1Aman nyinaa, mommɔ mo nsam,
momfa anigyeɛ nhuro mmɔ ose mma Onyankopɔn.
2Na AWURADE a ɔwɔ sorosoro no ho yɛ hu,
ɔyɛ ɔhenkɛseɛ asase nyinaa so.
3Ɔbrɛ aman ase de hyɛ yɛn ase,
na ɔde nkurɔfoɔ hyɛ yɛn nan ase.
4 Dwom 16.6 Ɔyi yɛn apɛgyadeɛ ma yɛn,
Yakob a ɔdɔ no no animuonyam.
5 Dwom 68.18 Onyankopɔn de anigyeɛ huro kɔ ɔsoro,
AWURADE de totorobɛnto gyegyeɛ kɔ.
6Monto Nyankopɔn dwom, monto ayeyie dwom,
monto dwom mma yɛn hene, monto ayeyie dwom.
7 Dwom 93.1 Na Onyankopɔn ne asase nyinaa so hene,
mommɔ sankuo nto nnweneho dwom.
8Onyankopɔn di amanaman so hene,
Onyankopɔn te n’ahennwa kronkron so.
9 Dwom 89.18 Aman ahene boaboa wɔn ho ano,
Abraham Nyankopɔn man.
Na asase so akyɛm yɛ Onyankopɔn dea,
wɔama no so kɛse.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
