Nnwom 38 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Amanehunu mu ahonu dwomDawid dwom a wɔde bɔ nkaeɛ afɔdeɛ.

1Ao, AWURADE, ntwi m’anim w’abufuo mu,

na ntwe m’aso w’anibereɛ mu;

2 Hiob 6.4; Dwom 32.4 na w’agyan awowɔ me aka mu,

na wo nsa aduru me so.

3 Dwom 51.8 W’abufuhyeɛ nti

ahoɔden bi nni me honam mu,

me bɔne nti

nkwahosan bi nni me nnompe mu;

4 Kwa 1.14 na me mfomsoɔ aboro me tiri so,

ɛdɛn me so sɛ adesoa duruduro.

5M’akuro bɔn na aporɔ

m’agyimisɛm nti.

6Mapompono na mapua koraa,

da mu nyinaa mede awerɛhoɔ menam foofoo.

7Na ahyehyekuro ayɛ m’asene mu ma,

na ahoɔden bi nni me honam mu;

8mahodwo na mabubu pasaa,

m’akoma apinisie nti mesu denden.

9AWURADE, deɛ mepɛ nyinaa da w’anim,

na m’apenepene nhunta wo.

10M’akoma bɔ paripari, m’ahoɔden atu,

na m’aniwa hann mpo nni me ho bio.

11 Dwom 31.11; Hiob 19.14 M’adɔfo ne me nnamfo afiri me haw no ho akɔgyina nkyɛn,

na m’abusuafoɔ gyinagyina akyirikyiri.

12Na wɔn a wɔhwehwɛ me kra no asum me mfidie,

na wɔn a wɔpɛ me bɔne no ka me sɛeɛ ho asɛm,

na wɔdwene nnaadaasɛm da mu nyinaa.

13 Dwom 39.2 Na me deɛ, mete sɛ ɔsotifoɔ a ɔnte asɛm,

na mete sɛ emum a ɔmmue n’ano.

14Na mayɛ sɛ onipa a ɔnte asɛm

na n’anomu nni ntuatuaano.

15Na wo, AWURADE, na m’ani da wo soɔ,

AWURADE, me Nyankopɔn, wobɛbua.

16Na mese: Mma wɔn ani nnnye wɔ me ho,

na sɛ me nan watiri a, wɔanhoahoa wɔn ho wɔ me so.

17Na mereyɛ mahwe ase,

na me yea wɔ m’anim daa.

18 Dwom 32.5 Na meka me mfomsoɔ,

me bɔne nti me werɛ aho.

19Na m’atamfoɔ ho yɛ wɛwɛwɛ, wɔn ho yɛ den,

na wɔn a wɔtane me kwa no dɔɔso.

20 Dwom 35.12 Na wɔde bɔne tua papa so ka,

papa a medi akyire nti wɔpɛ me ho asɛm.

21AWURADE, nnya me,

me Nyankopɔn, mma wo ne me ntam nnware.

22Yɛ ntɛm bɛboa me,

AWURADE, m’agyenkwa!

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help