1Na ɛbaa sɛ, AWURADE rebɛfa Elia ahum mu akɔ ɔsoro no, na Elia ne Elisa firi Gilgal rekɔ.
2Na Elia ka kyerɛɛ Elisa sɛ: Mesrɛ wo tena ha ɛ, na AWURADE asoma me Betel. Na Elisa kaa sɛ: Sɛ AWURADE te aseɛ na wo kra te aseɛ yi, merennya wo hɔ. Na wɔsii mu kɔɔ Betel.
3Na adiyifoɔ mma a wɔwɔ Betel no firii adi baa Elisa nkyɛn bɛbisaa no sɛ: Wonim sɛ ɛnnɛ AWURADE rebɛfa wo wura afiri wo nkyɛn akɔ? Na ɔse: Aane, me nso menim; monyɛ komm!
4Na Elia ka kyerɛɛ no sɛ: Elisa, tena ha ɛ, na AWURADE asoma me Yeriko. Na ɔse: Sɛ AWURADE te aseɛ na wo kra te aseɛ yi, merennya wo hɔ. Na wɔkɔɔ Yeriko.
5Na adiyifoɔ mma a wɔwɔ Yeriko no twe baa Elisa nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Wonim sɛ ɛnnɛ AWURADE bɛfa wo wura afiri wo nkyɛn? Na ɔse: Aane, me nso menim; monyɛ komm!
6Na Elia ka kyerɛɛ no sɛ: Tena ha ɛ, AWURADE asoma me Yordan ano. Na ɔse: Sɛ AWURADE te aseɛ na wo kra te aseɛ yi, merennya wo hɔ. Na wɔn baanu no kɔe.
7Na adiyifoɔ mma no mu aduonum kɔ kɔgyinagyinaa wɔn ntentensoɔ akyirikyiri, na wɔn baanu no gyinaa Yordan ano.
8Eks 14.21-22; Yoh 3.16 Na Elia faa ne ngusoɔ bobɔ de bɔɔ nsuo no mu, na ɛpae kɔɔ ha ne ha, na wɔn baanu no nam asase pɛsɛɛ so twae.
9 Deut 21.17 Na ɛbaa sɛ wɔtwaeɛ no, Elia ka kyerɛɛ Elisa sɛ: Bisa deɛ menyɛ mma woɔ ansa na wɔafa me afiri wo nkyɛn akɔ. Na Elisa kaa sɛ: Ma wo honhom abupɛn mmienu mmra me so.
10Na ɔkaa sɛ: Woabisa adeɛ a ɛyɛ den; sɛ wohu me sɛ wɔrefa me afiri wo nkyɛn a, ɛbɛyɛ saa ama wo; na sɛ anyɛ saa a, ɛrenyɛ.
11Gye 5.24 Na ɛbaa sɛ, wɔnam rekorɔ na wɔrekasa no, hwɛ, ogya teaseɛnam ne ogya apɔnkɔ ba bɛpaee wɔn baanu no ntam, na Elia faa ahum mu foro kɔɔ ɔsoro.
122 Ah 13.14 Na Elisa hwɛe na ɔteaa mu sɛ: M’agya, m’agya! Israel teaseɛnam ne n’apɔnkɔsotefoɔ na ɔrekorɔ no! Na wanhu no bio.
Na ɔsɔɔ n’atadeɛ mu suanee mu mmienu.
132 Ah 2.8 Na ɔmaa Elia ngusoɔ a ɛfiri ne ho guiɛ no so, na ɔsane bɛgyinaa Yordan ano.
14Na ɔde Elia ngusoɔ a ɛfiri ne ho guiɛ no bɔɔ nsuo no mu kaa sɛ: Ɛhe na AWURADE, Elia Nyankopɔn no ara wɔ? Na ɔbɔɔ nsuo no mu, na ɛpae kɔɔ ha ne ha, na Elisa twae.
15 2 Ah 2.5, 7; Luka 1.17 Na adiyifoɔ mma a wɔwɔ Yeriko a wɔwɔ ntentensoɔ no hunuu no, na wɔkaa sɛ: Elia honhom abɛsi Elisa so. Na wɔba bɛhyiaa no, na wɔkotoo no butuu fam.
16Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, mmarima aduonum a wɔn ho yɛ den wɔ wo nkoa mu, ma wɔnkɔ nkɔhwehwɛ wo wura; na ebia sɛsɛɛ AWURADE honhom ama ne so kɔ de no akɔto mmepɔ no bi so, anaa mmonhwa no bi mu. Na ɔse: Monnsoma!
17Na wɔhyɛɛ no ara maa no yɛɛ no ahometeɛ no, ɔkaa sɛ: Monsoma! Na wɔsomaa mmarima aduonum, na wɔkɔhwehwɛ no nnansa, nanso wɔanhu no.
18Na wɔsane baa ne nkyɛn berɛ a ɔretwɛn wɔ Yeriko. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Manka mankyerɛ mo sɛ monnkɔ anaa?
Elisa yɛ nsɛnkyerɛnneɛ19Na kuro no mufoɔ no ka kyerɛɛ Elisa sɛ: Hwɛ, kuro yi dabea yɛ fɛ, sɛdeɛ me wura hunu yi; nanso nsuo no nyɛ, na asase no nso awu.
20Na ɔse: Mommrɛ me ayowa foforɔ, na momfa nkyene ngu mu. Na wɔde brɛɛ no.
21Na ɔfirii adi kɔɔ nsuo aniwa no ho, na ɔkɔhwiee nkyene no guu mu hɔ, na ɔkaa sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Masa nsuo yi yadeɛ, owuo anaa apɔn biara remfiri mu hɔ mma bio.
22Na nsuo no yɛɛ yie de bɛsi nnɛ da yi, sɛdeɛ Elisa kaeɛ no.
23Na ɔfirii hɔ foro kɔɔ Betel; na ɔreforo akɔ ɔkwan no soɔ no, mmɔfra nketewa bi firii kuro no mu ba bɛgoroo ne ho ka kyerɛɛ no sɛ: Atipa, foro bra ɛ, atipa, foro bra ɛ!
24Ɛnna ɔdanee ne ho, na ɔhunuu wɔn no, ɔde AWURADE din domee wɔn. Na asisirebereɛ mmienu firi kwaeɛ no mu ba bɛtetee wɔn mu mmɔfra aduanan mmienu.
252 Ah 4.25 Na ɔfiri hɔ kɔɔ Bepɔ Karmel ho, na ɔfirii hɔ nso sane baa Samaria.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.