Gyenesis 2 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Homeda

1Na wɔwiee ɔsoro ne asase ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa bɔ.

2 asase nyinaa ho hyia.

14Na asuo a ɛtɔ so mmiɛnsa no ne Tigri, ɛno na ɛsene wɔ Asiria apueeɛ. Na asuo a ɛtɔ so nnan ne Eufrate.

15Na AWURADE Nyankopɔn de onipa no kɔtenaa Eden turom sɛ ɔnnɔ na ɔnwɛn hɔ.

16Na ɔhyɛɛ onipa no sɛ: Turom ha nnua nyinaa, di bi.

17Rom 5.12; 1 Ko 15.21 Na mmom papa ne bɔne ho nimdeɛ dua no deɛ, nni; ɛfiri sɛ da a wobɛdi bie no, wuo na wobɛwuo.

18Mmb 31.10-31 Na AWURADE Nyankopɔn kaa sɛ: Ɛnyɛ sɛ onipa nko tena; mɛyɛ ne nsɛsoɔ boafoɔ mama no.

19Na AWURADE Nyankopɔn de dɔteɛ nwonoo wiram mmoadoma, ne ewiem nnomaa nyinaa, na ɔde wɔn baa onipa no nkyɛn sɛ ɔbɛhunu sɛdeɛ ɔbɛfrɛ wɔn. Na deɛ onipa de frɛɛ abɔdeɛ a ɛte aseɛ biara no, ɛno ara ne ne din.

20Na onipa totoo afiemmoa, ewiem nnomaa ne wiram mmoadoma nyinaa din. Nanso onipa deɛ wɔannya ne boafoɔ a ɔfata amma no.

21Na AWURADE Nyankopɔn maa nnahɔɔ tɔɔ onipa no so, na ɔdae. Na ɔyii ne mfe mpadeɛ mu baako, na ɔde nam tuaa ananmu.

221 Ko 11.7-9, 12; 1 Ti 2.13 Na AWURADE Nyankopɔn de mpadeɛ a ɔyi firii onipa no mu no yɛɛ ɔbaa, na ɔde no brɛɛ onipa no.

23Na onipa no kaa sɛ:

Ampa ara, me nnompe mu dompe,

ne me honam mu nam ankasa nie.

Oyi na wɔbɛfrɛ no Ɔbaa,

ɛfiri sɛ Ɔbarima mu na wɔyii no firiiɛ.

24 Mat 19.5-6; Efe 5.28-31 Saa nti na ɔbarima bɛgya n’agya ne na hɔ, na ɔde ne ho akɔbata ne yere ho, na wɔayɛ honam korɔ.

25Na wɔn baanu no deda adagya, ɔbarima no ne ne yere, nanso wɔn ani anwu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help