1Na Yeremia kaa AWURADE wɔn Nyankopɔn nsɛm a AWURADE wɔn Nyankopɔn de somaa no wɔn nkyɛn no nyinaa kyerɛɛ ɔman no nyinaa wieeɛ no,
2Hosaia ba Asaria ne Karea ba Yohanan ne mmarima ahokyerɛfoɔ no nyinaa ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: Atorosɛm na woreka yi, AWURADE yɛn Nyankopɔn nsomaa wo sɛ ka sɛ: Monnkɔ Misraim nnkɔyɛ hɔ ahɔhoɔ!
3Na Neria ba Baruk na ɔpiapia wo tia yɛn, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na ɔde yɛn ahyɛ Kaldeafoɔ nsa, na wɔakum yɛn, na wɔatu yɛn akɔ Babel.
4Na Karea ba Yohanan ne dɔm asafohene no nyinaa ne ɔman no nyinaa antie AWURADE, antena Yuda asase so.
5Na Karea ba Yohanan ne dɔm asafohene no nyinaa faa Yuda nkaeɛ a wɔsane firii amanaman nyinaa a wɔpansamm wɔn kɔɔ hɔ no nyinaa baa sɛ wɔrebɛsoɛ Yudafoɔ asase soɔ,
6mmarima ne mmaa ne mmɔfra ne ɔhene mmammaa ne nnipa a Ankɔbeahene Nebusaradan gyaa wɔn Safan ba Ahikam ba Gedalia nkyɛn no nyinaa ne Odiyifoɔ Yeremia ne Neria ba Baruk,
72 Ah 25.26 na wɔde wɔn kɔɔ Misraim asase so, ɛfiri sɛ wɔantie AWURADE; na wɔbaa Tapanes.
Yeremia hyɛ nkɔm sɛ Nebukadnessar bɛhyɛne Misraim8Ɛnna AWURADE asɛm baa Yeremia nkyɛn, Tapanes sɛ:
9Tase aboɔ akɛseɛ, na fa hyehyɛ dɔteɛ mu, ntaayaa fononoo a ɛwɔ Farao fie pono ano no mu, Tapanes Yudafoɔ mmarima no anim,
10Yer 25.9 na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Hwɛ, meresoma ama wɔakɔfa m’akoa, Babelhene Nebukadnessar, na mede n’adwa mabɛsi aboɔ yi a mede makora yi so, na watrɛ n’akatamansoɔ mu wɔ hɔ.
11Yer 15.2 Na ɔbɛba abɛbɔ Misraim asase, deɛ ɔsɛ wuo no bɛwu, na deɛ ɔsɛ dommumfa no, wɔbɛfa no dommum, na deɛ ɔsɛ afena no, afena bɛka no.
12Yer 46.25 Na mɛto Misraim anyame afie mu gya, na wahye wɔn asoa wɔn nnommum, na wafira Misraim asase, sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ fira ne ntoma, na wafiri hɔ asomdwoeɛ mu akɔ.
13Na ɔbɛbubu Bet-semes adum a ɛwɔ Misraim asase soɔ no, na ɔde ogya ahye Misraim anyame afie no.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
