Yoel 2 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

1 Yoel 1.15 Monhyɛne totorobɛnto wɔ Sion,

na mommɔ ose me bepɔ kronkron no so.

Ma asase sofoɔ nyinaa ho mpopo,

ɛfiri sɛ AWURADE da no redu, na abɛn,

2 Yoel 1.6; Eks 10.14 esum ne kusuuyɛ da,

mununkum ne kusukuukuu da.

Ɔman bi a wɔdɔɔso na wɔyɛ den

a ebi nte sɛ no firi teteete,

na n’akyiri nso ebi renyɛ sɛ ɛno

awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdidi soɔ mfeɛ mu reyerɛ

sɛ adekyeeɛ yerɛ mmepɔ soɔ no.

3 Yoel 1.19 Ogya hye di wɔn anim,

na ogyaframa tafere di wɔn akyi;

wɔn anim asase te sɛ Eden turo,

na wɔn akyiri deɛ yɛ ɛserɛ pradada,

na biribiara remfiri wɔn anim nkɔ.

4Wɔn ho te sɛ apɔnkɔ ho, na

wɔtu mmirika sɛ apɔnkɔsotefoɔ.

5Wɔhurihuri sɛ nteaseɛnam

kitikitiyɛ mmepɔ atifi,

sɛ ogyaframa a

ɛhye nkyɛnkyɛmma turiturie,

sɛ ɛdɔm a ɛyɛ den a

wɔasiesie wɔn ama ɔko.

6Aman ho dwiri wɔn wɔn anim,

nnipa nyinaa anim sinsiam.

7Wɔtu mmirika sɛ nnɔmmarima,

wɔforo ɔfasuo sɛ akofoɔ;

wɔnenam wɔn akwan so,

na wɔnte wɔn santen mu;

8nanso obi nsum ne yɔnko,

wɔn nyinaa nenam wɔn atempɔn so,

na sɛ wɔhwehwe akodeɛ ntam a,

wɔmpira;

9wɔyɛ kuro mu manyamanya,

wɔtutu ɔfasuo so mmirika,

wɔforo ba afie mu,

wɔfa mpomma mu ba sɛ owifoɔ.

10 Yoel 3.4; Yes 13.10 Asase woso wɔn anim,

ɔsoro hinhim,

owia ne ɔsrane aduru sum,

na nsoromma kame ne haran.

11 Yoel 2.25 Na AWURADE ma ne nne so,

ne dɔm no anim,

na ne nsraban no so sɛ,

na deɛ ɔdi n’asɛm soɔ no ho yɛ den.

Na AWURADE da no so na ɛyɛ hu sɛ,

na hwan na ɔbɛtumi agyina ano?

Ahonu ho kɔkɔbɔ

12 Hes 33.11 Na afei nso, AWURADE na ɔseɛ,

monsane mmra me nkyɛn mo akoma nyinaa

ne abuadadie ne esu ne adwotwa mu.

13 Eks 34.6 Monsunsuane mo akoma, na ɛnyɛ mo ntadeɛ mu,

na monsane mmra AWURADE mo Nyankopɔn nkyɛn,

na ɔyɛ ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ,

ne bo kyɛre fu, na n’adɔeɛ so,

na ɔsakyera n’adwene wɔ adebɔne ho.

14 Yona 3.9 Ebia, obi nnim, ɔbɛsane na wasakyera n’adwene,

na wagya n’akyiri nhyira,

a ɛyɛ aduane ayɛyɛdeɛ ne ahwiesa

a wɔde bɛkyɛ AWURADE mo Nyankopɔn.

15 Yoel 1.14 Monhyɛne totorobɛnto wɔ Sion,

monyɛ abuadadie kronkron,

momfrɛ nhyiamu kronkron.

16Mommoa ɔman no ano,

monyɛ ɔman nhyiam kronkron,

monhyia nkɔkoraa,

mommoa mmɔfra

ne nufoɔ ano mma ano.

Ayeforɔkunu mfiri ne pia mu,

na ayeforɔ mfiri ne dabekyire mfiri adi.

17 Dwom 79.10 Ma asɔfoɔ, AWURADE asomfo no,

nsu wɔ ntwonoo ne afɔrebukyia no ntam,

nka sɛ: O AWURADE, dodo wo man ho,

na mfa w’agyapadeɛ mma ahohora,

na amanaman nnnidi wɔn atɛm.

Adɛn nti na wɔnka no aman mu sɛ:

Ɛhe na wɔn Nyankopɔn no wɔ?

Nhyira foforɔ ho bɔhyɛ

18Na afei AWURADE twee n’asase ho ninkunu,

na ɔhunuu ne man mmɔbɔ.

19 Yoel 2.26-27 Na AWURADE bua see ne man sɛ:

Hwɛ, merebrɛ mo

aduane, nsamono ne ngo,

na moamee,

na meremfa mo memma

ahohora amanaman mu bio.

20 Yoel 1.4, 6 Na atifi fam dɔm no, mɛyi wɔn afiri mo so akɔ akyirikyiri,

na mapamo wɔn akɔ asase pradada so,

na wɔn twafoɔ akɔ anim fam po no mu,

na wɔn kyidɔm akɔ apueeɛ fam po no mu, na wɔn bɔn bɛsɔre,

na wɔn nyaanyane bɛsɔre,

ɛfiri sɛ wɔadi bɔne kɛseɛ.

21O Asase, nsuro,

di ahurisie na w’ani nnye,

ɛfiri sɛ AWURADE ayɛ adeɛ kɛseɛ.

22Ewiram mmoa, monnsuro,

na ɛserɛ so wira mono refefɛ,

na nnua reso n’aba,

borɔdɔma ne bobe reyi n’ahoɔden ama.

23 Yer 5.24 Na mo, Sion mma,

monni ahurisie na mo ani nnye AWURADE mo Nyankopɔn ho,

na ɔma mo asuso sɛdeɛ ɛfata,

na ɔma osuo tɔ ma mo,

asuso ne bereamporɔsuo, kane ansa.

24Na ayuo bɛyɛ porebea amaama,

na nsa ne ngo ayeyɛ kyi-amena amaama abu so.

25 Yoel 1.4 Na mfirinhyia a ntutummɛ,

mfuntie, mmɛbɛ ne nketekyire,

me dɔm kɛseɛ a mesomaa wɔn baa mo mu no diiɛ no,

mɛhyɛ no ananmu.

26 Deut 8.10 Na moadidi amee,

na moakamfo AWURADE mo Nyankopɔn din,

sɛ ɔne mo adi anwanwasɛm;

na me man ani renwu da biara da.

27Na mobɛhunu sɛ me na mewɔ Israel mu,

na mene AWURADE mo Nyankopɔn, na obiara nni hɔ bio,

na me man ani

renwu da biara da.

Honhom no hwieguo

28 Num 11.29; Yes 44.3; Hes 39.29; Aso 2.16-21; Tito 3.6 Na yei akyiri no,

mɛhwie me honhom agu honam nyinaa so,

na mo mmabanin ne mo mmammaa ahyɛ nkɔm,

na mo mpanimfoɔ asoso daeɛ,

na mo mmeranteɛ ahuhunu anisoadeɛ,

29na nkoa ne mfenaa nso so

na nna no mu mɛhwie me honhom maguo.

30Na mɛma anwanwadeɛ aba ɔsoro ne asase so, mogya, ogya ne wisie kumoo.

31Yoel 2.2, 10-11; Mat 24.29; Adi 6.12 Owia bɛduru sum, na ɔsrane adane mogya, ansa na AWURADE da kɛseɛ a ɛyɛ hu no aba.

32Rom 10.13 Na ɛbɛba sɛ obiara a ɔbɛbɔ AWURADE din no, wɔbɛgye no nkwa; na sɛdeɛ AWURADE aka no, bepɔ Sion so ne Yerusalem na nnipa a wɔafiri mu afire ne nnipa a AWURADE refrɛ wɔn afiri wɔn a aka no mu bɛtena.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help