1 2 Ah 19; 2 Be 32.20-23 Na ɛbaa sɛ Ɔhene Hesekia teeɛ no, ɔsunsuanee ne ntadeɛ mu, na ɔfiraa ayitoma, na ɔsii mu kɔɔ AWURADE fie.
2Na ɔsomaa Eliakim a ɔdi efie no soɔ no ne Ɔtwerɛfoɔ Sebna ne asɔfoɔ no mu mpanin a wɔfirafira ayitoma kɔɔ Amos ba Odiyifoɔ Yesaia nkyɛn,
3na wɔkɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ Hesekia seɛ nie: Ahohiahia ne asotwe ne abususɛnka da ne nnɛ, na mma aduru awotwaa ano, na ahoɔden nni hɔ a wɔde bɛwo wɔn.
4Ebia AWURADE wo Nyankopɔn bɛte Rabsake no a ne wura Asiriahene asoma no sɛ ɔmmɛsopa Onyankopɔn teasefoɔ no nsɛm no, na nsɛm a AWURADE wo Nyankopɔn ateɛ no nti, watwe n’aso; enti ma wo mpaebɔ so ma nkaeɛ a wɔwɔ hɔ no.
5Na Ɔhene Hesekia nkoa no baa Yesaia nkyɛn,
6na Yesaia ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ monka nkyerɛ mo wura nie: Sɛdeɛ AWURADE seɛ nie: Nsuro nsɛm a woteeɛ a Asiriahene nkoa de abɛya me no.
7Hwɛ, me na mede honhom bi bɛhyɛ ne mu, na wate asɛm bi, na wasane akɔ n’asase so, na mama no atɔ nkrantɛ ano, n’asase so.
8Na Rabsake no sanee, na ɔkɔtoo Asiriahene sɛ ɔne Libna reko, na wate sɛ watu afiri Lakis.
9Na ɔtee Etiopiahene Tirhaka nka sɛ: Watu ne wo rebɛko. Na ɔteeɛ no, ɔsomaa abɔfoɔ baa Hesekia nkyɛn sɛ:
10Sɛ monkɔka nkyerɛ Yudahene Hesekia nie: Mma wo Nyankopɔn a wode wo ho to ne soɔ no nnaadaa wo sɛ: Wɔremfa Yerusalem nhyɛ Asiriahene nsa.
11Hwɛ, wo ara woate deɛ Asiria ahemfo ayeyɛ nsase nyinaa asɛe wɔn pasapasa no, na wo na wɔbɛyi woɔ anaa?
12Yes 36.18 Amanaman a m’agyanom asɛe wɔn no anyame no gyee wɔn? Gosan, Haran, Resef ne Edenfoɔ a wɔwɔ Talasar no?
13Ɛhe na Hamathene ne Arpadhene ne Sefarwaim kuro ne Hena ne Iwahene no wɔ?
14Na Hesekia gyee nwoma no abɔfoɔ no nsam, na ɔkenkanee, na ɔforo kɔɔ AWURADE fie; na Hesekia trɛɛ mu AWURADE anim.
15Na Hesekia bɔɔ AWURADE mpaeɛ sɛ:
16Asafo AWURADE Israel Nyankopɔn a wote Kerubim soɔ, wo nko ne Onyankopɔn, asase so ahennie nyinaa so; wo na woyɛɛ ɔsoro ne asase.
17Brɛ w’aso ase, AWURADE, na tie! Bue w’ani, AWURADE, na hwɛ! na tie Sanaherib nsɛm a wasoma de abɛsopa Onyankopɔn teasefoɔ no nyinaa.
18Ɛwom, AWURADE, Asiria ahemfo asɛe aman no nyinaa ne wɔn nsase,
19na wɔatoto wɔn anyame agu ogya mu, ɛfiri sɛ wɔnyɛ anyame, na ɛyɛ onipa nsa ano adwuma, dua ne ɔboɔ nko, na wɔasɛe wɔn.
20Yes 40.5 Na afei, AWURADE, yɛn Nyankopɔn, gye yɛn firi ne nsam, na asase so ahennie nyinaa nhunu sɛ wo nko ne AWURADE.
21Ɛnna Amos ba Yesaia soma maa wɔkɔɔ Hesekia nkyɛn sɛ: Sɛdeɛ AWURADE Israel Nyankopɔn seɛ nie: Deɛ wobɔɔ me ɛho mpaeɛ wɔ Asiriahene Sanaherib ho no,
22yei ne asɛm a AWURADE aka ne ho:
Ɔbaabunu Sion babaa no
bu w’animtia si wo atwetweɛ;
w’akyiri na Yerusalem babaa
rewoso ne tire.
23Hwan na woasopa no na woaya no?
Na hwan so na woama wo nne soɔ
na wɔama w’ani atra wo ntɔn?
Wode atia Israel Kronkronni no.
24 Yes 14.8 Wonam wo nkoa so asopa AWURADE
aka sɛ: Mede me nteaseɛnam dodoɔ
maforo makɔ mmepɔ atifi,
Lebanon mu nohoa tɔnn;
na matwitwa ne ntweneduro atentene
ne ne pepeaa a ɛyɛ fɛ no agu,
na makɔ makɔduru ne mmepɔ a ɛwɔ akyirikyiri no so,
ne ne kwaeɛbirentuo mu.
25Me na matutu mmura
manom emu nsuo,
na mede me nammuromu wee
Misraim nsubɔntene nyinaa.
26Wonteeɛ
sɛ mehyɛ metoo hɔ akyɛ,
tete mmerɛ mu na mehyehyɛɛ no saa?
Afei na mama no aba mu,
sɛ ma afasuo mu nkuro no
nnanedane akurofo akuakuo,
27na emufoɔ a wɔahodwo
no ho adwiri wɔn, na wɔn ani awu
na wɔadanedane sɛ mfofowa so nhahan
ne wira mono,
adan atifi wira ne ayuo
a ɛnnya mmaa ne ho soɔ na adwan.
28Na menim w’asetena
ne korɔ ne ne ba
ne dam a wobɔ no me soɔ no.
29 Deut 32.27 Ɛsiane sɛ wobɔ me so dam
na wo dwɛɛbɔ aforo abɛduru m’aso mu nti,
mede me kaa bɛhyɛ wo hwenem
na mede me manniamfrɛ ato w’anomu,
na masane wo afa kwan a
wonam so baeɛ no so akɔ.
30Na yei nyɛ wo nsɛnkyerɛnneɛ: Afe yi mu, monni ntwakaeɛ a ɛfifiriiɛ, na afe a ɛtɔ so mmienu no mu moadi deɛ ɛbɛfifiri akyire aba no, na afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no, mongu na montwa, na montɛ bobe nturo, na monni mu aba.
31Yes 27.6 Na Yuda fie mu nkaeɛ a wɔafiri mu afire no, wɔbɛgye nhini bio, na wɔaso aba;
32na Yerusalem na nkaeɛ bi bɛfire, na wɔn a wɔafiri mu afire no afiri Sion bepɔ so, asafo AWURADE ninkuntwe na ɛbɛyɛ yei.
33Enti sɛdeɛ AWURADE ka no Asiriahene ho nie: Ɔremma kuro yi mu, na ɔrento agyan mma ha, na ɔremfa ɛkyɛm mmɛhyia no, na ɔrenhɔre epie ntia no.
34Ɔkwan a ɔnam so baeɛ no so na ɔnam bɛsane akorɔ, na kuro yi deɛ, ɔrenhyɛne mu, AWURADE na ɔseɛ.
35Na mɛwa kuro yi agye no, me ara ne m’akoa Dawid ntira.
36 Yes 17.14; 31.8 Ɛnna AWURADE bɔfoɔ firi kɔkumm Asiria nsraban mu nnipa mpemha aduɔwɔtwe nnum; na wɔsɔree anɔpa no, na hwɛ, wɔn nyinaa yɛ afunu.
37Na Asiriahene Sanaherib tu sii mu sanee, na ɔkɔtenaa Ninewe.
38Na ɔresɔre wɔ ne nyame Nisrok fie no, ne mma Adramelek ne Sareser de nkrantɛ kumm no, na wɔfirii mu dwane kɔɔ Ararat asase so; na ne ba Esar-Hadon sii n’ananmu dii hene.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.