1 Eks 28.38; Lew 16.32-33 Na AWURADE ka kyerɛɛ Aaron sɛ: Wo ne wo mma ne wo mpanimfie nyinaa, monsoa kronkronbea no ho amumuyɛ, na wo ne wo mma a wɔka wo ho no, monsoa mo asɔfodie ho amumuyɛ.
2Num 3.6-10 Na wo nuanom nso, Lewi abusuakuo, w’agya abusuakuo no, fa wɔn ka wo ho bra, na wɔmmoa wɔ ɔsom mu; nanso wo ne wo mma a wɔka wo ho no na monsom, adanseɛ ntomadan no anim,
3na wɔnkura w’adwuma no mu bi na wɔnyɛ ntomadan no ho nnwuma nyinaa; na kronkronbea nnoɔma ne afɔrebukyia no ho nko na wɔmmpini, na wɔne mo nyinaa nso anwuwu.
4Na wɔnka wo ho, na wɔnkura ahyiaeɛ ntomadan no ho adwuma no mu, nyɛ ntomadan no ho adwuma nyinaa, na onipa foforɔ biara ammɛn mo.
5Num 16.46 Na monhwɛ kronkronbea no ho nnwuma no ne afɔrebukyia no ho nnwuma no, na abufuhyeɛ bi amma Israelfoɔ no so bio.
6Num 3.12, 45 Na me deɛ, hwɛ, mafa mo nuanom Lewifoɔ afiri Israelfoɔ no mu ama mo sɛ akyɛdeɛ a wɔde ama AWURADE, sɛ wɔnyɛ ahyiaeɛ ntomadan no ho som adwuma no.
7Num 1.51 Na wo ne wo mma a wɔka wo ho no nhwɛ mo asɔfodie no, afɔrebukyia no ho nsɛm nyinaa mu ne ntwamutam no mu deɛ no mu mfa nsom. Mede mo asɔfodie no mama mo sɛ akyɛdeɛ som adwuma; na obi foforɔ biara a ɔpinkyɛ no, wɔnku no.
8 Lew 2.3, 10; 6.16-18, 26-28; 7.6-10 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Aaron sɛ: Me deɛ, hwɛ, mede me mmasoɔ adeɛ so hwɛ mema wo; Israelfoɔ akronkronneɛ nyinaa, mede mama wo ne wo mma sɛ daa kyɛfa.
9Akronkronneɛ mu ade kronkron a ɛfiri ogya no mu a ɛnyɛ wo deɛ nie: Wɔn ayɛyɛdeɛ biara a wɔde ba, wɔn aduane afɔdeɛ biara ne wɔn bɔne ho afɔdeɛ biara ne wɔn asodie ho afɔdeɛ biara a wɔde brɛ me nyɛ akronkronneɛ mu ade kronkron mma wo ne wo mma no.
10Di no faako a ɛhɔ yɛ kronkron pa ara, mmarima nyinaa nni bi, ɛnyɛ wo ade kronkron.
11Lew 10.14 Na yei nso nyɛ wo deɛ: Wɔn ayɛyɛdeɛ mu mmasoɔ adeɛ, Israelfoɔ him afɔdeɛ nyinaa; wɔde ama wo ne wo mmammarima ne wo mmammaa a wɔka wo ho sɛ daa kyɛfa; obiara a ne ho teɛ wo fie mu nni bi.
12Ngo foforɔ mu deɛ ɛyɛ koraa no nyinaa ne nsa foforɔ ne ayuo mu deɛ ɛyɛ koraa no nyinaa, emu adikan a wɔde ma AWURADE no, wo na wɔde ama woɔ.
13Eks 23.19; Deut 18.4 Wɔn asase so ade nyinaa mu adikan a wɔde brɛ AWURADE no, ɛnyɛ wo deɛ; obiara a ne ho teɛ wɔ wo fie nni bi.
14Lew 27.28 Israel mu ahyiradeɛ nyinaa nyɛ wo deɛ.
15Eks 13.12-13; 34.19-20 Adeɛ biara a ɛbue yafunu ano ɔhonam nyinaa mu a wɔde brɛ AWURADE no, onipa oo, afieboa oo, ɛnyɛ wo deɛ; nnipa mmakan ne afieboa a wɔn ho nteɛ mmakan nso, wɔnhyɛ wɔn ananmu.
16Na ananmuhyɛdeɛ no deɛ, (deɛ wadi bosome no, ma wɔnnye no) dwetɛ nnwetɛbena nnum a wobɛhyɛ ama wɔn sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena a ano si gera aduonu no teɛ.
17Na nantwie abakan anaa odwanten abakan anaa abirekyie abakan deɛ, mma wɔnnhyɛ ananmu, na wɔyɛ kronkron; fa wɔn mogya pete afɔrebukyia no so na hye wɔn sradeɛ ma no nyɛ ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE.
18Na wɔn nam nyɛ wo deɛ sɛ ohim yan ne srɛ nifa no yɛ wo deɛ no.
19Akronkronneɛ mu mmasoɔ adeɛ a Israelfoɔ de brɛ AWURADE nyinaa, mede mama wo ne wo mmammarima ne wo mmammaa a wɔka wo ho no sɛ daa kyɛfa; ɛnyɛ AWURADE anim daa nkyene apam mma wo ne w’asefoɔ a wɔka wo ho no.
20 Num 35; Deut 10.9; 12.12; Yos 13.14, 33 Na AWURADE ka kyerɛɛ Aaron sɛ: Wɔn asase no bi na worennie, na worennya kyɛfa biara wɔn mu: Mene wo kyɛfa ne w’agyapadeɛ Israelfoɔ mu.
21 Lew 27.30 Na Lewifoɔ no deɛ, wɔn som a wɔsom wɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu no nti, hwɛ, mede Israel mu ntotosoɔ du du nyinaa mama wɔn sɛ agyapadeɛ.
22Na Israelfoɔ no mmpinkyɛ ahyiaeɛ ntomadan no bio, na wɔamfa mmusuo anwuwu;
23na Lewifoɔ no deɛ, wɔn na wɔnyɛ ahyiaeɛ ntomadan no ho som adwuma, na wɔnsoa ɛho mmusuo: Ɛyɛ daa ahyɛdeɛ mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu; Israelfoɔ mu deɛ, wɔrennya agyapadeɛ biara.
24Na Israelfoɔ ntotosoɔ du du a wɔmema so yɛ mmasoɔ adeɛ ma AWURADE no, mede mama Lewifoɔ no sɛ agyapadeɛ, ɛno nti na maka no wɔn ho sɛ: Wɔrennya agyapadeɛ biara Israelfoɔ mu no.
25Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:
26Lewifoɔ no deɛ, kasa kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ mogyegye Israelfoɔ hɔ ntotosoɔ du du a mede mama mo firi wɔn nkyɛn sɛ mo agyapadeɛ no a, ɛnneɛ momma emu bi so nyɛ AWURADE mmasoɔ adeɛ, ntotosoɔ du du no mu ntosoɔ du.
27Na wɔmmu mo mmasoɔ adeɛ mma mo sɛ ayuporebea ayuo ne nsa-kyi-amena mu adenya.
28Enti mo nso momma mmasoɔ adeɛ so mma AWURADE mfiri mo ntotosoɔ du du a mogyegye no Israelfoɔ no hɔ nyinaa mu, na momfa emu mmasoɔ adeɛ a ɛyɛ AWURADE deɛ no mma Ɔsɔfoɔ Aaron.
29Adeɛ a wɔbɛma mo nyinaa mu na momma AWURADE mmasoɔ adeɛ nyinaa, emu deɛ ɛyɛ koraa no nyinaa mu akronkronneɛ.
30Enti ka kyerɛ wɔn sɛ: Morema emu deɛ ɛyɛ koraa no so a, wɔmmu deɛ aka no mma Lewifoɔ sɛ ayuporebea nnɔbaeɛ ne nsa-kyi-amena mu adenya.
31Mat 10.10 Na monni no baabiara, mo ne mo fiefoɔ, na ɛyɛ mo ahyiaeɛ ntomadan ho som adwuma so akatua.
32Na moma emu deɛ ɛyɛ koraa no so a, ɛnneɛ mmusuo biara nna mo so, na monngu Israelfoɔ akronkronneɛ ho fi, na moanwuwu.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.