1 Samuel 12 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Samuel bɔ ɔman no soboɔ

1 mo agyanom su frɛɛ AWURADE, na AWURADE somaa Mose ne Aaron na wɔyii mo agyanom firii Misraim maa wɔbɛtenaa ha yi.

9Ate 4.2; 10.7; 13.1; 3.12 Nanso wɔn werɛ firii AWURADE wɔn Nyankopɔn, na ɔtɔn wɔn hyɛɛ Hasor sahene Sisera nsa ne Filistifoɔ nsa ne Moabhene nsa, na wɔne wɔn bɛkoe.

10Na wɔsu frɛɛ AWURADE sɛ: Yɛayɛ bɔne sɛ yɛagya AWURADE hɔ akɔsom Baalim ne Astarot, na afei yi yɛn firi yɛn atamfoɔ nsam, na yɛbɛsom wo.

11Ate 6.14; 11.29; 1 Sa 7.3 Na AWURADE somaa Yerubaal, Bedan, Yefta ne Samuel, na ɔyii mo firi mo atamfoɔ nsam hyia maa motenaa ase dwoodwoo.

121 Sa 8.19 Na mohunuu sɛ Amonfoɔ hene Nahas reba mo soɔ no, moka kyerɛɛ me sɛ: Dabi, na ɔhene mmɛdi yɛn so, berɛ a na AWURADE mo Nyankopɔn ne mo hene.

13Na afei, hwɛ, ɔhene a moyiiɛ a mosrɛɛ no no nie, na hwɛ, AWURADE asi mo so hene.

14Sɛ mosuro AWURADE na mosom no na motie no, na moante AWURADE anomu asɛm so atua na mo ne ɔhene a ɔdi mo soɔ no nyinaa redi AWURADE mo Nyankopɔn akyi a, anka ɛyɛ.

15Na sɛ moantie AWURADE na mote AWURADE anomu asɛm so atua a, ɛnneɛ AWURADE nsa bɛda mo so sɛdeɛ ɛdaa mo agyanom soɔ no.

16Afei nso mommɛgyina ha nhwɛ adeɛ kɛseɛ a AWURADE rebɛyɛ mo anim yi.

17Ɛnyɛ ayuotwa berɛ ne nnɛ? Mɛfrɛ AWURADE na wama aprannaa ne osuo aba, na moahwɛ ahunu sɛ mo bɔne a moayɛ AWURADE anim ne sɛ moabisa ɔhene afa no so.

18Ɛnna Samuel frɛɛ AWURADE, na AWURADE maa aprannaa ne osuo baa da no. Na ɔman no nyinaa suroo AWURADE ne Samuel sɛ.

19Na ɔman no nyinaa ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Bɔ AWURADE wo Nyankopɔn mpaeɛ ma wo nkoa, na yɛanwu, ɛfiri sɛ yɛde bɔne yi aka yɛn bɔne nyinaa ho, sɛ yɛabisa ɔhene afa.

20Na Samuel ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Monnsuro; moayɛ bɔne yi nyinaa deɛ, nanso AWURADE akyi na monnsane mmfire, na momfa mo akoma nyinaa nsom AWURADE.

21Deut 32.37-38 Na mommmane nnkɔdi ade hunu a mfasoɔ ne ɛgyeɛ nni ho no akyi, na ɛyɛ ade hunu.

22Eks 19.6 Na AWURADE din kɛseɛ no nti ɔrempa ne man, na ɛsɔ AWURADE ani sɛ ɔde mo bɛyɛ ne man;

231 Sa 7.8 me nso, ɛmpare me sɛ mɛgyae mo ho mpaebɔ de ayɛ AWURADE bɔne; na mɛkyerɛ mo kwan pa a ɛtene no.

242 Ah 17.39 Suro nko na monsuro AWURADE, na momfa mo akoma nyinaa nsom no nokorɛ mu. Na monhwɛ adeɛ kɛseɛ a wayɛ ama mo no.

25Na sɛ bɔne ara na mobɛyɛ a, ɛnneɛ wɔbɛsesa mo ne mo hene nyinaa akɔ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help