Nnwom 125 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Israel dwanekɔbeaƆsoroforɔ dwom.

1Wɔn a wɔde wɔn ho to AWURADE soɔ no

te sɛ Sion bepɔ,

ɛnhinhim, na ɛsi hɔ daa.

2 Dwom 36.6 Sɛdeɛ Yerusalem, mmepɔ atwa ho ahyia no,

saa ara na AWURADE atwa ne man ho ahyia

firi seesei de kɔsi daa.

3Na bɔne ahempoma rentena

ateneneefoɔ kyɛfa so,

na ateneneefoɔ antene

wɔn nsa ansɔ amumuyɛ mu.

4AWURADE, yɛ wɔn a wɔyɛ no yie,

ne wɔn a wɔtene wɔ wɔn akoma mu.

5 Gal 6.16 Na wɔn a wɔmane kɔ wɔn akwan nkontonkyi soɔ deɛ,

AWURADE de wɔn bɛfra amumuyɛfoɔ akɔ.

Asomdwoeɛ mmra Israel so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help