Atemmufoɔ 14 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Samson awadeɛ ne n’aborɔme no

1Na Samson siane kɔɔ Timna, na ɔkɔhunuu ɔbaa bi wɔ Timna a ɔyɛ Filistifoɔ mmammaa no bi.

2Na ɔforo ba bɛka kyerɛɛ n’agya ne ne na sɛ: Makɔhunu ɔbaa bi wɔ Timna, Filistifoɔ mma mu, na monkɔfa no mmrɛ me nware.

3Eks 34.16 Na n’agya ne ne na ka kyerɛɛ no sɛ: Wo nuanom mma mmaa ne me man nyinaa mu nni ɔbaa bi, na worekɔ akɔware ɔbaa Filistifoɔ momonotofoɔ no mu? Na Samson ka kyerɛɛ n’agya sɛ: Ɔno na kɔfa no brɛ me, na ɔno na ɔsɔ m’ani.

4Na n’agya ne ne na nnim sɛ yei firi AWURADE, na ɔrepɛ Filistifoɔ ho kwan; ɛfiri sɛ saa berɛ no na Filistifoɔ di Israel so.

5Na Samson ne n’agya ne ne na sii mu kɔɔ Timna. Na wɔduruu Timna bobe nturo ho, na hwɛ, gyataburuwa bi boboom hyiaa no.

6Ate 13.25 Na AWURADE honhom sii ne so, na ɔtetee ne mu, sɛdeɛ wɔtete abirekyie ba mu, nanso na hwee nkuta ne nsam. Na wanka deɛ ɔyɛeɛ no ankyerɛ n’agya ne ne na.

7Na ɔsii mu kɔ kɔnee ɔbaa no kasae, na ɔsɔɔ Samson ani.

8Na nna bi akyiri no, ɔsane kɔɔ sɛ ɔrekɔhyia no, na ɔmane kɔhwɛɛ gyata funu no, na hwɛ nwowa manyamanya ne ɛwoɔ adɔre gyata no yam.

9Na ɔfaa bi kura kɔe, na ɔrekorɔ na ɔredi, na ɔkɔduruu n’agya ne ne na nkyɛn, na ɔmaa wɔn bi dii; nanso wanka ankyerɛ wɔn sɛ gyata no yam na ɔyii ɛwoɔ no.

10Na n’agya sii mu kɔɔ ɔbaa no nkyɛn, na Samson too pono wɔ hɔ, ɛfiri sɛ saa na na mmeranteɛ taa yɛ.

11Na wɔhunuu no no, wɔde nnamfonom aduasa bɛkaa ne ho.

12Na Samson ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Merebɛto mo aborɔme bi. Sɛ motumi kyerɛ me aseɛ nnanson apontoɔ yi mu na mohunu a, ɛnneɛ mɛma mo nkamisaa aduasa ne ntadeɛ nsakyeraho aduasa;

13na sɛ moantumi ankyerɛ me a, mo nso momma me nkamisaa aduasa ne ntadeɛ nsakyeraho aduasa. Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: To w’aborɔme no na yɛntie.

14Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ:

Odidifoɔ mu na aduane firi baeɛ,

na ɔhoɔdenfoɔ mu na nnɔkɔnnɔkɔwadeɛ firi baeɛ.

Na wɔantumi ankyerɛ aborɔme no ase nnansa.

15Na ɛbaa sɛ da a ɛtɔ so nson no, wɔka kyerɛɛ Samson yere no sɛ: Daadaa wo kunu na ɔnkyerɛ yɛn aborɔme no ase, na yɛamfa ogya anhye wo ne w’agya fie! Yɛn hia mu nti na mobɛhyiaa yɛn? Ɛnte saa anaa?

16Na Samson yere no su guu ne so kaa sɛ: Tane nko na wotane me na wonnɔ me. Woato me nkurɔfoɔ aborɔme, nso wonkyerɛɛ me aseɛ. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, m’agya ne me na mpo menkyerɛɛ wɔn, na wo na menkyerɛ woɔ anaa?

17Ate 16.16-17 Na ɔsu guu ne so nnanson no a apontoɔ no gu soɔ no nyinaa. Na da a ɛtɔ so nson no ɔka kyerɛɛ no, ɛfiri sɛ na ɔha no. Na ɔkɔka kyerɛɛ ne nkurɔfoɔ no.

18Na kuro no mu mmarima ka kyerɛɛ no da a ɛtɔ so nson no ansa na owia retɔ sɛ: Ɛdeɛn na ɛyɛ dɔkɔdɔkɔ sene ɛwoɔ, na ɛdeɛn na ne ho yɛ den sene gyata? Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ:

Moamfa me nantwie amfuntum a,

anka moanhunu m’aborɔme no ase.

19Na AWURADE honhom sii ne so, na ɔsii mu kɔɔ Askelon kɔkunkumm wɔn mu mmarima aduasa, na ɔfaa wɔn ho adeɛ, na ɔde ntadeɛ nsakyeraho no memaa wɔn a wɔkyerɛɛ aborɔme no aseɛ no. Na ne bo fui. Na ɔsane kɔɔ n’agya fie.

20Ate 15.2 Na wɔde Samson yere no maa ne yɔnko a ɔfaa no adamfo no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help