Nnwom 55 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Deɛ ayɔnkofoɔ ayi no amaWɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔmfa sankuo nto. Dawid nnweneho dwom.

1Onyankopɔn, yɛ aso tie me mpaebɔ,

na nhunta wo ho mfiri me nkotosrɛ ho.

2Wɛn w’aso ma me, na gye me so.

M’adwene mu nnwane wɔ m’abooboo mu, na mesi apini,

3ɔtamfoɔ nne

ne ɔbɔnefoɔ ahodwan nti.

Na wɔbɔ mmusuo gu me so,

na wɔde abufuo tane me.

4M’akoma pere wɔ me mu,

na owuo ho hu agu me so.

5Suro ne ahopopoɔ aba me so,

na ahoyera akata me so.

6 Dwom 11.1 Na mese: O, sɛ mewɔ ntaban sɛ aburuburo deɛ ɛ,

anka mɛtu makɔtena baabi.

7Aane, anka mɛdwane makɔ akyirikyiri,

na makɔtena serɛ so.

8Anka mɛyɛ ntɛm madwane mafiri mframa kɛseɛ

ne ahum yi mu.

9 2 Sa 17.14 AWURADE, yɛ wɔn basabasa, paepae wɔn tɛkyerɛma mu,

na mahunu amimdie ne aperedie, kuro no mu.

10Awia ne anadwo wɔnam

n’afasuo so twa ho hyia,

na amumuyɛ ne ɔhaw wɔ mu.

11Amammɔsɛm wɔ mu,

na nhyɛsoɔ ne nnaadaa

mpa n’abɔntene so.

12Na ɛnyɛ ɔtamfoɔ na ɔbɔ me ahohora,

ɛno deɛ, anka mɛtie.

Ɛnyɛ deɛ ɔkyiri me na ɔkyerɛ ne ho wɔ me soɔ,

anka mede me ho bɛhunta no.

13 Dwom 41.9; 2 Sa 15.12 Na wo dasani a me ne wo bɔ soɔ,

me yɔnko ne me manni,

14wo a wo ne me di atirimusɛm dɛdɛ,

na yɛnam yɔɔ kɔ Nyankopɔn fie.

15Ma owuo nto nsi wɔn so,

ma wɔnsiane nkɔ Asamando anikan,

na nsɛmmmɔne wɔ wɔn tenabea ne wɔn mu.

16Me deɛ, mɛsu mafrɛ Onyankopɔn,

na AWURADE abɛgye me.

17Anwummerɛ ne anɔpa ne awigyina

na mɛdwene me tirim na masi apini,

na ɔbɛte me nne.

18Wagye me kra asomdwoeɛ mu,

na wɔammɛn me,

na wɔn a wɔne me anya dɔɔso.

19 Dwom 102.26 Onyankopɔn bɛte na wabua wɔn.

Na ɔno na ɔte hɔ firi teteete.

Wɔn deɛ, wɔnsakyera,

nanso wɔnsuro Onyankopɔn.

20Ɔtene ne nsa ne nnamfonom so,

wabu n’apam so.

21 Yer 9.7; Dwom 57.4 N’anomu nsɛm yɛ fekɔɔ sene bɔta,

na ɔko wɔ n’akomam.

Ne nsɛm mu dwo bɛtɛɛ sene ngo,

nanso ɛyɛ mfena a wɔatwe.

22 1 Pe 5.7 Dane w’adesoa to AWURADE so,

na ɔbɛsɔ wo mu,

ɔremma ɔteneneeni

ntwe n’anan mu da.

23 Dwom 102.24 Na wo, Onyankopɔn, wode wɔn

bɛkɔ ɔsɛeɛ amena mu,

mogyapɛfoɔ ne nnaadaafoɔ

renni wɔn nna fa,

na me deɛ, mede me ho meto wo so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help