Nnwom mu dwom 7 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Nkɔmmɔbɔ

1Sɛdeɛ wo mpaboa mu anammɔntutuo si yɛ fɛ,

O ɔdehyeɛ babaa,

w’asene ne w’ataaso te sɛ adwinneɛ

a odwumfoɔ nsa ayɛ.

2Wo funuma te sɛ koraa kurukuruwa

a mfrasa mmɔ no da,

wo yafunu te sɛ ayukuo bi

a wɔde sukooko atwa ho ahyia.

3Wo nufoɔ mmienu

te sɛ atweburuwa nta;

4 Nmd 4.4 wo kɔn te sɛ asonse abantenten;

w’aniwa te sɛ Hesbon ntadeɛ

a ɛwɔ Bat-Rabim pono ho no;

wo hwene te sɛ Lebanon abantenten

a ɛhwɛ Damasko fam no;

5wo tiri si wo so sɛ Karmel,

wo mpɛsɛmpɛsɛ te sɛ ntoma a ɛberedum,

wɔakyere ɔhene ne mmɛsa mu

6 Nmd 1.15; 2.14 Sɛdeɛ wo ho si yɛ fɛ fa, na sɛdeɛ wosi sɔ ani fa,

O ɔdɔfoɔ, anigyedeɛ ahodoɔ no mu.

7Wo nnyinasoɔ te sɛ bɛtene,

wo nufoɔ te sɛ obobe sia.

8Mese, mɛforo bɛtene

na masɔ ne mpapa mu,

O ma wo nufoɔ nyɛ sɛ obobe sia,

na wo hwenem hwa nyɛ sɛ aprɛ,

9na wo mfeano te sɛ bobesa pa!

a ɛfa menemu mu bɔkɔɔ,

a ɛnam anofafa ne ɛse so nam kɔ mu yɔɔ.

10 Nmd 2.16 Me deɛ, meyɛ me dɔfoɔ deɛ,

na me na n’ani gyina me.

11 Nmd 2.10-13 Bra, me dɔfoɔ,

na yɛnkɔ petee mu,

ma yɛnsoɛ nkuraa ase.

12 Nmd 6.11 Ma yɛntua nhema nkɔ bobe nturo mu

nkɔhwɛ sɛ obobe afefɛ,

na ne nhwiren apaepae,

sɛ atoaa agu nhyerɛne anaa?

Ɛhɔ na mɛyi me dɔ mama woɔ.

13Dudaim no yiyi ne hwam,

na aba a ɛwɔ boɔ nyinaa wɔ yɛn pono ano,

aba foforɔ ne adada,

O me dɔfoɔ, mede asie ama wo.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help