Hiob 33 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

1Na afei, Hiob, tie me kasa ɛ,

na yɛ aso ma me nsɛm nyinaa.

2Hwɛ, mabue m’ano,

me tɛkyerɛma rekasa me dodom.

3M’akomam teeyɛ ne me nsɛm,

m’ano ka nimdeɛ kronkron.

4Nyankopɔn honhom na ɛyɛɛ me,

na Otumfoɔ no ahome na ɛmaa me nkwa.

5Sɛ wobɛtumi a, yi ano kyerɛ me;

Siesie wo ho m’anim, sɔre gyina.

6 Hiob 10.9 Hwɛ, me nso meyɛ Nyankopɔn deɛ sɛ wo ara,

anwommoɔ mu na wɔtii me nso firiiɛ.

7Hwɛ, me ho hu rentu w’akoma,

na me nhyɛsoɔ renyɛ wo so duru.

8Ampa, woaka no m’aso mu,

na nsɛm nne na metee sɛ wose:

9 Hiob 16.17; 27.6; 31 Me deɛ, me ho te, mmarato nni me ho;

me ho yɛ tɔtorɔtɔɔ, amumuyɛ biara nni me ho.

10 Hiob 13.24; 19.11 Hwɛ, ɔhunu ntɔkwa nsɛm wɔ me ho,

ɔbu me sɛ ne tamfo.

11 Hiob 13.27 Ɔde me nan hyɛ mpokyerɛ mu,

ɔkari m’akwan nyinaa.

12Hwɛ, yei mu na wontene, merebua wo;

na Onyankopɔn so sene ɔdasani.

13Adɛn nti na wo ne no ham,

sɛ ɔmmua ne nsɛm nyinaa ho?

14Nso Onyankopɔn kasa prɛko

ne deɛ ɛtia mprenu, nanso onipa nnwene ho.

15Daeɛ mu, anadwo adehunu mu,

nnahɔɔ a atɔ nnipa soɔ mu,

mpa so nnaeɛ mu,

16 Hiob 36.10; Dwom 16.7 emu na ɔbue nnipa aso,

na ɔsɔ wɔn atenetene ano,

17 Dwom 119.67, 71 sɛ ɔbɛsane onipa afiri ne nneyɛɛ ho,

na wayi ahantan ahunta onipa,

18na watwe ne kra afiri Amena mu,

ne ne nkwa nso na antɔ afena ano.

19Na wɔde yea twe n’aso ne mpa so

ne ne nnompe mu daa aperedie.

20Na ne nkwa ma aduane fono no,

na ne kra po akɔnnɔduane.

21Ne honam afɔn ama no ayɛ hununa,

na ne nnompe a anka wɔnhunu mpo ada adi.

22Na ne kra bɛn ɔsɛeɛ Amena,

na ne nkwa nso bɛn akumfoɔ.

23 Heb 1.14 Sɛ ɔbɔfoɔ dimafoɔ wɔ hɔ ma no,

apem no mu ɔbaako,

sɛ ɔrekyerɛ onipa deɛ ɛtene ma no a,

24ɛno na ɔhu no mmɔbɔ ka sɛ: Kɔgye no,

na wankɔ ɔsɛeɛ Amena no mu,

na manya agyedeɛ, a,

25 Dwom 103.5 ɛnneɛ ne honam yɛ sɔɔsɔɔ sɛ mmɔfra deɛ,

ɔsane kɔ ne mmeranteberɛ mu.

26Ɔkoto Onyankopɔn a, n’ani sɔ no,

na ɔhunu n’anim anigyeɛ mu,

na ɔdane ɔdasani tenenee ma no,

27na ɔto dwom kyerɛ nnipa sɛ:

Mayɛ bɔne, na makyea deɛ ɛtene no,

nanso ɔne me anni no sɛdeɛ ɛfata me.

28 Hiob 33.18 Wagye me kra na ankɔ ɔsɛeɛ Amena mu,

na me nkwa rehunu hann no.

29Hwɛ, yeinom nyinaa na Onyankopɔn yɛ

mprenu ne mprɛnsa wɔ onipa ho,

30 Dwom 56.13; 103.4 sɛ ɔbɛsane ne kra afiri ɔsɛeɛ Amena ho,

na wanya hann, nkwa hann no mu.

31Yɛ aso, Hiob, na tie me;

yɛ komm, na menkasa.

32Sɛ nsɛm bi wɔ hɔ a, yi ano kyerɛ me,

kasa, na wo bemdie bɛyɛ me fɛ.

33Sɛ ɛnte saa a, ɛnneɛ tie me ara,

yɛ komm, na menkyerɛ wo nyansa.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help