Hiob 9 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Hiob mmuaeɛ. Obi ntumi ne Otumfoɔ nni asie

1Na Hiob gyee so sɛ:

2 Hiob 25.4 Ampa ara, menim sɛ ɛte saa,

na ɔdasani bɛtene wɔ Nyankopɔn anim sɛn?

3 Dwom 19.12 Sɛ ɔpɛ sɛ ɔne no yiyi ano a,

ɔntumi mmua no apem mu baako mpo.

4Akoma mu nyansafoɔ ne tumi mu hoɔdenfoɔ no,

hwan na wasene ne kɔn wɔ ne soɔ na asi no yie?

5Ɔtutu mmepɔ mpatuo mu,

ɔbutu no n’abufuo mu.

6Ɔwoso asase firi n’atenaeɛ,

na ne nnyinasoɔ popo.

7Ɔhyɛ owia, na ɛmpue;

na ɔsosɔ nsoromma ano.

8 Yes 40.22 Ɔno nko na ɔtrɛ ɔsoro mu,

na ɔtiatia po asorɔkyeɛ so;

9 Hiob 38.31; Amos 5.8; Yes 13.10 ɔyɛ Nsorommason, Nwenwenente ne Akokɔbaatan-ne-ne-mma

ne anafoɔ fam mpiakyire.

10 Hiob 5.9 Ɔyɛ ade akɛseɛ a ɛnni nhwehwɛmu

ne anwanwadeɛ a wɔntumi nkan.

11Hwɛ, ɔnam me ho, nso menhu no,

ɔsene, nso menhu no.

12Hwɛ, ɔhwim kɔ, hwan na ɔbɛsane no?

Hwan na ɔbɛbisa no sɛ: Ɛdeɛn na woreyɛ yi?

13 Hiob 26.12 Onyankopɔn rensianka n’abufuo,

Rahab aboafoɔ brɛ wɔn ho ase wɔ n’ase.

14Na nkantom sɛ me na mɛbua no,

anaasɛ mɛhwehwɛ me nsɛm mu, na me ne no ayiyie.

15Ɔno na sɛ metene mpo a, meremmua no,

mɛkoto no sɛ me temmufoɔ.

16Sɛ mefrɛ na ɔgye me so a,

merennye menni sɛ wayɛ aso ama me nne.

17Ɔno a ɔde ahum posa me,

na ɔma m’akuro dɔɔso kwa no,

18ɔmmma mennya ahomegyeɛ,

na ɔde awerɛhoɔ hyɛ me ma tɔ.

19 Hiob 9.33 Sɛ wɔdi no ɔhoɔdenfoɔ tumi so a, anka: Ɔnnie!

Na sɛ atemmuo nso a, anka: Hwan na ɔbɛsane no?

20Sɛ metene mpo a, anka m’ano bɛbu me fɔ,

na medi mu mpo a, ɔbɛma makyea.

21Me deɛ, medi mu deɛ, nanso memmu me ho;

me nkwa afono me.

22 Hiob 8.20; Ɔsɛ 9.2-3 Ne nyinaa yɛ bafua; enti na mese:

Deɛ ɔdi mu ne ɔbɔnefoɔ nyinaa na ɔsɛe wɔn.

23Sɛ atoyerɛnkyɛm kum obi mpofirim a,

ɔseresere wɔn a wɔdi bem amaneɛ.

24Wɔde asase ahyɛ ɔbɔnefoɔ nsa,

ɔkata n’atemmufoɔ ani.

Sɛ ɛnyɛ ɔno a, na ɛyɛ hwan a?

25Na me nna ho yɛ hare sene mmirikatuni;

ɛdwane kɔ, ɛnhunu adepa biara.

26Ɛsene kɔ sɛ demmire nkyɛkyerɛ hyɛn,

sɛ ɔkɔdeɛ a ɔsi aduane soɔ.

27Sɛ mese: Me werɛ bɛfiri m’apinisie,

mɛgyae mosooyɛ na mate m’anim a,

28me yea nyinaa yɛ me hu,

ɛfiri sɛ mehunu sɛ woremmu me bem.

29Na sɛ wɔbɛbu me fɔ a,

adɛn nti na memmrɛ nguo?

30Sɛ medware sukyerɛmma nsuo

na mede dɔw mehohoro me nsa a,

31ɛno nso wode me bɛto amena mu,

na me ho ayɛ me ntadeɛ mpo nwunu.

32Na ɔnyɛ onipa sɛ me, na mabua no,

na yɛn baanu ahyiam abɔ nkuro.

33Nso ntamgyinafoɔ bi nni yɛn ntam a

ɔde ne nsa bɛto yɛn baanu soɔ.

34Ma no nyi n’abaa mfiri me so,

na ne ho hu ankuta me.

35Ɛnna anka mɛkasa a merensuro no,

nanso mentumi nyɛ saa wɔ me ara m’afam.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help