1 Yes 48.1 Montie me, mo a modi tenenee akyire
na mohwehwɛ AWURADE no,
monhwɛ ɔbotan a wɔpaee mo firii mu
ne abopaebea a wɔtuu mo firii mu no,
2 Hes 33.24 monhwɛ mo agya Abraham
ne Sara a ɔkyem mo woo mo no,
sɛ ɔyɛ ɔbaakofoɔ na mefrɛɛ no,
na mehyiraa no memaa no dɔree.
3Na AWURADE rekyekyere Sion werɛ,
ɔkyekyere n’amamfo nyinaa werɛ,
na wadane ne serɛ so sɛ Eden,
ne n’anwea pradada sɛ AWURADE turom,
wɔbɛhunu mu ahosɛpɛ ne anigyeɛ,
aseda ne dwontoɔ.
4Me nkurɔfoɔ, montie me,
na me man, monyɛ aso mma me,
na mmara bɛfiri me nkyɛn akɔ,
na mama m’atemmuo atim hɔ ayɛ aman hann.
5Me tenenee reba ntɛm,
me nkwagyeɛ afiri adi,
na m’abasa bɛbu aman atɛn;
me so na nsuano aman ani da,
na me basa na wɔtwɛn.
6 Dwom 102.27 Momma mo ani so nkɔ soro,
na monhwɛ asase ɛfam,
na ɔsoro bɛyera sɛ wisie,
na asase asu sɛ atadeɛ,
na ɛsofoɔ awuwu sɛ anwansena,
na me nkwagyeɛ bɛtena hɔ daa,
na me nkwagyeɛ rensa da.
7 Mat 5.11 Montie me, mo a monim tenenee,
ɔman a me mmara wɔ wɔn akoma mu,
monnsuro ɔdasani ahohorabɔ,
na mommma wɔn ahiyie nnyɛ mo ahopopoɔ,
8na nweweboaa bɛwe wɔn sɛ atadeɛ,
na abubummabaa awe wɔn sɛ kuntu;
na me tenenee bɛtena hɔ akɔsi daa,
na me nkwagyeɛ afa awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.
Anigyeɛ wɔ Sion9 Eks 14.14; 15.7 AWURADE basa,
nyane ɛ, nyane ɛ! Hyɛ ahoɔden!
Nyane sɛ akane nna no mu,
teteete awoɔ ntoatoasoɔ mu.
Ɛnyɛ wone deɛ ɔtwitwaa Rahab
na ɔhwiree asuboa kɛseɛ no mu no?
10 Eks 14.21-22 Ɛnyɛ wone deɛ ɔmaa po weeɛ no,
ebunu kɛseɛ mu nsuo no;
deɛ ɔde po ase yɛɛ kwan
maa wɔn a wɔagye wɔn sɛ wɔntwa no?
11 Yes 35.10 Na wɔn a AWURADE agye wɔn no bɛsane,
na wɔde ahurisie aba Sion,
na daa anigyeɛ bɛtena wɔn atifi;
ahosɛpɛ ne anigyeɛ bɛka wɔn nsa,
na awerɛhoɔ ne apinisie adwane.
12 Dwom 56.4; Yes 40.6 Me ara mene mo werɛkyekyefoɔ;
hwan ne wo na wosuro ɔdasani a ɔwuo
ne onipa ba a wɔyɛɛ no sɛ wira?
13Na wo werɛ afiri AWURADE a ɔyɛɛ woɔ
na ɔtrɛɛ ɔsoro mu
na ɔhyɛɛ asase ase no,
na wo ho popo daa daa nyinaa,
ɔhodwanfoɔ abufuo nti
sɛdeɛ ɔresiesie ne ho abɛsɛe biribie,
na ɛhe na ɔhodwanfoɔ abufuo no wɔ?
14Wɔbɛyɛ ntɛm ayi mpokyerɛni,
na ɔrenwu nkɔ Amena mu,
na n’aduane remmɔ no.
15Na mene AWURADE, wo Nyankopɔn,
a ɔhwanyan ɛpo ma n’asorɔkyeɛ yɛ huu no,
asafo AWURADE ne ne din.
16 Yes 49.2 Na mede me nsɛm mahyɛ w’anomu,
na mede me nsa ase nwunu makata wo so,
na matrɛ ɔsoro mu
na mato asase fapem,
na maka makyerɛ Sion sɛ: Me man ne wo.
Sion denhyɛ17 Dwom 60.3; 75.8; Yer 25.15-18 Nyane ɛ, nyane ɛ!
Sɔre ɛ, O Yerusalem,
wo a woanom AWURADE nsam
n’abufuo kuruwa no;
ntintantɔ kuruwa no
na woanom ahwe mu.
18Wannya ne mma a ɔwoo wɔn nyinaa mu
biara ankɔgya no,
na wannya ne mma a ɔyɛnee wɔn nyinaa mu
biara amma no ansɔ ne nsa.
19 Yes 47.9 Nnoɔma mmienu yi na ɛtoo woɔ,
hwan na ɔbɛgyam woɔ?
Ɔsɛeɛ ne bubuo ne ɛkɔm ne afena;
mɛkyekyere wo werɛ sɛn?
20 Kwa 2.11, 19 Wo mma totɔɔ piti
boaboaa hɔ mmorɔno nyinaa ntweaso
sɛ ɔforoteɛ a ɔda fidie mu,
na AWURADE abufuhyeɛ,
wo Nyankopɔn animka, ayɛ wɔn amaama.
21Enti tie yei ɛ, mmɔborɔni,
wo a woaborɔ, nanso ɛnyɛ nsa.
22 Yes 51.17 Sɛ wo Wura, AWURADE
ne wo Nyankopɔn a ɔdi ma ne man no seɛ nie:
Hwɛ, megye wo nsam
ntintantɔ kuruwa no,
m’abufuhyeɛ kuruwa no,
worenkɔ so nnom bio.
23 Dwom 129.3 Na mede mahyɛ w’ahafoɔ no nsa,
wɔn a wɔka kyerɛɛ wo sɛ:
Koto, na yɛmfa wo so;
na wode w’akyiri too hɔ sɛ fam
anaasɛ kwan maa wɔn sɛ wɔmfa so.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.