔmmɔfoɔ tutu no.

11Ɛno na hanam bɛbɔ ɛserɛ-mu-sɛe ama no awu,

na gyatabereɛ mma abɔ pete.

12Na me deɛ, asɛm bi wiawiaa ne ho baa me nkyɛn,

na m’aso tee ɛho asomusɛm bi.

13Ɔdadwene a ɛfiri anadwo adehunu mu mu,

berɛ a nnahɔɔ atɔ nnipa soɔ no,

14 Gye 15.12 ehu ne ahopopoɔ kaa me,

na ɛmaa me nnompe nyinaa wosoe.

15Na honhom bi twaa mu faa m’ani so,

me ho nwi nyinaa sɔre gyinagyinae,

16ɛgyinae,

nanso manhunu ne su,

suban bi gyinagyina m’ani so,

metee nne bɔkɔɔ bi sɛ:

17Ɔdasani tene sene Onyankopɔn,

anaa onipa ho te sene ne yɛfoɔ?

18 Hiob 15.15 Hwɛ, ne nkoa mpo, ɔmfa ne ho nto wɔn so,

na n’abɔfoɔ no, ɔbu wɔn sɛ wɔtɔ mu;

19 2 Ko 5.1 na nkantom wɔn a wɔte dɔteɛ adan mu,

na wɔn nnyinasoɔ wɔ mfuturo mu,

na wɔfurofuro wɔn sɛ abubummabaa.

20Ɛfiri anɔpa kɔsi anwummerɛ na wɔaposa wɔn;

wɔyera korakora a obi nnwene ho.

21Sɛ wɔtete wɔn ho ntomadan homa a,

ɛnyɛ wuo na wɔwuo a wɔanhunu nyansa biara?

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help