1Asɛm a ɛfiri AWURADE nkyɛn baa Yeremia nkyɛn, sɛ:
2Kɔgyina AWURADE fie ponkɛseɛ mu, na kɔpae asɛm yi hɔ ka sɛ: Montie AWURADE asɛm, mo Yudafoɔ nyinaa a mofa aponkɛseɛ yi mu bɛsɔre AWURADE.
3 no, na wɔagu anyame foforɔ ahwiesa, de yi me abufuo.
19Me na wɔyi me abufuo? AWURADE asɛm nie, ɛnyɛ wɔn ho na wɔyɛ no sakasaka?
20Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, wɔbɛhwie m’abufuo ne m’aboɔhyeɛ agu ɛha yi, nnipa ne mmoa, wira mu nnua ne asase so aba so, na adɛre a ɛrennum.
21 Dwom 50.8-15 Sɛdeɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn seɛ nie: Momfa mo hyeɛ afɔdeɛ nka mo kum afɔdeɛ ho, na monni nam.
22Mika 6.6-8; 1 Sa 15.22 Ɛfiri sɛ da a meyii mo agyanom firii Misraim asase soɔ no, manka wɔn ɔhyeɛ afɔdeɛ ne okum afɔdeɛ ho asɛm na manhyɛ wɔn ɛho mmara biara,
23Eks 19.5 na mmom asɛm yi ho mmara na mehyɛɛ wɔn sɛ: Montie me, na mɛyɛ mo Onyankopɔn, na mo nso moayɛ me ɔman; na monnante me kwan a mahyɛ mo ho mmara nyinaa so, na awie mo yie.
24Yer 11.18; Yes 65.2 Nanso wɔantie, na wɔammrɛ wɔn aso ase, na wɔfaa wɔn ara wɔn akwan so, dii wɔn akoma bɔne denyɛ akyi, na wɔsanee wɔn akyi, na wɔankɔ anim.
25Ɛfiri da a mo agyanom firii Misraim asase so de bɛsi nnɛ da yi, masoma me nkoa, adiyifoɔ no nyinaa, aba mo nkyɛn; daa na metuaa nhema mesomaa wɔn,
26Yer 16.12 nanso wɔantie me, na wɔammrɛ wɔn aso ase, na wɔsenee wɔn kɔn yɛɛ bɔne sene wɔn agyanom.
27Na woka nsɛm yi nyinaa kyerɛ wɔn a, wɔrentie wo, na wofrɛ wɔn a, wɔrennye wo so.
28Yer 5.1 Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Yei ne ɔman a wɔntie AWURADE wɔn Nyankopɔn na wɔnnye atenetene no; nokorɛ asa, na atu afiri wɔn anomu.
29Yi wo tirinwi gu,
na twa mpampa pataa so agyaadwo,
na AWURADE apo nnɛɛmmafoɔ a
ne bo afu wɔn no, asum wɔn agu.
30 Yer 32.34 Na Yuda mma ayɛ m’ani so bɔne, sɛ AWURADE seɛ nie, wɔde wɔn akyiwadeɛ asisi efie a wɔde me din atoɔ no mu, de agu ho fi;
312 Ah 23.10; Lew 18.21 na wɔasisi Tofet sorɔnsorɔmmea a ɛwɔ Hinom ba bonhwa mu no, de hye wɔn mmabanin ne wɔn mmammaa ogya mu; nso menhyɛɛ wɔn saa, na ɛmmaa m’adwene mu saa da.
32Yer 19.6 Enti sɛ AWURADE seɛ nie, hwɛ, nna bi reba a wɔremfrɛ no Tofet anaa Hinom ba bonhwa bio, na mmom okum bonhwa, na wɔbɛsie nnipa Tofet hɔ, amusiebea a wɔnnya nti.
33Yer 19.7; 9.22 Na ɔman yi afunu bɛyɛ aduane ama ewiem nnomaa ne asase so mmoa, a wɔrennya obi rempam wɔn.
34Yer 16.9 Na mɛgu Yuda nkuro mu ne Yerusalem mmorɔno so ahosɛpɛ nne ne anigyeɛ nne, ayeforɔkunu nne ne ayeforɔ nne, ɛfiri sɛ asase no bɛdane amamfo.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.