Sakaria 2 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Onipa a ɔkura susuhoma no

1 Hes 40.3 Na memaa m’ani so mehwɛe, na hwɛ, na ɔbarima bi a susuhoma kura ne nsam nie.

2Na mebisaa sɛ: Ɛhe na worekorɔ? Na ɔbuaa see me sɛ: Merekɔ makɔsusu Yerusalem mahwɛ sɛdeɛ ne trɛ ne ne ntwemu teɛ.

3Na hwɛ, ɔbɔfoɔ a ɔne me kasaeɛ no firii adi, na ɔbɔfoɔ foforɔ firii adi kɔhyiaa no,

4Hes 38.11 na ɔka kyerɛɛ no se: Tu mmirika kɔka kyerɛ aberanteɛ yi sɛ: Yerusalem bɛda hɔ sɛ nkuraankuraa a ɛnni afasuo, nnipa ne mmoa a ɛwɔ mu dodoɔ nti;

5Sak 9.8 na me deɛ, AWURADE asɛm nie, me ara ankasa na mɛyɛ no ogya fasuo atwa ne ho mahyia, na mayɛ ne mu animuonyam.

6Huu, huu! Monnwane mfiri atifi fam asase so, AWURADE na ɔseɛ, na matrɛ mo mu sɛ ɔsoro mframa nnan no, AWURADE asɛm nie.

7Huu, Sion, bɔ wo ho adwaa, wo a wo ne Babel babaa teɛ no.

8Deut 32.10 Na sɛ asafo AWURADE seɛ nie: N’animuonyam nti na wasoma me amanaman a wɔfom mo no nkyɛn; na deɛ ɔka mo no, waka AWURADE ani kosua.

9Na hwɛ, wɔn so na mɛhwim me nsa na wɔadanedane fomfa adeɛ ama wɔn nkoa, na moahunu sɛ asafo AWURADE na asoma me.

10To ahurisie dwom ma w’ani nnye, Sion babaa, na hwɛ, mereba mabɛtena wo mu, AWURADE asɛm nie.

11Yes 11.10 Na amanaman bebree de wɔn ho bɛba abɛbɔ AWURADE ho ɛda no, na wɔayɛ me ɔman; na mɛtena wo mu, na wobɛhunu sɛ asafo AWURADE na asoma me wo nkyɛn.

12Sak 1.17 Na AWURADE bɛfa Yuda adi so sɛ ne kyɛfa asase kronkron no so, na wakɔ so afa Yerusalem ayɛ ne deɛ.

13 Hab 2.20 Ma akra nyinaa nyɛ komm, AWURADE anim, ɛfiri sɛ wasɔre wɔ ne tenabea kronkron hɔ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help