1Na yei nyinaa na mede mehyɛɛ m’akomam, na mepeepee yei nyinaa mu, sɛ ateneneefoɔ ne anyansafoɔ ne wɔn nnwuma wɔ Nyankopɔn nsam, ɔdɔ oo, ɔtane oo, onipa nnim, nnoɔma nyinaa yɛ wɔn pɛ.
2Ɔsɛ 2.14; Hiob 9.22 Adeɛ nyinaa ba ateasefoɔ nyinaa so pɛ, nkrabea korɔ na ɛda hɔ ma ɔteneneeni ne ɔbɔnefoɔ, deɛ ne ho te ne deɛ ne ho nteɛ, deɛ ɔbɔ afɔdeɛ ne deɛ ɔmmɔ afɔdeɛ. Onipa pa te sɛ ɔdebɔneyɛni, deɛ ɔka ntam te sɛ deɛ ɔsuro ntanka.
3Ɔsɛ 8.11 Yei yɛ bɔne deɛ wɔyɛ no owia yi aseɛ no nyinaa mu, sɛ nkrabea korɔ da hɔ ma nnipa nyinaa; enti nso na bɔne ayɛ adasamma akomam ma, na adammɔ wɔ wɔn akoma mu ara wɔn asetena mu, na ɛno akyiri no, wɔkɔ awufoɔ nkyɛn.
4Na hwan na wɔyi no wɔ mu? Ateasefoɔ nyinaa nkyɛn na anidasoɔ wɔ. Na ɔkraman a ɔte aseɛ yɛ sene gyata a wawuo.
5Na ateasefoɔ nim sɛ wɔbɛwuwu, na awufoɔ deɛ, wɔnnim biribiara, na wɔnni akatua biara bio, na werɛ afiri wɔn nkaeɛ.
6Wɔn dɔ oo, wɔn tane oo, wɔn ninkuntwe oo, ayera dadadada, na wɔnni deɛ wɔyɛ no owia yi aseɛ nyinaa mu kyɛfa biara bio da.
7 Ɔsɛ 5.18 Kɔ na fa anigyeɛ kɔdi w’aduane, na fa akoma pa nom wo nsa, na Nyankopɔn ani asɔ wo nneyɛɛ dada.
8Hyɛ afahyɛ atadeɛ berɛ nyinaa mu; na mma ngo mmpa wo tiri so.
9 Mmb 5.18 Ɛne wo yere a wodɔ no ntena ase nni wo nkwa huhuo nna a ɔde ama wo owia yi aseɛ no nyinaa, w’ahuhudeɛ nna nyinaa, na ɛne wo kyɛfa nkwa yi mu ne wo brɛ a worebrɛ owia yi aseɛ no mu.
10Biribiara a wo nsa bɛka sɛ wobɛyɛ no, fa w’ahoɔden yɛ, na adwuma ne adwene ne nimdeɛ ne nyansa nni Asamando a worekorɔ no.
Nyansa ho mfasoɔ ne ne hunuyɛ11 Yer 10.23 Mesane mehunuu owia yi ase sɛ ɛnyɛ ahoɔharefoɔ deɛ ne ammirikatuo, na ɛnyɛ nnɔmmarima deɛ ne ɔko, na ɛnyɛ anyansafoɔ deɛ ne aduane, na ɛnyɛ nhunumufoɔ deɛ ne ahonya, na ɛnyɛ animdefoɔ deɛ ne animuonyam, na ɛberɛ ne asiane to wɔn nyinaa.
12Nso onipa nnim ne berɛ; sɛ mpataa a wɔyi wɔn asau bɔne mu ne nnomaa a wɔyi wɔn fidie mu no, saa ara na wɔyi nnipa mma berɛ bɔne a ɛto wɔn mpofirim no mu.
13Nso saa nyansa yi na mehunuu no owia yi aseɛ, na ɛso wɔ m’ani so:
14Kuro ketewa bi wɔ hɔ, na mmarima kakraa bi na ɛwɔ mu, na ɔhenkɛseɛ bi baa ho bɛtwaa ho hyiae, na ɔtotoo ɛho abantenten akɛseɛ,
15na wɔhunuu emu barima hiani nyansafoɔ bi, na ɔde ne nyansa no gyee kuro no; nso obiara ankae onipa hiani no.
16Ɛnna mese: Nyansa yɛ sene mmaninyɛ, nanso wɔbu ohiani nyansa animtia, na ne nsɛm no, wɔntie.
17Anyansafoɔ nsɛm a wɔte no komm yɛ sene nkwaseafoɔ mu tumfoɔ nteamu.
18Nyansa yɛ sene akodeɛ, na ɔdebɔneyɛni baako sɛe papa bebree.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.