Romafoɔ 13 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Yɛne ɔman ntam asɛm

1 Tito 3.1; Yoh 19.11; Mmb 8.15 Momma nnipa nyinaa mmrɛbrɛ wɔn ho ase nhyɛ ɔman mu mpanimfoɔ tumi no ase. Na tumi biara nni hɔ gye deɛ ɛfiri Onyankopɔn; nanso tumi a ɛwowɔ hɔ no, Onyankopɔn na wahyɛ ato hɔ.

2Enti obiara a ɔne tumi no di asie no, ɔne deɛ Onyankopɔn ahyɛ ato hɔ di asie; na wɔn a wɔdi asie no bɛnya afobuo.

31 Pe 2.13-14 Na wɔn a wɔdi mpanin no ho nyɛ hu mma wɔn a wɔyɛ nnwuma pa, na mmom wɔn a wɔyɛ bɔne. Wompɛ sɛ wosuro tumi no anaa? Ɛnneɛ yɛ papa, na woanya wɔn hɔ ayeyie!

4Dwom 82.6 Ɛfiri sɛ wɔyɛ Nyankopɔn asomfoɔ ma wo yieyɛ. Na sɛ woyɛ bɔne a, suro, na wɔnkura afena no kwa; na wɔyɛ Nyankopɔn asomfoɔ a wɔtɔ were de abufuo ba deɛ ɔyɛ bɔne no soɔ.

5Enti ɛtwa sɛ mobrɛ mo ho ase hyɛ wɔn ase, ɛnyɛ abufuo no nko nti, na mmom ahonim nso ntira.

6Yei nti nso na moyi toɔ, ɛfiri sɛ wɔyɛ Nyankopɔn asomfo a wɔkura saa ɔsom yi mu ara.

7Mat 22.21 Montua obiara deɛ ɛsɛ no! Monyi ɛtoɔ ahodoɔ nyinaa mma deɛ ɛtoɔ sɛ no, monsuro deɛ suro sɛ no, monni deɛ anidie sɛ no ni.

Nokorɛ dɔ

8 Gal 5.14; 1 Ti 1.5 Monnne obiara ka gye sɛ ɔdɔ a mode dodɔ mo ho; na deɛ ɔdɔ ne yɔnko no awie mmara no so di.

9Eks 20.13-17; Lew 19.18 Na mmara no: Nsɛe awadeɛ, nni awu, mmɔ korɔno, mma w’ani mmmere adeɛ! no, sɛ mmara asɛm biara ka ho a, wɔaka abɔ mu ahyɛ asɛm yi mu sɛ: Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!

10Mat 22.40 Ɔdɔ nyɛ ɔyɔnko bɔne, enti ɔdɔ ne mmara nyinaa so die.

Kristo da no abɛn

11 Efe 5.14; 1 Te 5.6-7 Na yei deɛ monim, monim ɛberɛ no, sɛ dɔn a mofiri nna mu sɔreɛ no anya adu, na afei yɛn nkwagyeɛ abɛn akyɛne berɛ a yɛdanee gyidifoɔ no.

121 Yoh 2.8; Efe 5.11 Anadwo akɔ n’anim, adekyeeɛ abɛn; enti momma yɛnyi sum mu nnwuma ngu, na yɛnhyɛ hann akodeɛ.

13Luka 21.34; Efe 5.18 Momma yɛnnante fɛfɛɛfɛ, sɛdeɛ ɛfata hann, ɛnyɛ agobɔne ne nsaborɔ mu, ɛnyɛ adwamammɔ ne ahohwie mu, ɛnyɛ ɔko ne nitan mu;

14Gal 3.27 na mmom monhyɛ Awurade Yesu Kristo sɛ atadeɛ, na mommma kwan mma ɔhonam akɔnnɔ nni mo so!

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help