Sefania 1 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

AWURADE atemmuo da no

1 Yer 1.2 AWURADE asɛm a ɛbaa Sefania a ɔyɛ Kusi ba Gedalia ba Amaria ba Hesekia ba nkyɛn, Yudahene Yosia a ɔyɛ Amon ba berɛ soɔ nie.

2Pra na mɛpra ade nyinaa

afiri asase ani akorɔ, AWURADE asɛm nie.

3 Mat 13.41 Mɛpra onipa ne aboa akɔ,

mɛpra ewiem nnomaa

ne ɛpo mu mpataa akɔ,

ne suntidua ɛne abɔnefoɔ,

na matwitwa nnipa

afiri asase ani agu, AWURADE asɛm nie.

4 2 Ah 23.5; Hos 10.5 Na mɛtene me nsa, Yuda so

ne Yerusalemfoɔ nyinaa so,

na mɛtwa Baal nkaeɛ

ne abosomfoɔ asɔfoɔ ne AWURADE asɔfoɔ a wɔapo no no din afiri ha yi agu,

5 Yer 19.13; 49.1 ne wɔn a wɔsɔre ewiem nnoɔma

wɔ adan atifi,

ne asɔrefoɔ a wɔkeka AWURADE ntam

na wɔkeka Milkom ntam

6ne wɔn a wɔsane firi AWURADE akyi

ne wɔn a wɔnhwehwɛɛ AWURADE na wɔmmisaa n’akyiri kwan no.

7 Hab 2.20 Monyɛ komm AWURADE Nyankopɔn anim,

na AWURADE da no abɛn,

na AWURADE asiesie okum afɔdeɛ,

wadwira wɔn a wafrɛ wɔn no.

8Na AWURADE kum afɔdeɛ da no,

mɛtwe mmapɔmma ne ahenemma no

ne wɔn a wɔhyɛ ananafoɔ ntadeɛ nyinaa aso.

9Na ɛda no, mɛtwe obiara a ɔhuri tra aponnwa aso,

wɔn a wɔde ɔhyɛ ne nsisie hyehyɛ

wɔn wuranom afie amaama.

10Na ɛda no, AWURADE asɛm nie,

esu nne bɛfiri Mpataa Pono no ano,

na adwotwa afiri Ɔfa a ɛtɔ so Mmienu no mu,

na ɔsɛeɛ kɛseɛ afiri nkokoɔ no so aba.

11Montwa adwo, mo a mote Mortar no,

ɛfiri sɛ wɔasɛe adwadifoɔ asafo no nyinaa,

na wɔatwitwa wɔn a wɔasoa dwetɛ nyinaa.

12Na ɛberɛ no mu mede nkanea bɛhwehwɛ Yerusalem mu,

na matwe nnipa a

wɔagya wɔn ho ama bɔne no aso,

wɔn a wɔse no wɔn akoma mu sɛ:

AWURADE renyɛ

ho hwee.

13 Amos 5.11; Deut 28.39 Na wɔn ahonyadeɛ bɛdane fomfa adeɛ,

na wɔn afie adeda mpan.

Wɔbɛsisi adan,

na wɔrentena mu,

na wɔbɛyɛ bobe nturo,

na wɔrennom mu nsa.

14 Yoel 1.15 AWURADE da kɛseɛ no abɛn,

abɛn na ɛrepɛ ntɛm sɛ;

AWURADE da no nne yɛ nwono sɛ!

ɔdɔmmarima team denden wɔ hɔ.

15 Yer 13.7 Ɛda no yɛ anibereɛ da,

ahohiahia ne ahokyere da,

ɔsɛeɛ ne amamfoyɛ da,

esum ne kusuuyɛ da,

mununkum ne kusukuukuu da,

16totorobɛnto ne osebɔ da a ɛreba

afasuo mu nkuro

ne aban atentene ano sorɔnsorɔn soɔ.

17Na mɛhiahia nnipa ho

na wɔanante sɛ anifirafoɔ,

ɛfiri sɛ AWURADE na wɔayɛ no bɔne;

na wɔn mogya bɛgu sɛ mfuturo,

na mato wɔn honam agu sɛ sɛbeɛ.

18Wɔn sika ne wɔn dwetɛ nso

rentumi nnye wɔn

AWURADE abufuo da no,

na ne ninkuntwe gya no

mu na asase no nyinaa bɛhyeɛ,

na ɔdwerɛ a ɛba mpofirim ara

na ɔde bɛba asase sofoɔ nyinaa soɔ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help