Atemmufoɔ 12 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Efraim di nkoguo

1 Ate 8.1 Na Efraim mmarima hyiae, na wɔtwa kɔɔ Safon, na wɔka kyerɛɛ Yefta sɛ: Adɛn nti na wotwaa mu kɔeɛ ne Amonfoɔ kɔkoeɛ, na yɛn deɛ, woamfrɛ yɛn na yɛne wo ankorɔ? Yɛde gya bɛhye wo fie agu wo so.

2Na Yefta ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Me ne me nkurɔfoɔ nyinaa ne Amonfoɔ nyaa manso kɛseɛ; na meteaa mu mefrɛɛ mo no, moannye me amfiri wɔn nsam;

3Ate 5.18; 9.17 na mehunuu sɛ moremma mmɛgye me no, mede me nkwa metoo me nsam, na mesene mekɔɔ Amonfoɔ no so, na AWURADE de wɔn hyɛɛ me nsa, na adɛn na moaforo aba me soɔ ne me rebɛko nnɛ yi?

4Na Yefta boaa Gilead mmarima nyinaa ano na ɔne Efraim koe; na Gilead mmarima no kunkumm Efraimfoɔ no, ɛfiri sɛ, wɔse: Moyɛ Efraim adwanefoɔ, mo Gileadfoɔ, mowɔ Efraim mu, na mowɔ Manase mu.

5Na Gilead faa Yordan atwaeɛ twaree Efraim; na sɛ Efraim adwanefoɔ no mu bi ka sɛ: Ma mentwa a, ɛnneɛ Gilead mmarima no ka kyerɛɛ no sɛ: Woyɛ Efraimni anaa? Na ɔse: Dabi a,

6wɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnneɛ ka sɛ Shibolet, na ɔka sɛ: Sibolet, ɛfiri sɛ ɔntumi nka no yie a, na wɔakye no aku no Yordan atwaeɛ hɔ. Na saa berɛ no Efraimfoɔ mpemaduanan mmienu na ɛtotɔeɛ.

7Na Yefta buu Israel atɛn mfeɛ nsia. Na Gileadni Yefta wui, na wɔsiee no Gilead nkuro no bi mu.

Ibsan, Elon ne Abdon ho asɛm

8Na n’akyiri no, Ibsan a ɔfiri Betlehem buu Israel atɛn.

9Na ɔwɔ mmammarima aduasa, na ɔde mmammaa aduasa memaa awareɛ mmeammea, na ɔkɔgyegyee mmabaa aduasa nso firi mmeammea brɛɛ ne mmammarima awareɛ. Na ɔbuu Israel atɛn mfeɛ nson.

10Na Ibsan wui, na wɔsiee no Betlehem.

11Na n’akyiri no, Sebulonni Elon buu Israel atɛn. Na ɔbuu Israel atɛn mfeɛ du.

12Na Sebulonni Elon wui, na wɔsiee no Ayalon, Sebulon asase so.

13Na n’akyiri no, Hilel ba Abdon a ɔyɛ Piratonni buu Israel atɛn.

14Na ɔwɔ mmammarima aduanan ne mmanana aduasa a wɔtenaa mfunumu aduɔson soɔ. Na ɔbuu Israel atɛn mfeɛ nwɔtwe.

15Na Hilel ba Abdon a ɔyɛ Piratonni no wui, na wɔsiee no Piraton wɔ Efraim asase a ɛwɔ Amalekfoɔ bepɔ soɔ no so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help