1 Samuel 31 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Saulo ne ne mmammarima wuo(1 Berɛsosɛm 10.1-12)

1 1 Be 10.1-12 Na Filistifoɔ ne Israel koeɛ; na Israel mmarima dwanee Filistifoɔ anim, na wɔtotɔe Gilboa bepɔ so.

2Na Filistifoɔ tu saa Saulo ne ne mma, na Filistifoɔ no kumm Saulo mma Yonatan ne Abinadab ne Malkisua.

3Na ɔko no denee Saulo, na agyantofoɔ, mmarima a wɔkura tadua no hunuu no, na wɔtoo no piraa no.

4Ate 9.54 Na Saulo ka kyerɛɛ n’akodeɛkurani sɛ: Twe wo nkrantɛ fa wɔ me, na momonotofoɔ yi amma ammɛwɔ me na wɔammɛgoro me atɔprɛ. Na n’akodeɛkurani no ampene, ɛfiri sɛ na ɔsuro pii. Ɛnna Saulo faa nkrantɛ na ɔhwee soɔ.

5Na n’akodeɛkurani no hunuu sɛ Saulo awuo no, ɔno nso hwee ne nkrantɛ so saa ara, na ɔne no wui.

6Saa ara na Saulo ne ne mma baasa ne n’akodeɛkurani ne ne mmarima nyinaa nso wuwuu prɛko da no ara.

7Na Israel mmarima a wɔwɔ bonhwa no agya ne wɔn a wɔwɔ Yordan agya hunuu sɛ Israel mmarima adwane na Saulo ne ne mma atotɔ no, wɔgyaa nkuro no hɔ dwanedwanee, na Filistifoɔ no ba bɛtenaa mu.

8Na adeɛ kyeeɛ a Filistifoɔ ba bɛyiyii atɔfoɔ ho adeɛ no, wɔhunuu Saulo ne ne mma baasa no sɛ wɔatotɔ wɔ Gilboa bepɔ soɔ.

9Na wɔtwaa ne ti, na wɔyii ne ho akodeɛ, na wɔsoma maa wɔde kyinii Filistifoɔ asase so hyiae, sɛ wɔnkɔbɔ kaseɛ wɔ wɔn abosomfie ne ɔman no mu.

10Na wɔde n’akodeɛ no kɔsiee Astarot dan mu, na ne funu no, wɔde sɛnee Bet-san fasuo ho.

111 Sa 11.1-11 Na Yabes-gileadfoɔ tee deɛ Filistifoɔ ayɛ Saulo no,

12akofoɔ nyinaa sɔree nam anadwo nyinaa kɔfaa Saulo funu ne ne mma afunu no firii Bet-san fasuo no ho de baa Yabes, na wɔhyee no wɔ hɔ.

132 Sa 1.12 Na wɔfaa wɔn nnompe kɔkoraa no santɛ dua no ase wɔ Yabes, na wɔdii mmuada nnanson.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help