Nnwom 52 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Amimfoɔ awieeɛWɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid nnweneho dwom. Ɔtoe berɛ a Edomni Doeg bɛka kyerɛɛ Saulo sɛ Dawid aba Ahimelek fie no.

1 1 Sa 22.9-19 Ɔkatakyie, adɛn na wohoahoa wo ho bɔne ho?

Nyankopɔn adɔeɛ wɔ hɔ

daa nyinaa.

2Nkontomponi, wo tɛkyerɛma dwene mmusubɔ ho

te sɛ yiwan a ano yɛ tahwetahweɛ.

3Wopɛ bɔne sene papa,

wopɛ atorɔ sene sɛ wobɛka deɛ ɛtene.

4Nkɔnkɔnsa tɛkyerɛma,

wopɛ amammɔsɛm ara nko.

5Onyankopɔn nso bɛbɔ wo ahwe fam koraa,

ɔbɛyi wo hɔ atu wo afiri wo tenabea,

na watutu w’ase afiri ateasefoɔ asase so.

6 Dwom 91.8 Teneneefoɔ nso bɛhunu asuro,

na wɔasere no sɛ:

7Hwɛ, onipa a wamfa

Onyankopɔn anyɛ ne dwanekɔbea,

na ɔde ne ho too n’ahodeɛ bebree no soɔ,

na ɔhyɛɛ ne ho den, n’anibereɛ mu, no nie.

8 Dwom 92.12-15 Na me deɛ, mete sɛ ngodua frɔmfrɔm,

Nyankopɔn fie,

mede me ho meto Nyankopɔn adom so

daa daa.

9Mɛyi wo ayɛ daa,

sɛ wo na woyɛeɛ,

na mɛtwɛn wo din, ɛfiri sɛ ɛyɛ,

w’ahotefoɔ anim.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help