1 1 Sa 21.13-15 Mɛhyira AWURADE nna nyinaa,
n’ayeyie wɔ m’anomu daa yi.
2AWURADE mu na me kra bɛhoahoa ne ho,
ahobrɛasefoɔ bɛte, na wɔn ani agye.
3Mo ne me nkamfo AWURADE kɛseyɛ,
na momma yɛmmom mma ne din so.
4Mahwehwɛ AWURADE, na wabua me,
na wagye me afiri deɛ mesuro nyinaa mu.
5Wɔn a wɔhwɛɛ no no anim tee,
na wɔn anim angu ase.
6Ohiani yi teaa mu, na AWURADE tiee no,
na ɔgyee no n’ahohia nyinaa mu.
7 Gye 32.1; Dwom 91.11 AWURADE bɔfoɔ bɔ wɔn a wɔsuro no ho nsraban hyia,
na ɔgye wɔn.
8 1 Pe 2.3 Monka nhwɛ na monhunu sɛ AWURADE yɛ,
nhyira ne onipa a ɔdwane kɔtoa no.
9 Dwom 37.19 AWURADE akronkronfoɔ, monsuro no!
na biribiara remmɔ wɔn a wɔsuro no.
10 Dwom 33.18-19; 37.25; Luka 1.53 Gyata mmuruwa bɛdi hia na ɛkɔm ade wɔn,
na wɔn a wɔhwehwɛ AWURADE no adepa biara remmɔ wɔn.
11Mma, mommra, monyɛ aso mma me!
Mɛkyerɛ mo AWURADE suro.
12 1 Pe 3.10-12 Mo mu hwan na ɔhwehwɛ nkwa,
na ɔpɛ onyinkyerɛ sɛ ɔbɛhunu papa?
13Kora wo tɛkyerɛma, bɔne ho,
ɛne w’ano, nnaadaasɛm ho.
14 Dwom 37.27 Yi bɔne ho akwa, na yɛ papa,
hwehwɛ asomdwoeɛ, na ti no.
15AWURADE ani wɔ ateneneefoɔ so,
na n’aso tie wɔn sufrɛ.
16 Mmb 10.7 AWURADE ani sa nnebɔneyɛfoɔ,
sɛ ɔbɛhye wɔn ase, asase so.
17Ateneneefoɔ su frɛ, na AWURADE tie,
na ɔgye wɔn firi wɔn ahohia nyinaa mu.
18 Dwom 51.17 AWURADE bɛn wɔn a wɔn akoma abubuo,
na ɔgye wɔn a wɔn honhom apɛkyɛ.
19 2 Ko 1.5 Ɔteneneeni amaneɛ dɔɔso,
na AWURADE gye no ne nyinaa mu.
20Ɔhwɛ ne nnompe nyinaa,
sɛdeɛ emu baako mpo mmu.
21Bɔne bɛkum ɔbɔnefoɔ,
na wɔn a wɔtane ɔteneneeni no bɛbrɛ mu.
22AWURADE gye ne nkoa kra,
na wɔn a wɔdwane kɔtoa no nyinaa wɔremmu wɔn fɔ.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
