1 Yer 4.6 O Benyamin mma,
mommɔ mo ho adwaa mfiri Yerusalem!
Na monhyɛne totorobɛnto wɔ Tekoa,
na monsi frankaa Bet-hakerem!
na adebɔne bi ne ɔsɛeɛ kɛseɛ
repue afiri atifi fam.
2Ɔhoɔfɛni a ɔdɔ ne ho no,
Sion babaa no, mɛtwa no atwene.
3 Yer 4.17 Mmoahwɛfoɔ ne wɔn mmoakuo bɛba ne so;
wɔbɛsisi wɔn ntomadan atwa ne ho ahyia,
na wɔn mu biara adidi n’afa.
4Monkyere ne so ɔsa,
monsɔre mma yɛnkɔtoa no awia ketee.
Yɛnnue, na adeɛ resa,
na anwummerɛ sunsum mu atwe.
5Monsɔre mma yɛnkɔtoa no anadwo,
na yɛnkɔsɛe n’ahemfie no.
6 Yer 5.1 Na sɛ asafo AWURADE seɛ nie:
Mommu Yerusalem nnua ngu,
na monhɔre ho epie,
ɛyɛ kuro a ɛsɛ asotwe,
amimdie nko ara na ɛwɔ mu.
7Sɛdeɛ asubura mu nsuo pu ba no,
sɛ ne bɔne nso pu ba ne no;
wɔte atirimuɔden ne nhyɛsoɔ nka wɔ mu,
yadeɛ ne akuro wɔ m’anim daa.
8O, Yerusalem, ma wɔnkyerɛkyerɛ wo,
na me kra antwe amfiri wo ho,
na mamma woannane amamfo,
asase a obiara nte soɔ.
9Sɛ asafo AWURADE seɛ nie:
Wɔbɛdi Israel nkaeɛ
ho mpɛpɛ sɛ obobe ho.
Himahima wo nsa kɔ nkɛntɛn mu
sɛ obobe abatefoɔ.
10Hwan na menkasa menkyerɛ no, na memmɔ no kɔkɔ,
na wɔate?
Hwɛ, wɔn aso asisi,
na wɔntumi ntie asɛm;
hwɛ, AWURADE asɛm adane wɔn ahohoradeɛ,
ɛnyɛ wɔn dɛ.
11Enti AWURADE abufuhyeɛ ahyɛ me ma,
mabrɛ ne me ho so hyɛ:
Hwie gu mmorɔno so mmotafowa
ne mmeranteɛ asafo no nyinaa so;
na wɔbɛkyere okunu ne ɔyere nyinaa,
akɔkoraa ne deɛ wadi nna ameeɛ.
12Na wɔn afie bɛyɛ afoforɔ deɛ,
nsase ne yerenom nyinaa,
ɛfiri sɛ mɛtene me nsa
maka asase no sofoɔ,
AWURADE asɛm nie.
13 Yer 8.10-12 Na ɛfiri wɔn mu akumaa so kɔsi wɔn mu ɔkɛseɛ soɔ,
wɔn nyinaa yɛ adifudepɛfoɔ,
na ɛfiri odiyifoɔ so kɔsi ɔsɔfoɔ soɔ,
wɔn nyinaa yɛ nkontompofoɔ.
14 Hes 13.10, 16; 1 Te 5.3 Na wɔasa me man kuro adwenhare so
aka sɛ: Asomdwoeɛ, asomdwoeɛ!
Nso asomdwoeɛ nni hɔ.
15Wɔn ani wuu akyiwadeɛ a wɔyɛeɛ no ho?
Dabi, wɔn ani anwu koraa,
na wɔn anim nso ansiam:
Saa nti wɔbɛtotɔ atɔfoɔ mu,
berɛ a mɛba mabɛtwe wɔn aso no, wɔbɛhwehwe ase,
AWURADE na ɔseɛ.
16 Mat 11.29; Yer 44.16 Sɛ AWURADE seɛ nie:
Monkɔgyina akwan so na monhwɛ,
na mommisa tete atempɔn no,
deɛ ɔkwan pa no wɔ, na momfa so,
na monnya home mma mo kra.
Nanso wɔse: Yɛremfa so.
17 Yes 52.8; Hes 3.17 Na masisi mo so awɛmfoɔ sɛ:
Monyɛ aso mma totorobɛnto hyɛne no.
Nanso wɔse: Yɛrentie.
18Ɛno nti, amanaman, montie,
na mo asafo, monhunu deɛ ɛrebɛyɛ wɔn.
19 Deut 32.1; Yes 1.2 Asase, tie, hwɛ, me na mede bɔne mereba ɔman yi soɔ,
wɔn nneyɛɛ so aba no,
ɛfiri sɛ wɔanyɛ aso amma me nsɛm,
na me mmara nso, wɔapo.
20 Yes 1.11 Ɛdeɛn na oduhwamfufuo a wɔde firi Seba ba
ne ahwedeɛ pa a ɛfiri akyirikyiri asase soɔ no yɛ ma me?
Mo hyeɛ afɔdeɛ nsɔ m’ani
na mo kum afɔdeɛ nyɛ me dɛ.
21Enti sɛ AWURADE seɛ nie:
Hwɛ, mede suntidua mɛto ɔman yi anim,
na wɔasuntisunti wɔ so,
agyanom ne mma nyinaa,
na fipamni ne ɔyɔnko ayera.
22 Yer 5.15; Deut 28.49 Sɛ AWURADE seɛ nie:
Hwɛ, ɔman bi firi atifi fam asase so reba,
na ɔman kɛseɛ bi akanyan ne ho firi asase anoano tɔnn,
23 Yer 50.42 wɔkurakura tadua ne pɛmɛ,
wɔn tirim yɛ den na wɔnni atimmɔborɔ;
wɔn nne te sɛ ɛpo huuyɛ,
na wɔtete apɔnkɔ so;
wɔamia sɛ akofoɔ,
sɛ wɔne wo, Sion babaa, rebɛko.
24Yɛate wɔn nka,
yɛn nsam ago,
yɛn ho yera yɛn,
sɛ ɔbaa a ɔreko awoɔ.
25Mfiri adi nkɔ wiram,
na nnante ɔkwan so;
na ɔtamfoɔ kura afena,
ehu atwa wo ho ahyia.
26 Amos 8.10 O me man babaa, fira ayitoma
na yantam nso mu;
twa adwo a ɛte sɛ ɔbakorɔ ho deɛ,
twa agyaadwo a ɛyɛ ya,
ɛfiri sɛ mpofirim na
ɔsɛefoɔ bɛba yɛn soɔ.
27Mede wo masi me man a ɛyɛ sikatwa boɔ so twahwɛfoɔ,
sɛ hunu na sɔ wɔn akwan hwɛ.
28 Hes 22.18 Wɔn nyinaa yɛ asoɔdenfoɔ atuatefoɔ,
wɔnenam di nsekuro,
wɔyɛ kɔbere mfrafraeɛ ne dadeɛ ara nko;
wɔn nyinaa yɛ nkontompofoɔ.
29Afa rehu dendeenden,
ogya rehye sumpii;
wɔbere ho kwa,
ɛfiri sɛ wɔnyii abɔnefoɔ mfirii wɔn mu.
30 Yes 1.22 Wɔfrɛ wɔn dwetɛ a wɔapoɔ,
ɛfiri sɛ AWURADE apo wɔn.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.