Numeri 14 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Ɔman no nwiinwii

1 Deut 1.26-44 Ɛnna asafo mu no nyinaa memaa wɔn nne soɔ, na ɔman no suu anadwo no.

2Eks 16.3 Na Israelfoɔ no nyinaa nwiinwii tiaa Mose ne Aaron, na asafo no nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛkaa yɛn nko a, anka yɛwuwui wɔ Misraim asase so, anaa ɛserɛ so ha mpo. Ɛkaa yɛn nko a, anka yɛawuwu.

3Dwom 106.24 Na adɛn nti na AWURADE de yɛn reba asase yi so sɛ yɛmmɛtotɔ nkrantɛ ano, na wɔmfa yɛn yerenom ne yɛn mma nnommum? Ɛnyɛ yɛ na ɛyɛ ma yɛn sɛ yɛbɛsane akɔ Misraim bio?

4Na wɔsesee wɔn ho wɔn ho sɛ: Momma yɛnsi otitire na yɛnsane nkɔ Misraim.

5Num 16.4 Ɛnna Mose ne Aaron de wɔn anim butubutuu fam, Israelfoɔ asafo badwa no nyinaa anim.

6 Num 13.16, 30 Na Nun ba Yosua ne Yefune ba Kaleb a wɔfra asase no srafoɔ no mu no sunsuanee wɔn ntadeɛ mu,

7na wɔka kyerɛɛ Israelfoɔ asafo no nyinaa sɛ: Asase a yɛtwaa mu kɔsraeɛ no yɛ asase pa ara.

8Num 13.27 Sɛ yɛsɔ AWURADE ani a, ɔde yɛn bɛduru asase no so na ɔde ama yɛn, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ.

9AWURADE ani so atua ara nko na monnteɛ, na monnsuro asase no sofoɔ no, na wɔyɛ yɛn aduane; wɔn kataman afiri wɔn so, na yɛn deɛ, AWURADE di yɛn akyi, monnsuro wɔn.

10Eks 17.4; 16.10 Na asafo no nyinaa kaa sɛ wɔnsi Yosua ne Kaleb aboɔ.

Ɛnna AWURADE animuonyam puee ahyiaeɛ ntomadan no mu kyerɛɛ Israelfoɔ no nyinaa.

11Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Ɔman yi bɛbu me animtia akɔsi da bɛn? Na ɛnkɔsi da bɛn na wɔrennye me nnie, nsɛnkyerɛnneɛ a mayɛ no wɔn mu no nyinaa akyi?

12Eks 32.10-14 Mede owuyadeɛ mɛbobɔ wɔn na masɛe wɔn, na mede wo mayɛ ɔman kɛseɛ a ɛyɛ den sene wɔn.

13Na Mose ka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Ɛno deɛ, Misraimfoɔ bɛte, ɛfiri sɛ wode wo tumi na ayi ɔman yi afiri wɔn mu;

14na wɔbɛka akyerɛ asase yi sofoɔ. Wɔate sɛ wo, AWURADE, wowɔ ɔman yi mu a woma wɔhu wo anim ne anim, AWURADE, na wo mununkum gyina wɔn so, na wo na wodi wɔn anim mununkum dum mu awia, ne ogya dum mu anadwo;

15na sɛ wokum ɔman yi sɛ onipa koro a, anka amanaman a wɔate wo nka no bɛka sɛ:

16Deut 9.28 Ɛnam sɛ AWURADE antumi amfa ɔman yi ankɔ asase a ɔkaa wɔn ho ntam no soɔ nti, na waku wɔn ɛserɛ soɔ.

17Enti, mesrɛ wo, ma AWURADE tumi no nyɛ kɛseɛ, sɛdeɛ wokaa sɛ:

18Eks 34.6 AWURADE yɛ abufuo mu nyaa na n’adɔeɛ so. Ɔde amumuyɛ ne mmrato kyɛ, na bem na ɔmmu deɛ ɔdi fɔ; na ɔtua nananom amumuyɛ so ka de fa mma so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ mmiɛnsa ne nnan so.

19Fa ɔman yi amumuyɛ kyɛ wɔn ɛ, sɛdeɛ w’adom kɛseɛ no teɛ ne sɛdeɛ wode akyɛ ɔman yi firi Misraim abɛduru ha yi no.

20Na AWURADE kaa sɛ: Mede akyɛ wɔn sɛdeɛ w’asɛm seɛ no,

21Eks 9.16 nanso sɛ mete aseɛ na AWURADE animuonyam bɛhyɛ asase nyinaa ma yi,

22mmarima no a wɔhunuu m’animuonyam ne me nsɛnkyerɛnneɛ a meyɛɛ no Misraim ne ɛserɛ soɔ no a wɔasɔ me ahwɛ mprɛdu nie na wɔantie me nne no nyinaa,

23Dwom 95.11; Heb 3.17-19 ampa ara, wɔrenhunu asase a mekaa ho ntam mekyerɛɛ wɔn nananom no, na wɔn a wɔate me atua no mu biara renhunu.

24Yos 14.6, 9 Na m’akoa Kaleb deɛ, sɛ honhom a ɛso wɔ ne mu na wadi m’akyi awie nti, mede no bɛduru asase a ɔkɔɔ soɔ no so, na n’asefoɔ adi so.

25Na Amalekfoɔ ne Kanaanfoɔ no te bonhwa no mu, ɔkyena monnane mo ho ntu nkɔ ɛserɛ so, Mmɛwa Po kwan so.

Anwiinwiifoɔ no asotwe

26Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ:

27Mentɔ me bo ase memma asafo bɔne yi a wɔnwiinwii tia me no nkɔsi da bɛn? Israelfoɔ anwiinwii a wɔnwiinwii tia me no, mate.

28Ka kyerɛ wɔn sɛ: Me ara sɛ mete aseɛ yi, AWURADE na ɔseɛ, sɛdeɛ moakasa agu m’aso mu no, saa ara na mɛyɛ mo:

29Ɛserɛ yi so ara na mo afunu bɛdeda; mo mu nnipa a wɔkan wɔn sɛdeɛ mo nyinaa ano sie firi wɔn a wɔadi mfeɛ aduonu de rekorɔ, mo a monwiinwii tiaa me no,

30morennuru asase a memaa me nsa so mekyerɛɛ sɛ mede mo bɛtena soɔ no so, gye Yefune ba Kaleb ne Nun ba Yosua.

31Na mo mma a moka sɛ wɔbɛfa wɔn nnommum no, wɔn na mede wɔn bɛkɔ soɔ, na wɔahunu asase a moto ho pe no.

32Na mo deɛ, mo afunu bɛdeda ɛserɛ yi so,

33na mo mma ayɛ mmoahwɛfoɔ, ɛserɛ so, mfirinhyia aduanan, na wɔasoa mo adwamammɔ akɔsi sɛ mo afunu bɛwie sa ɛserɛ soɔ.

34Yer 2.19 Nna a mode kɔsraa asase no dodoɔ a ɛsi adaduanan no mu na monsoa mo amumuyɛ no mfirinhyia aduanan, da koro da koro nyɛ afe afe, na moahunu me poɔ a mapo mo no.

35Me, AWURADE, na maka: Ampa ara, yei na mede bɛyɛ asafo bɔne a wɔayɛ dɔm atia me yi nyinaa. Ɛserɛ yi so ara na wɔbɛsa, na wɔawuwu wɔ hɔ.

36 1 Ko 10.5, 10; Yuda 5 Na mmarima a Mose soma maa wɔkɔsraa asase no a wɔsane baeɛ na wɔmaa asafo no nyinaa nwiinwii tiaa no sɛ wɔmaa asase no ho atenka bɔne tenneeɛ no,

37mmarima a wɔmaa asase no ho atenka bɔne tenneeɛ no wuwuu atɔfoɔ wuo AWURADE anim,

38Num 14.30 gye Nun ba Yosua ne Yefune ba Kaleb a wɔfra mmarima a wɔkɔsraa asase no mu no nko.

Wɔn a wɔantie Nyankopɔn asɛm no asotwe

39Na Mose kaa nsɛm yi nyinaa kyerɛɛ Israelfoɔ no nyinaa; na ɔman no dii abooboo pii.

40Num 13.17 Na wɔtuaa nhema foro kɔɔ bepɔ no atifi kaa sɛ: Yɛn nie, yɛbɛforo akɔ deɛ AWURADE kaeɛ hɔ, ɛfiri sɛ yɛayɛ bɔne.

41Na Mose kaa sɛ: Adɛn na mofom AWURADE asɛm no ho yi? Yei deɛ, ɛrenyɛ yie.

42Mommforo nnkɔ, na AWURADE nni mo mu, na moantotɔ mo atamfoɔ anim;

43na Amalekfoɔ ne Kanaanfoɔ wɔ mo anim hɔ, na mobɛtotɔ nkrantɛ ano; na ɛnam sɛ moasane afiri AWURADE akyiri nti, AWURADE nso renni mo akyi.

44Na wɔtintim wɔn anim foro kɔɔ bepɔ no atifi; na AWURADE apam adaka no ne Mose anka wɔn ho amfiri nsraban no mu.

45Num 21.3 Ɛnna Amalekfoɔ ne Kanaanfoɔ a wɔte bepɔ no soɔ no siane ba bɛkunkumm wɔn bobɔɔ wɔn pete kɔduruu Horma.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help