Yosua NHYƐNMU - New Revised Asante Twi Bible(ASW)
NHYƐNMUYosua nwoma no mu nsɛm fa di a Yosua dii Israelfoɔ anim kɔtoaa Kanaanfoɔ ne wɔn koeɛ. Yosua yi na ɔdii Mose adeɛ. Nsɛm titire a wɔka ho asɛm bi ne twa a wɔtwaa Asubɔnten Yordan, Yeriko sɛeɛ, Ai ko no ne Onyankopɔn apam a ɔne ne nkurɔfoɔ yɛeɛ no ntimu. Asɛm a wɔnim no yie koraa wɔ saa nwoma yi mu ne, “Ɛnneɛ, ɛnnɛ monyi deɛ mobɛsom no mfa, sɛ anyame a mo agyanom someeɛ a wɔwɔ asuogya no oo, sɛ Amorifoɔ a mote wɔn asase so yi anyame oo, na me ne me fie deɛ, yɛbɛsom AWURADE” 24.15.EMU NSƐMWɔdi Kanaanfoɔ so nkonim 1.1—12.24Asase no kyɛ 13.1—21.451. Yordan apueeɛ fam asase 13.1-332. Yordan atɔeɛ fam asase 14.1—19.513. Dwanekɔbea nkuro no 20.1-94. Lewifoɔ nkuro no 21.1-45Apueeɛ fam mmusuakuo no sane kɔ wɔn asase so 22.1-34Yosua nkradie nsɛm 23.1-16Wɔhyɛ apam no mu den wɔ Sekem 42.1-33