1 Ahemfo 1 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Dawid mmerɛyɛ ne Adoniya ho asɛm

1Afei Ɔhene Dawid abɔ akora, na ɛwom sɛ na ne nkoa de bomo kata ne ho deɛ, nanso ne ho anyɛ no hye.

2Enti ne nkoa ka kyerɛɛ no sɛ: Ma yɛnhwehwɛ ababaa bi mmrɛ me wura ɔhene, na ɔmmɛgyina ɔhene anim nyɛ ne hwɛfoɔ, na ɔnna wo kokom na me wura ɔhene ho nyɛ no hye.

3Ɛnna wɔkɔhwehwɛɛ ababaa hoɔfɛfoɔ bi Israel ahyeɛ nyinaa mu, na wɔkɔhunuu Sunamni Abisag, na wɔde no brɛɛ ɔhene.

4Na ababaa no ho yɛ fɛ pa ara, na ɔyɛɛ ɔhene hwɛfoɔ na ɔsomm no. Nanso ɔhene ne no anna.

5 2 Sa 3.4; 15.1 Na Hagit ba Adoniya maa ne ho so kaa sɛ: Me na mɛdi hene. Na ɔsiesiee nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ ne mmarima aduonum a wɔbɛbɔ ne ho ban.

6Nanso n’agya anka asɛm a ɛyɛ ya biara ankyerɛ no da sɛ: Adɛn na woayɛ saa yi? Na ɔno nso yɛ onipa a ne ho yɛ fɛ, na ɔno na wɔwoo no dii Absalom akyire.

71 Ah 2.22 Na ɔne Seruia ba Yoab ne Ɔsɔfoɔ Abiatar dii atirimusɛm, na wɔdii Adoniya akyi boaa no.

8Na Ɔsɔfoɔ Sadok, Yoiada ba Benaia, Odiyifoɔ Natan, Simei, Rei ne Dawid nnɔmmarima no deɛ, na wɔnni Adoniya afa.

9 Yos 15.7 Na Adoniya kumm nnwan, anantwie ne anantwie a wɔadɔre sradeɛ wɔ Sohelet Boɔ a ɛwɔ En-rogel ho no so, na ɔhyiahyiaa ne nuanom ahene mma no nyinaa ne Yuda mmarima a wɔyɛ ɔhene nkoa no nyinaa.

10Na Odiyifoɔ Natan ne Benaia ne nnɔmmarima no ne ne nua Salomo deɛ, wanhyia wɔn.

11Ɛnna Natan ka kyerɛɛ Batseba, Salomo na sɛ: Dabrɛ wontee sɛ Hagit ba Adoniya redi hene, na yɛn wura Dawid nnim?

12Afei, bra na memma wo adwene, na gye wo ne wo ba Salomo nkwa.

13Kɔ Ɔhene Dawid nkyɛn, na ka kyerɛ no sɛ: Ɛnyɛ wo, me wura ɔhene na wokaa w’afenaa ntam sɛ: Wo ba Salomo na ɔbɛdi m’adeɛ, na ɔno na ɔbɛtena m’adwa soɔ? Na adɛn nti na Adoniya di hene yi?

14Hwɛ, wo ne ɔhene da so rekasa wɔ hɔ no, me nso mɛdi w’akyiri aba, na mabɛfoa wo so.

15Na Batseba kɔɔ ɔhene nkyɛn pia mu; na ɔhene abɔ akora pa ara, na Sunamni Abisag som ɔhene.

16Ɛnna Batseba bɔɔ ne mu ase maa ɔhene. Na ɔhene bisaa no sɛ: Ɛdeɛn na worehwehwɛ?

17Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Me wura, wo na wokaa AWURADE wo Nyankopɔn ntam kyerɛɛ w’abaawa sɛ: Wo ba Salomo na ɔbɛdi w’adeɛ, na ɔno na ɔbɛtena w’adwa soɔ.

18Na afei, hwɛ, Adoniya na ɔredi hene yi; nanso, me wura ɔhene, wonnim.

191 Ah 1.9-10 Na wakum anantwie ne nyɛmmoa ne nnwan bebree, na wahyiahyia ahene mma nyinaa ne Ɔsɔfoɔ Abiatar ne Ɔsahene Yoab, na w’akoa Salomo deɛ, wanto ne nsa amfrɛ no.

20Na wo, me wura ɔhene, na Israel nyinaa ani da wo soɔ sɛ wobɛkyerɛ wɔn deɛ ɔbɛdi me wura ɔhene akyiri atena adwa no soɔ.

21Eks 5.16 Anyɛ saa a, me wura ɔhene wuo akyiri no wɔbɛbu me ne me ba Salomo mmaratofoɔ.

22Na hwɛ, ɔda so ne ɔhene rekasa no, Odiyifoɔ Natan nso baa hɔ.

23Na wɔkɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Hwɛ, Odiyifoɔ Natan nie. Na ɔduruu ɔhene anim no, ɔkotoo ɔhene de n’anim butuu fam.

24Na Natan kaa sɛ: Me wura ɔhene, wo na wose: Adoniya nni m’adeɛ, na ɔno na ɔntena m’adwa so anaa?

252 Sa 16.16 Na ɛnnɛ wasiane kɔ, na wakɔkum anantwie ne anantwie a wɔadɔre sradeɛ ne nnwan bebree, na wahyia ɔhene mma nyinaa ne asafohene ne Ɔsɔfoɔ Abiatar, na hwɛ, wɔredidi na wɔrenom n’anim, na wɔka sɛ: Ɔhene Adoniya nkwa so!

261 Ah 1.10 Na me, w’akoa ne Ɔsɔfoɔ Sadok ne Yoiada ba Benaia ne w’akoa Salomo deɛ, wanto ne nsa amfrɛ yɛn.

27Me wura ɔhene nkyɛn na asɛm yi fire, na woamma w’akoa anhunu deɛ ɔbɛtena me wura ɔhene adwa no soɔ n’akyiri?

28Ɛnna Ɔhene Dawid buaa sɛ: Momfrɛ Batseba mma me. Na ɔba bɛgyinaa ɔhene anim.

29Na ɔhene kaa ntam sɛ: Sɛ AWURADE a ɔgyee me kra firii ahohiahia nyinaa mu te aseɛ yi,

30sɛdeɛ mekaa AWURADE Israel Nyankopɔn ntam mekyerɛɛ wo sɛ: Wo ba Salomo na ɔbɛdi m’adeɛ, na ɔno na ɔbɛtena m’adwa soɔ asi m’ananmu no, saa ara na mɛyɛ nnɛ da yi.

31Ɛnna Batseba bɔɔ ne mu ase de n’anim butuu fam kotoo ɔhene kaa sɛ: Me wura ɔhene nnya nkwa daa!

Wɔsra Salomo si no hene

32Na Ɔhene Dawid kaa sɛ: Momfrɛ Ɔsɔfoɔ Sadok ne Odiyifoɔ Natan ne Yoiada ba Benaia mma me. Na wɔbaa ɔhene anim.

33Na ɔhene ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momfa mo wura nkoa nka mo ho, na momfa me ba Salomo ntena m’afunumupɔnkɔ so, na momfa no nsiane nkɔ Gihon.

34Na Ɔsɔfoɔ Sadok ne Odiyifoɔ Natan nsra no ngo mfa no nsi Israel so hene wɔ hɔ, na monhyɛne totorobɛnto sɛ: Ɔhene Salomo nkwa so oo!

35Na momforo nni n’akyi, na ɔmmra mmɛtena m’adwa so, na ɔnsi m’ananmu nni hene, na ɔno na mahyɛ no sɛ ɔnyɛ Israel ne Yuda so hene.

36Ɛnna Yoiada ba Benaia buaa ɔhene sɛ: Amen! Saa ara nso na AWURADE me wura Ɔhene Nyankopɔn nka.

37Sɛdeɛ AWURADE ne me wura ɔhene tenaeɛ no, saa ara nso na ɔne Salomo ntena, na ɔmma n’adwa nso nsene me wura Ɔhene Dawid adwa no.

38 2 Sa 8.18 Na Ɔsɔfoɔ Sadok ne Odiyifoɔ Natan ne Yoiada ba Benaia, Keretifoɔ ne Peletifoɔ siane kɔe, na wɔde Salomo tenaa ɔhene afunumupɔnkɔ so, na wɔde no kɔɔ Gihon.

391 Be 23.1; 29.22 Na Ɔsɔfoɔ Sadok faa ngo abɛn firii ntomadan no mu de bɛsraa Salomo. Na wɔhyɛnee totorobɛnto, na ɔman no nyinaa kaa sɛ: Ɔhene Salomo nkwa so!

40Na ɔman no nyinaa foro dii n’akyiri bae, na ɔman no hyenhyɛnee ntɛntɛbɛn, na wɔn ani gyee kɛse, na wɔn gyegyeegye no reyɛ ama asase mu apae.

41Na Adoniya ne wɔn a wahyia wɔn a wɔne no wɔ hɔ no nyinaa teeɛ. Na wɔawie adidi; na Yoab tee totorobɛnto no nka no, ɔkaa sɛ: Kuro no mu hooyɛ a yɛteɛ yi ase ne sɛn?

422 Sa 15.27, 36 Na ɔda so rekasa no, hwɛ, Ɔsɔfoɔ Abiatar ba Yonatan bae; na Adoniya kaa sɛ: Bra, na woyɛ ɔbarima a wofata, na wokura kaseɛ pa.

43Na Yonatan bua see Adoniya sɛ: Dabi, na yɛn wura Ɔhene Dawid de Salomo asi hene.

44Na ɔhene asoma Ɔsɔfoɔ Sadok ne Odiyifoɔ Natan ne Yoiada ba Benaia, Keretifoɔ ne Peletifoɔ aka ne ho, na ɔde no atena ɔhene afunumupɔnkɔ so,

45na Ɔsɔfoɔ Sadok ne Odiyifoɔ Natan asra no de no asi hene Gihon, na wɔde anigyeɛ de no aforo afiri hɔ aba, na kuro no mu ayɛ hoo: Ɛno ne gyegyeegye a moteeɛ no.

461 Be 28.5 Nso Salomo te ahennwa no so.

47Yeinom nyinaa akyiri no, ɔhene nkoa aba abɛma yɛn wura Ɔhene Dawid amo sɛ: Onyankopɔn mma Salomo din nyɛ kɛse nsene wo din, na ɔmma n’adwa nso nsene w’adwa. Na ɔhene bɔɔ ne mu ase ne mpa so;

481 Ah 3.6 na ɔhene kaa sɛ: Nhyira ne AWURADE Israel Nyankopɔn a wama me ba atena m’adwa so nnɛ yi, na m’ani ahunu.

49Ɛnna nnipa a wɔahyia wɔn a wɔyɛ Adoniya deɛ no nyinaa ho popoe, na wɔsɔresɔree sisii wɔn akwan so kɔe.

50Na Adoniya suroo Salomo anim, na ɔsɔre kɔe kɔsosɔɔ afɔrebukyia abɛn mu.

511 Ah 2.28 Na wɔka kyerɛɛ Salomo sɛ: Hwɛ, Adoniya suro Ɔhene Salomo, na hwɛ, wakɔsosɔ afɔrebukyia abɛn mu sɛ: Ɔhene Salomo nka me ntam nnɛ, sɛ ɔremfa nkrantɛ nkum n’akoa.

522 Sa 14.11 Na Salomo kaa sɛ: Sɛ ɔdane onipa a ɔfata a, ne nwi baako mpo rentɔ fam; na sɛ wɔhunu bɔne wɔ ne mu a, ɔbɛwu.

53Na Ɔhene Salomo soma maa wɔkɔfaa no firii afɔrebukyia no ho siane bae. Na ɔba bɛkotoo Ɔhene Salomo, na Salomo ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ wo fie.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help