1 1 Ah 7.51—8.11 Na wɔwiee adwuma a Salomo yɛ maa AWURADE fie no nyinaa. Na Salomo de n’agya Dawid akronkronneɛ no bae, na ɔde dwetɛ ne sika ne nnwinneɛ no nyinaa bɛsiee Nyankopɔn fie akoradeɛ no mu.
Wɔde Apam Adaka no ba Asɔrefie hɔ(1 Ahemfo 8.1-9)2Ɛnna Salomo boaa Israel mpanimfoɔ ne mmusuakuo no atitire ne Israelfoɔ mu agyanom mmapɔmma no ano bɛhyiaa Yerusalem, sɛ wɔrekɔfa AWURADE apam adaka no afiri Dawid kuro a ɛne Sion no mu aba.
3Lew 23.34 Na Israel mmarima nyinaa boaboaa wɔn ano baa ɔhene nkyɛn afahyɛ a ɛwɔ nnapɔnna a ɛne bosome a ɛtɔ so nson no mu.
4Na Israel mpanimfoɔ nyinaa bae. Na Lewifoɔ no bɛsoaa adaka no.
5Na wɔfaa adaka no ne ahyiaeɛ ntomadan no ne akronkronneɛ a ɛwɔ ntomadan no mu nyinaa bae; Lewifoɔ asɔfoɔ no na wɔde foro baeɛ.
6Na Ɔhene Salomo ne Israel asafo a wɔbɛhyiaa ne nkyɛn adaka no anim no nyinaa kunkumm nnwan ne anantwie a wɔn dodoɔ nti wɔantumi ankan na wɔammu ano, bobɔɔ afɔdeɛ.
7Na asɔfoɔ no de AWURADE apam adaka no baa mu, de bɛsii n’afa, ɛdan no mpiakyire a ɛne kronkronkronbea no mu, kerubim no ntaban ase.
8Na kerubim no atrɛtrɛ wɔn ntaban mu, adaka no afa no so, na kerubim no kata adaka no ne ɛho mpoma no so ɔsoro.
9Na mpoma no woware ma wɔhunu mpoma no ti, adaka no ho, mpiakyire no anim, na wɔnhunu wɔ adihɔ hɔ, na ɛwɔ hɔ de bɛsi nnɛ da yi.
10Heb 9.4 Biribiara nni adaka no mu gye aboɔpono mmienu a Mose de guu mu Horeb, faako a AWURADE ne Israelfoɔ pameeɛ berɛ a wɔfiri Misraim asase so reba no.
AWURADE Animuonyam no11Na ɛbaa sɛ, asɔfoɔ no firi kronkronbea hɔ firii adie no, (na asɔfoɔ a wɔhunuu wɔn no nyinaa ayɛ wɔn ho kronkron, na wɔanni nkyekyɛmu no akyi,
121 Be 15.19; 16.37; 25.1-7 na Lewifoɔ nnwontofoɔ no a wɔhyɛ Asaf Heman, Yedutun ne wɔn mma ne wɔn nuanom aseɛ no nyinaa hyehyɛ nwera fɛfɛ, kurakura nnawuro ne mmɛnta ne nsankutene gyinagyina afɔrebukyia no apueeɛ fam, na asɔfoɔ ɔha aduonu ka wɔn ho rehyɛne ntotorobɛnto.
131 Be 16.34 Na ntotorobɛntohyɛnfoɔ ne nnwontofoɔ no yɛɛ sɛ ɔbaakofoɔ maa wɔtee ɛnne baako a wɔde reyi AWURADE ayɛ da no ase), na wɔde ntotorobɛnto ne nnawuro ne nsankuo maa nne so yii AWURADE ayɛ sɛ,
“ɔyɛ na
n’adɔeɛ wɔ hɔ daa” no,
ɛnna mununkum yɛɛ ɛdan no, AWURADE dan no ma,
142 Be 7.1, 3 na mununkum no nti asɔfoɔ no antumi annyina ansom, ɛfiri sɛ na AWURADE animuonyam ayɛ ɛdan no ma.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.