1 Dwom 107.1 Monna AWURADE ase, na ɔyɛ,
na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.
2 Dwom 115.9-13 Ma Israel nka ɛ:
Aane, n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.
3Ma Aaron fiefoɔ nka ɛ:
Aane, n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.
4Ma wɔn a wɔsuro AWURADE nka ɛ:
Aane, n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.
5Mefiri ahohia mu mefrɛɛ AWURADE,
na AWURADE gyee me so, deɛ ɛhɔ trɛ.
6 Dwom 56.4; Heb 13.6 AWURADE wɔ m’afa, mensuro,
ɛdeɛn na onipa bɛtumi ayɛ me?
7 Dwom 54.7 AWURADE wɔ m’afa sɛ me boafoɔ,
na me nso mɛhunu deɛ mepɛ m’atamfoɔ soɔ.
8Ɛyɛ sɛ wɔtwere AWURADE
sene sɛ wɔde wɔn ho bɛto nnipa soɔ.
9 Dwom 146.3 Ɛyɛ sɛ wɔtwere AWURADE
sene sɛ wɔde wɔn ho bɛto ahemfo soɔ.
10Amanaman nyinaa atwa me ho ahyia,
AWURADE din mu ara na mɛtwitwa wɔn maguo.
11Wɔatwa me ho ahyia awie koraa mpo,
nanso AWURADE din mu ara na mɛtwitwa wɔn maguo.
12 Yes 33.12 Wɔatwa me ho ahyia sɛ nwowa,
wɔbɛdum sɛ nkasɛɛ mu gya,
AWURADE din mu ara na mɛtwitwa wɔn maguo.
13Wɔwɔɔ me nkonsia sɛ anka menhwe ase,
nanso AWURADE aboa me.
14 Eks 15.2 M’ahoɔden ne m’ayeyie dwom ne AWURADE,
na wayɛ me nkwagyeɛ.
15Osebɔ ne nim gyegye ateneneefoɔ ntomadan mu,
AWURADE nifa di mmaninsɛm.
16Wɔama AWURADE nifa so,
AWURADE nifa di mmaninsɛm.
17Merenwu, na mmom mɛnya nkwa,
na maka AWURADE nneyɛɛ makyerɛ.
18 2 Ko 6.9 Aso na AWURADE atwe me,
na owuo deɛ, wamfa me amma no.
19Monhini tenenee aponkɛseɛ mma me,
na menhyɛne mu
menna AWURADE ase.
20AWURADE ponkɛseɛ nie,
ateneneefoɔ bɛhyɛne mu.
21 Dwom 119.71 Meda wo ase sɛ woagye me soɔ,
na woayɛ me nkwagyeɛ.
22 Yes 28.16; Mat 21.42 Ɔboɔ a abantofoɔ apa no
abɛyɛ tweaso boɔ titire.
23AWURADE na ɔmaa yei yɛeɛ,
ɛyɛ nwanwa yɛn ani so.
24Yei ne da a AWURADE ayɛ,
momma yɛnni ahurisie,
na yɛn ani nnye wɔ mu.
25O AWURADE, gye nkwa ɛ,
O AWURADE, ma no nsi yie!
26 Mat 21.9; 23.39 Nhyira ne deɛ ɔnam AWURADE din mu reba no,
yɛfiri AWURADE fie rehyira mo.
27AWURADE ne Onyankopɔn,
wama hann ahyerɛn ama yɛn.
Momfa dua mman ntwa afahyɛ asefoɔ no ho nhyia
nkɔduru afɔrebukyia no mmɛn ho.
28Me Nyankopɔn ne wo, na mɛda wo ase,
me Nyankopɔn ne wo, mɛma wo so.
29Monna AWURADE ase, na ɔyɛ,
na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.