1 Yes 14.29-32; Hes 25.15-17 AWURADE asɛm a ɛbaa Odiyifoɔ Yeremia nkyɛn Filistifoɔ ho, ansa na Farao reba abɛkunkum Gasa nie:
2Sɛ AWURADE seɛ nie:
Hwɛ, nsuo rema ne ho so afiri atifi fam
na ayɛ asuo a ɛreyiri
asram asase ne ne mayɛ,
kuro no ne wɔn a wɔte mu no soɔ.
Na nnipa bɛteateam,
na asase no sofoɔ abɔ abubuo,
3wɔn apɔnkɔ akunini ntɔte a ɛsisi fam tim tim no kitikitiyɛ
ne wɔn nteaseɛnam a ɛyɛ twɛtwɛrɛdɛdɛ ne ne nan huuyɛ nti,
agyanom nnane wɔn ani nhwɛ wɔn mma,
wɔn nsa mu goɔ no nti,
4 Amos 9.7 ɛda a ɛreba abɛsɛe
Filistifoɔ nyinaa
atwitwa Tiro ne Sidon
aboafoɔ a aka no nyinaa nti,
na AWURADE rebɛsɛe Filistifoɔ,
Kaftor supɔ mu nkaeɛ no.
5 Amos 1.6-8; Sef 2.4; Sak 9.5; Yer 41.5; 48.37 Atipa aba Gasa so,
Askelon ne wɔn
bonhwa mu nkaeɛ asɛe pasaa.
Wobɛbɔ wo ho akam akɔsi da bɛn?
6Ao, AWURADE afena,
ɛnkɔsi da bɛn ansa na woayɛ komm?
Sane kɔhyɛ wo boha mu,
home na yɛ dinn ɛ!
7Ɛbɛyɛ dɛn na ayɛ komm,
berɛ a AWURADE ahyɛ no yi?
Askelon ne mpoano hɔ
na wahyɛ sɛ ɛmmra.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
