1Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:
2Num 31.16 Yɛ dwetɛ ntotorobɛnto mmienu fa, dwetɛ a wɔaborɔ na fa yɛ, na wɔde afrɛ asafo no aba, na wɔde ama wɔatu nsraban no akɔ.
3Na sɛ wɔhyɛne ne mmienu nyinaa a, asafo no nyinaa ano nhyia wo nkyɛn ahyiaeɛ ntomadan no ano.
4Na sɛ wɔhyɛne baako a, mmapɔmma a wɔdi Israel apem apem so atitire no mmɛhyia wo nkyɛn.
5Na sɛ mohyɛne osebɔ nnyegyeeɛ a, nsraban a ɛdeda anim fam no ntu;
6na sɛ mohyɛne osebɔ tɔ so mmienu a, nsraban a ɛdeda anafoɔ fam no ntu: Wɔrebɛtuo no, osebɔ na wɔnhyɛne.
7Na sɛ wɔrebɛma asafo no abɔ dwa a, monhyɛne, na nnyɛ osebɔ nnyegyeeɛ.
8Na Aaron mma asɔfoɔ no na wɔnhyɛne ntotorobɛnto no; na ɛnyɛ mo daa ahyɛdeɛ mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.
9Na sɛ morekɔ ɔsa mo asase so ne ahohiahiafoɔ a wɔhiahia mo ho akɔko a, ɛnneɛ momfa ntotorobɛnto nhyɛne osebɔ nnyegyeeɛ, na wɔnkae mo, AWURADE mo Nyankopɔn anim, na wɔnnye mo nkwa mo atamfoɔ no nsam.
10Lew 23.24; 2 Ah 11.14; 2 Be 7.6 Na mo anigyeɛ nna ne mo afa a mohyɛ ne mo bosome foforɔ no mu nso monhyɛne ntotorobɛnto, mo hyeɛ afɔdeɛ ne mo asomdwoeɛ afɔdeɛ no so, na ɛnyɛ nkaeɛ mma mo, mo Nyankopɔn anim: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.
Israelfoɔ firi Sinai kɔ Paran11Na afe a ɛtɔ so mmienu no bosome a ɛtɔ so mmienu no da a ɛtɔ so aduonu no, mununkum no maa ne ho so firii adanseɛ tenabea no so.
12Na Israelfoɔ no tutuu wɔn nsraban sii mu firii Sinai serɛ so, na mununkum no kɔgyinaa Paran serɛ so.
13Na yei ne deɛ ɛdi kan a wɔnam AWURADE asɛm a ɛnam Mose soɔ no so tuiɛ.
14Na Yuda mma nsraban frankaa no tuu kane, sɛdeɛ wɔn dɔm ahodoɔ teɛ; na ne dɔm no so na Aminadab ba Nahason die;
15na Isakar mma abusuakuo dɔm no so na Suar ba Natanel die;
16na Sebulon mma abusuakuo dɔm no so na Helon ba Eliab die.
17Ɛnna wɔhwinhwan tenabea no, na Gerson mma ne Merari mma soasoaa tenabea no tui.
18Na Ruben mma nsraban frankaa no tuu sɛdeɛ wɔn dɔm ahodoɔ teɛ; na ne dɔm no so na Sedeur ba Elisur die;
19na Simeon mma abusuakuo dɔm no so na Surisadai ba Selumiel die;
20na Gad mma abusuakuo dɔm no so na Deuel ba Eliasaf die.
21Ɛnna Kohatfoɔ no soasoaa akronkronneɛ no tuiɛ; na wɔsii tenabea no de kɔsii sɛ wɔbaeɛ.
22Na Efraim mma nsraban frankaa no tuu sɛdeɛ wɔn dɔm ahodoɔ teɛ; na ne dɔm no so na Amihud ba Elisama die;
23na Manase mma abusuakuo dɔm no so na Pedahsur ba Gamaliel die;
24na Benyamin mma abusuakuo dɔm no so na Gideoni ba Abidan die.
25Ɛnna Dan mma nsraban frankaa no tu bɔɔ nsraban no nyinaa kyidɔm sɛdeɛ wɔn dɔm ahodoɔ no teɛ; na ne dɔm no so na Amisadai ba Ahieser die;
26na Aser mma abusuakuo dɔm no so na Okran ba Pagiel die;
27na Naftali mma abusuakuo dɔm no so na Enan ba Ahira die.
28Yei ne Israelfoɔ tuo a wɔtuu sɛdeɛ wɔn dɔm ahodoɔ teɛ no.
29 Ate 1.16; Eks 2.18 Na Mose ka kyerɛɛ n’ase Reuel a ɔyɛ Midianni ba Hobab no sɛ: Yɛretu akɔ deɛ AWURADE kaa ho asɛm sɛ: Ɛha na mede bɛma mo no; bra ma yɛnkɔ, na yɛbɛyɛ wo yie, ɛfiri sɛ AWURADE aka Israel ho asɛmpa.
30Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Merenkɔ, na mmom me ara m’asase so ne m’abusua mu na mɛkorɔ.
31Na ɔse: Yei deɛ, nnya yɛn hɔ, na wo na wonim deɛ yɛbɛkyere nsraban ɛserɛ no soɔ nti, yɛ yɛn aniwa;
32na sɛ wo ne yɛn nante a, papa ko a AWURADE de bɛyɛ yɛn no, yɛde bi bɛyɛ wo.
33Ɛnna wɔtutu firii AWURADE bepɔ no ho nantee nnansa kwan, na AWURADE apam adaka no tu dii wɔn anim nnansa sɛ ɛrekyerɛ wɔn asoɛeɛ;
34Eks 13.21 na wɔtu firi nsraban no mu a, na AWURADE mununkum no wɔ wɔn so awia.
35Na sɛ adaka no retu a, Mose ka sɛ: AWURADE, sɔre na w’atamfo mmɔ mpete na wɔn a wɔkyiri woɔ nnwane w’anim.
36Dwom 68.1; 132.8 Na sɛ ɛsoɛ a, ɔka sɛ: AWURADE, sane bra Israel mpempem no nkyɛn.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.