Nnwom 72 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Asomdwoeɛ hene ne n’ahennieSalomo deɛ.

1Onyankopɔn, fa w’atemmuo ma ɔhene,

ne wo tenenee ma ɔhene ba.

2Ma no mfa tenenee nni wo man so,

na ɔmfa atemmuo nhwɛ w’amanehunufoɔ.

3 Dwom 85.8-13 Mmepɔ bɛso asomdwoeɛ ama ɔman,

na nkokoɔ nso de tenenee aba.

4 Dwom 72.12 Ɔbɛbu ɔman mu amanehunufoɔ atɛn,

na wagye ahiafoɔ mma nkwa,

na wabubu nhyɛsofoɔ mu pasapasa.

5Owia ne ɔsrane da so wɔ hɔ yi,

wɔbɛsuro wo, awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.

6Ɔbɛba sɛ osuo a ɛtɔ gu ɛserɛ a wɔahu soɔ so,

sɛ osu kɛseɛ a ɛtɔ dwodwo asase mu.

7Ɔteneneeni bɛsi frɔmm ne berɛ so,

na asomdwoeɛ pii bɛba akɔduru sɛ ɔsrane nni hɔ bio.

8 Sak 9.10 Ɔbɛdi hene afiri po so akɔsi po so,

de afiri asubɔnten no so akɔsi asase ano.

9 Yes 49.23 Wɔn a wɔte serɛ so bɛkoto n’anim,

na n’atamfo atafere mfuturo.

10 Dwom 68.29; Yes 60.9 Tarsis ne nsupɔ mu ahemfo

bɛba abɛyɛ ayɛ,

Saba ne Seba ahemfo bɛba abɛkyɛ adeɛ.

11 Dwom 2.8, 10-12 Na ahemfo nyinaa bɛkoto asɔre no,

amanaman nyinaa bɛsom no.

12 Hiob 36.15; Dwom 35.10 Na ɔbɛgye ohiani a ɔsu frɛ no,

ne ɔmanehunufoɔ a ɔnni boafoɔ.

13Ɔbɛkora ɔbrɛfoɔ ne ohiani,

na wagye ahiafoɔ nkwa.

14 Dwom 9.12 Ɔbɛgye wɔn afiri nhyɛsoɔ ne atirimuɔdensɛm mu,

na wɔn mogya boɔ ayɛ den n’anim.

15 Dwom 72.10; 84.9 Na ɔbɛnya nkwa,

na ɔde Seba sika no bi bɛma no,

na ɔno nso bɛbɔ mpaeɛ ama no daa,

ahyira no da mu nyinaa.

16Asase no so aburoofuo bɛduru mmepɔ atifi,

ɛso aba bɛwoso

sɛ Lebanon,

na nkuro no asoa

sɛ asase so nwira.

17 Gye 12.3; 22.18 Ne din bɛtena hɔ daa,

na owia wɔ hɔ yi ne din asi so,

na nnipa de no ahyira wɔn ho,

na amanaman nyinaa ahyira no.

18Nhyira ne AWURADE Nyankopɔn,

Israel Nyankopɔn a ɔno nko yɛ anwanwadeɛ,

19 Dwom 41.13; Yes 6.3 na nhyira ne n’animuonyam din daa,

na n’animuonyam nhyɛ asase nyinaa ma.

Amen ne Amen.

20Yisai ba Dawid mpaebɔ asa.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help