1 1 Ah 10.1-28 Na Seba hemmaa tee Salomo nka no, ɔbaa sɛ ɔde nsɛm a emu yɛ den rebɛsɔ no ahwɛ. Na ɔne asafo yuu pa ne yoma a wɔsoso nnuhwam ne sika pii pa, ne abohene baa Yerusalem. Na ɔduruu Salomo nkyɛn no, ɔne no bɔɔ deɛ ɛwɔ n’akomam nyinaa ho nkɔmmɔ.
2Na Salomo buaa no ne nsɛm nyinaa, na asɛm biara anhunta Salomo a wanka ankyerɛ no.
3Na Seba hemmaa no hunuu Salomo nyansa ne efie a wasie
4ne ne pono so nnuane, ne ne nkoa atenaeɛ, ne n’asomfo agyinaeɛ ne wɔn ntadeɛ, ne ne nsahyɛfoɔ ne wɔn ntadeɛ, ne n’aforoeɛ a ɔnam so kɔ AWURADE fie no, ne ho dwirii no.
5Na ɔka kyerɛɛ ɔhene no sɛ: Wo nneyɛɛ ne wo nyansa ho asɛm a metee no m’asase soɔ no yɛ nokorɛ,
6na mannye wɔn nsɛm no manni de bɛsii sɛ mebaeɛ, na mede m’ani mabɛhunu yi. Na hwɛ, wɔanka me wo nyansa so a ɛso no mu fa mpo, wosene wo ho nsɛm a meteeɛ no.
7Luka 10.23 Nhyira ne wo nnipa, na nhyira ne wo nkoa yi a wɔgyinagyina w’anim daa yi, sɛ daa wɔte wo nyansa no.
8Nhyira nka AWURADE wo Nyankopɔn a ɔpɛ w’asɛm na ɔde wo atena n’adwa so sɛ di hene ma AWURADE wo Nyankopɔn. Sɛ wo Nyankopɔn dɔ Israel, sɛ ɔde no bɛtim hɔ de akɔsi daa nti, na ɔde wo asi wɔn so hene, sɛ yɛ atemmudeɛ ne teneneedeɛ.
9Na ɔmaa ɔhene sika dwetikɛseɛ ɔha aduonu ne nnuhwam pii pa ara ne abohene, na nnuhwam a ɛte sɛ deɛ Seba hemmaa no de maa Ɔhene Salomo no so bi amma bio.
10Na Huram nkoa ne Salomo nkoa a wɔde sika firi Ofir baeɛ no nso de abako nnua ne abohene bae.
11Na ɔhene de abako nnua no yɛɛ AWURADE fie ne ɔhene fie ntrapoe ne nsankutene ne mmɛnta maa nnwontofoɔ no. Na wɔnhunuu saa nnoɔma no bi pɛn wɔ Yuda asase so.
12Na Ɔhene Salomo maa Seba hemmaa no n’adeɛ a ɔpɛ a ɔbisaeɛ no nyinaa, ɛsono deɛ ɔde brɛɛ ɔhene no. Ɛnna ɔno ne ne nkoa sane sii mu kɔɔ n’asase soɔ.
Salomo ahonya(1 Ahemfo 10.14-25)13Nso sika a na ɛba Salomo nsam afe baako mu duro yɛ sika dwetikɛseɛ ahansia aduosia nsia,
14ɛsono deɛ ɛfiri adwadifoɔ hɔ, ne deɛ abatafoɔ de ba. Na Arabia ahemfo nyinaa ne asase no so amradofoɔ no nso de sika ne dwetɛ brɛɛ Salomo.
15Na Ɔhene Salomo de sika a wɔaborɔ yɛɛ akyɛm akɛseɛ ahanu, sika a wɔaborɔ nnwetɛbena ahansia na ɔde duraa akyɛm no mu biara ho.
16Na ɔyɛɛ sika a wɔaborɔ akyɛm ahasa, sika nnwetɛbena ahasa na ɔde duraa akyɛm no mu biara ho. Na ɔhene de kɔsiee Lebanon Kwaeɛ dan no mu.
17Na ɔhene de asonse yɛɛ ahennwa kokuroo, na ɔde sika amapa duraa ho;
18na adwa no wɔ ntrapoe nsia, na sika ntiasoɔ wɔ adwa no ho a wɔabobɔ mu, na nsa wowɔ ɛha ne ha, atenaeɛ no ho, na agyata mmienu gyinagyina nsa no ho;
19na agyata dummienu gyinagyina hɔ wɔ ntrapoe nsia no so ɛha ne ha. Wɔnyɛɛ saa bi da ahennie biara mu.
20Na Ɔhene Salomo nnoɔma a ɔnom mu nyinaa yɛ sika, na Lebanon Kwaeɛ dan mu nnoɔma nyinaa yɛ sika amapa, dwetɛ nni mu. Wɔmmu dwetɛ hwee Salomo berɛ so.
21Na ɔhene wɔ ahyɛnkuo a ɛne Huram nkoa no kɔ Tarsis; mfeɛ mmiɛnsa biara Tarsis ahyɛn no ba prɛko de sika ne dwetɛ, asonse ne nkontromfi ne nkokɔnini-abankwaa ba.
22Na Ɔhene Salomo so senee asase so ahemfo nyinaa, adedodoɔ ne nyansa fam.
23Na asase so ahemfo nyinaa hwehwɛɛ sɛ wɔbɛhunu Salomo anim na wɔate nyansa a Onyankopɔn de ahyɛ n’adwene mu no bie.
24Na wɔde wɔn ayɛyɛdeɛ ba mmaako mmaako, dwetɛ nnoɔma ne sika nnoɔma ne ntadeɛ, akodeɛ ne nnuhwam, apɔnkɔ ne mfunumupɔnkɔ, afe biara ne ne deɛ.
252 Be 1.14-17; 1 Ah 4.26 Na Salomo wɔ apɔnkɔ adan mpemnan ne nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ mpem dummienu, na ɔde wɔn tenatenaa nteaseɛnam nkuro mu, ne ɔhene nkyɛn wɔ Yerusalem.
26Na ɔdii ahennie nyinaa so de firi Asuo Eufrate ano de kɔsii Filistifoɔ asase so ne Misraim hyeɛ so.
27Na ɔhene maa dwetɛ yɛɛ sɛ aboɔ, Yerusalem, na ntweneduro nso, ɔmaa no yɛɛ sɛ akyee nnua a ɛwɔ mpaperɛ soɔ no dodoɔ.
28Na wɔkraa apɔnkɔ firii Misraim ne nsase nyinaa so brɛɛ Salomo.
Salomo wuo(1 Ahemfo 11.41-43)29 1 Ah 11.41-43 Na Salomo ho nsɛm nkaeɛ, akane deɛ ne akyire yi deɛ no, wɔantwerɛ no Odiyifoɔ Natan nsɛm ne Siloni Ahia adiyisɛm ne Odehwɛfoɔ ldo adehwɛ a ɔhwɛɛ no Nebat ba Yeroboam ho no mu?
30Na Salomo dii Israel nyinaa so hene Yerusalem mfirinhyia aduanan.
31Na Salomo tii n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no n’agya Dawid kuro mu. Na ne ba Rehoboam bɛdii n’adeɛ.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.