1Monyi AWURADE ayɛ!
Monyi Onyankopɔn ayɛ wɔ ne kronkronbea,
monyi no ayɛ ne tumi wie no mu.
2Monyi no ayɛ ne mmaninyɛ mu,
monyi no ayɛ sɛ ne kɛseyɛ sononko no teɛ.
3Monyi no ayɛ ntotorobɛnto nne so,
monyi no ayɛ bɛnta ne sankuten so.
4Monyi no ayɛ mpintin ne asa so,
monyi no ayɛ asankuhan ne atɛntɛbɛn so.
5Monyi no ayɛ nsambɔ nnawuro a ne nne so so,
monyi no ayɛ nnawuta a ɛgyegye denden so.
6 Dwom 41.13; Adi 5.13 Momma deɛ ɛhome nyinaa nyi AWURADE ayɛ.
Monyi AWURADE ayɛ!
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
