Hebrifoɔ 2 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Nkwagyeɛ kɛseɛ no

1Yei nti ɛsɛ sɛ yɛsɔ nnoɔma a yɛateɛ no mu den ma no boro soɔ, na yɛamfiri ho da bi.

2

8wode nnoɔma nyinaa ahyɛ ne nan ase.

Na sɛ ɔde nnoɔma nyinaa ahyɛ n’ase yi, wannya biribiara a wamfa anhyɛ n’aseɛ. Na seesei deɛ, yɛnnya nhunuu sɛ wɔde nnoɔma nyinaa ahyɛ n’ase.

9Flp 2.8-9 Na mmom, yɛhunu Yesu, deɛ berɛ tiawa bi mu, wɔbrɛɛ no ase senee abɔfoɔ no, sɛdeɛ ɔbɛfa Onyankopɔn adom so bɛka owuo ahwɛ ama nnipa nyinaa. Seesei ɛsiane owuo amanehunu nti, wɔde animuonyam ne anidie abɔ no abotire.

Ɔnam amanehunu so duru ne pɛyɛ mu

10 Rom 11.36 Na ɛfataa deɛ ne nti nnoɔma nyinaa wɔ hɔ na ɛnam ne so na nnoɔma nyinaa wɔ hɔ, deɛ ɔde mma bebree baa animuonyam mu no, sɛ ɔde wɔn nkwagyeɛ safohene nam amanehunu mu bɛkɔ pɛyɛ mu.

11 Mar 3.34-35; Mat 25.40; Yoh 20.17 Na deɛ ɔte yɛn ho ne wɔn a wɔate wɔn ho nyinaa wɔ abɔseɛ baako, ne saa nti ɛnyɛ no aniwu sɛ ɔbɛfrɛ wɔn anuanom,

12Dwom 22.22 sɛ:

Mɛbɔ wo din makyerɛ me nuanom,

asafo mu na mɛto ayeyie dwom mama woɔ.

13 Yes 8.17; 8.18 Na bio:

Mede me ho bɛto ne so.

Na bio nso:

Hwɛ, me ne mma a Onyankopɔn de wɔn ama me no nie.

Ɔsɔfo Panin Yesu de ɔno ara ne ho bɔ afɔdeɛ

14 Heb 2.17; 2 Ti 1.10; Yoh 12.31 Enti sɛ mma no anya honam ne mogya korɔ no bie no, saa ara na ɔno nso faa mu bi, sɛ ɔnam owuo so bɛtu deɛ ɔwɔ owuo tumi a ɔne ɔbonsam no,

15na wagye wɔn a anka owuo ho hu nti wɔayɛ nkoa, nna a wɔde te aseɛ nyinaa.

16Na ampa ara, ɛnyɛ abɔfoɔ na ɔsɔ wɔn mu gye wɔn, na mmom Abraham asefoɔ na ɔsɔ wɔn mu gye wɔn.

17Flp 2.7 Enti ɛhiaa no sɛ ɔsɛ ne nuanom nnoɔma nyinaa mu, na wayɛ mmɔborɔhunu ne nokorɛ sɔfo panin, Nyankopɔn fam nnoɔma no mu, na wayɛ ɔman no bɔne ho mpata.

18Heb 4.5 Na ɛnam sɛ ɔno ara hunuu sɔ a wɔsɔɔ no hwɛeɛ mu amaneɛ nti, ɔtumi boa wɔn a wɔsɔ wɔn hwɛ no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help