1 2 Be 35.1 Na Hesekia soma maa wɔkɔɔ Israel ne Yuda nyinaa so, na ɔtwerɛɛ nwoma nso kɔmaa Efraim ne Manase, sɛ wɔmmra AWURADE fie wɔ Yerusalem, na wɔmmɛdi Twam mma AWURADE Israel Nyankopɔn.
22 Be 30.15 Na ɔhene no ne ne mmapɔmma ne badwa no nyinaa atu agyina wɔ Yerusalem sɛ wɔbɛdi Twam bosome a ɛtɔ so mmienu no so. —
3Na wɔantumi anni no berɛ no mu, ɛfiri sɛ na asɔfoɔ no nnya nyɛɛ wɔn ho kronkron mmaa no nnɔɔso, na ɔman no nso nnya mmoaa wɔn ano Yerusalem. —
4Na nhyehyɛɛ no sɔɔ ɔhene ne badwa no nyinaa ani.
5Na wɔhyɛɛ asɛm no so mmom sɛ wɔmpae no Israel nyinaa mu mfiri Beer-seba nkɔsi Dan, sɛ wɔmmra mmɛdi Twam mma AWURADE Israel Nyankopɔn wɔ Yerusalem, ɛfiri sɛ na wɔmmɔɔ mu nnii no sɛdeɛ wɔatwerɛ no no.
6Na awɛmfoɔ de nwoma a ɛfiri ɔhene ne ne mmapɔmma nsam no sii mu kɔ kɔkyinii Israel ne Yuda nyinaa mu, sɛdeɛ ɔhene mmara no teɛ, kaa sɛ: Israelfoɔ, monsane mmra AWURADE, Abraham, Isak ne Yakob Nyankopɔn nkyɛn, na ɔno nso asane aba wɔn a wɔafiri mu aka ama mo afiri Asiria ahemfo nsam no nkyɛn.
7Na monnyɛ sɛ mo agyanom ne mo nuanom a wɔfomm AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn, na ɔde wɔn yɛɛ ɔsɛeɛ adeɛ, sɛdeɛ mo ara mohunu yi.
8Afei monnsensene mo kɔn sɛ mo agyanom, momfa mo ho mma AWURADE, na mommra ne kronkronbea a wayɛ no kronkron de rekɔsi daa no mu, na monsom AWURADE mo Nyankopɔn, na n’abufuhyeɛ no mfiri mo ho nkɔ.
9Na sɛ mosane ba AWURADE nkyɛn a, mo nuanom ne mo mma bɛnya mmɔborɔhunu, wɔn a wɔfaa wɔn nnommum no nsam, na wɔasane aba asase yi so bio, na ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ ne AWURADE mo Nyankopɔn, na sɛ mosane ba ne nkyɛn a, ɔrenyi n’ani mfiri mo so.
10Ɛnna asomafoɔ no sene firii kuro mu kɔɔ kuro mu, Efraim ne Manase asase so de kɔsii Sebulon tɔnn. Na wɔsereseree wɔn na wɔdii wɔn ho fɛw.
11Nanso ebinom a wɔfirii Aser ne Manase ne Sebulon brɛɛ wɔn ho ase na wɔbaa Yerusalem.
12Na Nyankopɔn nsa baa Yuda nso so, sɛ ɔrema wɔn akoma korɔ sɛ wonni ɔhene ne asafohene no adeɛ a wɔde AWURADE asɛm hyɛeɛ no so.
13Na nkurɔfoɔ bebree boaa wɔn ano wɔ Yerusalem sɛ wɔrebɛdi apiti nnapɔnna no bosome a ɛtɔ so mmienu no so, badwa kɛseɛ pa ara.
14Na wɔsɔre yiyii afɔrebukyia a ɛwowɔ Yerusalem no, na aduhwamhyeɛ afɔrebukyia no nyinaa nso wɔyiyii, na wɔkɔto guu asuwa Kidron mu.
15Num 9.11 Ɛnna wɔkumm Twam Dwan no bosome a ɛtɔ so mmienu no da a ɛtɔ so dunan no. Na asɔfoɔ no ne Lewifoɔ no ani wui, na wɔdwiraa wɔn ho, na wɔde ɔhyeɛ afɔdeɛ baa AWURADE fie.
162 Be 29.34 Na wɔkɔgyinagyinaa wɔn agyinaeɛ, sɛdeɛ wɔn amanneɛ no teɛ, Nyankopɔn nipa Mose mmara mu. Na asɔfoɔ no gyee mogya no Lewifoɔ no nsam de petee.
17Ɛfiri sɛ na nnipa bebree wɔ badwa no mu a wɔnnya nyɛɛ wɔn ho kronkron, na Lewifoɔ no de Twam nnwan no kum ara maa wɔn a wɔn ho nteɛ no nyinaa, sɛ ɛnyɛ kronkron mma AWURADE.
18Eks 12 Na ɔman no mu dodoɔ, nnipa bebree a wɔfiri Efraim ne Manase ne Isakar ne Sebulon annya annwira wɔn ho, na wɔdii Twam no, nso ɛnyɛ sɛdeɛ wɔatwerɛ no. Ɛfiri sɛ Hesekia bɔɔ mpaeɛ maa wɔn, na ɔkaa sɛ: AWURADE a woyɛ, fa kyɛ
19obiara a wasiesie n’akoma sɛ ɔrehwehwɛ Onyankopɔn, AWURADE n’agyanom Nyankopɔn, mpo sɛ ɛnyɛ kronkronbea ahodwira so a.
20Na AWURADE tiee Hesekia, na ɔsaa ɔman no yadeɛ.
21Na Israelfoɔ a wɔhunuu wɔn Yerusalem no dii apiti nnapɔnna no nnanson anigyeɛ kɛseɛ mu, na Lewifoɔ ne asɔfoɔ no de AWURADE nsankuo no yii AWURADE ayɛ nna nyinaa.
222 Be 32.6 Na Hesekia kaa Lewifoɔ a wɔwɔ AWURADE ho nimdeɛ pa no nyinaa abotɔyam asɛm, na wɔdii afahyɛ afɔrebɔdeɛ no nnanson, na wɔbobɔɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ, na wɔkamfoo AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn no.
23Na badwa no nyinaa penee so, sɛ wɔbɛdi Twam no nnanson foforɔ nso, na wɔde anigyeɛ dii nnanson no bio.
242 Be 35.7 Na Ɔhene Hesekia yii anantwinini apem ne nnwan mpemnson maa badwa no, na mmapɔmma no nso yii anantwie apem ne nnwan mpemdu maa badwa no. Na asɔfoɔ bebree dwiraa wɔn ho.
25Na Yuda badwa no nyinaa ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ no, ne asafo a wɔfiri Israel baeɛ no nyinaa nso, ahɔhoɔ a wɔfiri Israel asase so baeɛ no ne wɔn a wɔte Yuda no ani gyee.
26Na anigyeɛ kɛseɛ baa Yerusalem; anigyeɛ a ɛfiri Dawid ba Salomo berɛ so ebi mmaa Yerusalem saa da.
27Ɛnna asɔfoɔ ne Lewifoɔ no sɔreeɛ na wɔhyiraa ɔman no. Na wɔtee wɔn nne, na wɔn mpaebɔ duruu ne tenabea kronkron no ɔsoro.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.