Marko 2 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Yesu sa obubuani bi yareɛ(Mateo 9.1-8; Luka 5.17-26)

1Na nna bi akyiri no, ɔkɔɔ Kapernaum bio, na wɔtee sɛ ɔwɔ fie.

2Na nnipa pii bɛhyiae a enti wɔansene aboboano hɔ mpo; na ɔkaa asɛm no kyerɛɛ wɔn.

3Na wɔde obi a ɔyare mmubuo a nnipa baanan so no brɛɛ no.

4Na ɛsiane nkurɔfokuo no nti, na wɔntumi mmɛn no no, wɔkɔpaa ɛdan a ɔwɔ mu no so; na wɔtuu tokuro de kɛtɛ a obubuani no da soɔ no faa mu gyaagyaa no too mu.

5Na Yesu hunuu wɔn gyidie no, ɔsee obubuani no sɛ: Ɔba, wɔde wo bɔne akyɛ wo.

6Na Atwerɛfoɔ a wɔtete hɔ no mu binom dwendwenee wɔn akoma mu sɛ:

7Abuadadie ho asɛmmisa(Mateo 9.14-17; Luka 5.33-38)

18Na Yohane asuafoɔ ne Farisifoɔ redi abuada; na nnipa bi bɛbisaa no sɛ: Adɛn nti na Yohane asuafoɔ ne Farisifoɔ asuafoɔ di abuada, na w’asuafoɔ deɛ, wɔnni abuada?

19Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Ayeforɔkunu ne wɔn wɔ hɔ yi, ayeforɔhyia ahɔhoɔ no bɛtumi adi abuada anaa? Mmerɛ dodoɔ a ayeforɔkunu no wɔ wɔn nkyɛn no deɛ, wɔrentumi nni abuada.

20Na nna bi bɛba a wɔbɛfa ayeforɔkunu no afiri wɔn nkyɛn, ɛno mu na wɔbɛdi abuada.

21Obi mfa ntoma foforɔ sini ntɛ atadeɛ dada mu, anyɛ saa a, ntɛmu no bɛte afiri mu, foforɔ no bɛfiri dada no mu, na nteteeɛ no ayɛ kɛseɛ.

22Na obi mfa bobesa foforɔ ngu nwoma nkotokuo dada mu; anyɛ saa a, bobesa foforɔ no bɛpaepae nkotokuo no, na bobesa no ahwiehwie agu, na nkotokuo no nso asɛe. Na wɔde bobesa foforɔ gu nkotokuo foforɔ mu.

Homedadie ho asɛm(Mateo 12.1-8; Luka 6.1-5)

23Na ɛbaa sɛ ɔkɔfaa aburoofuo bi mu homeda bi; na n’asuafoɔ no rekorɔ no, wɔfitii aseɛ pempanee aburoo mmɛtem no bi.

24Na Farisifoɔ no see no sɛ: Hwɛ, adɛn nti na wɔreyɛ deɛ ɛnni ho kwan sɛ wɔyɛ no homeda yi?

25Na ɔsee wɔn sɛ: Monkenkanee deɛ Dawid yɛeɛ, ɛberɛ a ɛhiaa no, na ɛkɔm dee no ne wɔn a wɔka ne ho no pɛn?

26

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help