Hiob 41 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

1 Yes 27.1 Wobɛtumi atwe dɛnkyɛmmirampɔn darewa ano,

na wode homa akyekyere ne tɛkyerɛma anaa?

2Wode kaa bɛhyɛ ne hwenem,

na wode nkɔtɔkorɔ ahwire n’afono mu?

3Ɔbɛkoto asrɛ wo pii,

anaa ɔbɛyɛ n’ano brɛbrɛ akyerɛ wo?

4Ɔne wo bɛpam apam

sɛ fa no yɛ akoa daa?

5Wo ne no bɛgoro sɛ anomaa,

na woasa no ahoma ama wo mmabaa anaa?

6Apofofoɔ asafo bɛsi no koso,

na wɔakyɛ ne mu adwadifoɔ mu?

7Wode mpea bɛhyɛ ne wedeɛ mu ma,

na wode mpataa mpɛmɛ awowɔ ne tirim?

8Fa wo nsa ka no hwɛ,

na deɛ wobɛhunu no, woremmɛn no bio!

9Hwɛ onipa anidasoɔ yɛ ohunu.

Ɛnyɛ ne hwɛ mpo na ɛma obi hwe aseɛ?

10Obi rensi ne bo sɛ ɔbɛhwanyan no,

na hwan ne deɛ ɔbɛtumi agyina n’anim?

11Hwan na wadi kan ama me biribie, na menhyɛ no ananmu?

Deɛ ɛwɔ ɔsoro nyinaa aseɛ, me na ɛwɔ me.

12Merennyae ne honam adeɛ,

ne ne mmaninyɛ ne n’aboaban fɛ a ɛyɛ no ho asɛnka.

13Hwan na ɔbɛyi ne ho abon?

Ne se kyerɛpɛn mmienu no, hwan na ɔbɛkɔ anim?

14N’anim apono nso, hwan na ɔbɛhini?

Ne se ho yɛ hu.

15N’akyɛm akyerɛpɛn yɛ fɛ,

wɔatotom sɛ adeɛ a wɔasɔ ano.

16Ɛpempam so pɛpɛɛpɛ

a mframa nnya mu kwan;

17ɛfemfam ho,

ɛdi nsosɔmu na emu nni ateyɛ.

18Ne nwansi ma hann hyerɛn,

na n’ani te sɛ adekyeeɛ anisuatɛtɛ.

19Agyatɛnee firi n’anomu,

ogya nturituriiɛ fifiri mu.

20Wisie firi ne hwene mu tokuro mu,

sɛ ɛsɛn a emu rehuro ne nkyɛkyerɛ a ɛrehyeɛ mu.

21N’ahome sɔ nsramma,

na ogyaframa firi n’anomu.

22Ne kɔn mu na ahoɔden wɔ,

na akomatuo sa wɔ n’anim.

23Ne honam a ɛsensɛne hɔ femfam ho pintinn,

wɔguu no ne ho, na ɛntwe.

24N’akoma yɛ den sɛ ɔboɔ,

ɛyɛ den sɛ oyuyammoɔ.

25Sɛ ɔma ne ho so a, atumfoɔ ho popo,

na ehu ma wɔn ani so yɛ wɔn krakra.

26Wɔde nkrantɛ ka no a, ɛnka,

pea ne pɛmɛ a wɔtoɔ ne dadeɛ akodeɛ mpo;

27ɔbu dadeɛ sɛ ntɛtɛ,

ne kɔbere mfrafraeɛ sɛ duawuiɛ;

28agyan nka no ngu,

ntɔmmoɔ mu aboɔ yɛ no sɛ nkyɛnkyɛmma;

29ɔbu aporibaa sɛ nkyɛnkyɛmma,

na ɔsere pea a wɔtoɔ huuyɛ.

30N’ase yɛ abono hwetahweta,

ɔbua atɛkyɛ so sɛ poreɛ adeɛ.

31Ɔma ebunu mu huru sɛ ɛsɛn mu,

ɔyɛ po sɛ sradeɛ;

32Ɔma ɔkwan hyerɛn di n’akyi,

ma wɔbu ebunu a ɛhuro no sɛ ɛdwono.

33Ne nsɛsoɔ nni asase so;

wɔyɛɛ no sɛ n’akoma nntu;

34ɔhwɛ adeɛ a ɛkorɔn nyinaa;

ɔne ahokyerɛ mma nyinaa hene.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help