Numeri 1 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Ɔman no kan

1Na Israelfoɔ firii Misraimfoɔ asase so akyi afe a ɛtɔ so mmienu, ne bosome a ɛtɔ so mmienu no da a ɛdi kan no, AWURADE kasa kyerɛɛ Mose wɔ Sinai serɛ so wɔ ahyiaeɛ ntomadan mu sɛ:

2Num 26.2-51; Eks 30.12 Wo ne Aaron mommu Israel nyinaa ano sɛdeɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie teɛ, nhunu mmarima nyinaa mmaako mmaako, wɔn din dodoɔ,

3ɛfiri wɔn a wɔadi mfeɛ aduonu so de rekorɔ, Israel mu obiara a ɔbɛtumi akɔ ɔsa; wo ne Aaron nkan wɔn sɛdeɛ wɔn dɔm teɛ,

4na abusuakuo biara mu ɔbarima bi mmɛka mo ho, ɔbarima a ɔyɛ ne mpanimfie mu otitire.

5Na mmarima a wɔmfiri mmusuakuo no mu mmɛboa mo no din nie: Ruben deɛ ne Sedeur ba Elisur.

6Simeon deɛ: Surisadai ba Selumiel.

7Eks 6.23 Yuda deɛ: Aminadab ba Nahason.

8Isakar deɛ: Suar ba Netanel.

9Sebulon deɛ: Helon ba Eliab.

101 Be 7.26 Yosef mma no deɛ: Efraim deɛ: Amihud ba Elisama. Manase deɛ: Pedahsur ba Gamaliel.

11Benyamin deɛ: Gideoni ba Abidan.

12Dan deɛ: Amisadai ba Ahieser.

13Aser deɛ: Okran ba Pagiel.

14Gad deɛ: Deguel ba Eliasaf.

15Naftali deɛ: Enan ba Ahira.

16Yeinom ne asafo no mu nnipa a wɔwɔ din a wɔyɛ wɔn nananom mmusuakuo mu mmapɔmma ne Israel mpem mpem so atitire nie.

17Na Mose ne Aaron faa mmarima a wɔabobɔ wɔn din yi,

18na wɔhyiaa asafo no nyinaa boaa ano, bosome a ɛtɔ so mmienu no da a ɛdi kan, na wɔkaa wɔn awoɔ ntoatoasoɔ sɛdeɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie teɛ, wɔn din dodoɔ, ɛfiri wɔn a wɔadi mfirinhyia aduonu so de rekorɔ, mmaako mmaako;

19sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no, saa na ɔkan wɔn Sinai serɛ soɔ.

20Na Israel abakan Ruben mma, wɔn asefoɔ, sɛdeɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie teɛ, sɛdeɛ wɔn din dodoɔ sie mmaako mmaako, mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne akyire no nyinaa, wɔn a wɔbɛtumi akɔ ɔsa nyinaa,

21wɔn a wɔkan wɔn maa Ruben abusuakuo no yɛ mpem aduanan nsia ne ahanum.

22Simeon mma, wɔn asefoɔ, sɛdeɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie teɛ, wɔn a wɔkan wɔn sɛdeɛ wɔn din dodoɔ sie mmaako mmaako, mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne akyire no nyinaa, wɔn a wɔbɛtumi akɔ ɔsa nyinaa,

23wɔn a wɔkan wɔn maa Simeon abusuakuo no yɛ mpem aduonum nkron ne ahasa.

24Gad mma, wɔn asefoɔ, sɛdeɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie teɛ, sɛdeɛ wɔn din dodoɔ sie, ɛfiri wɔn a wɔadi mfeɛ aduonu so de rekorɔ, wɔn a wɔbɛtumi akɔ ɔsa nyinaa,

25nnipa a wɔkan wɔn maa Gad abusuakuo no yɛ mpem aduanan nnum ne ahansia aduonum.

26Yuda mma, wɔn asefoɔ, sɛdeɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie teɛ, sɛdeɛ wɔn din dodoɔ sie, ɛfiri wɔn a wɔadi mfeɛ aduonu so de rekorɔ, wɔn a wɔbɛtumi akɔ ɔsa nyinaa,

27nnipa a wɔkan wɔn maa Yuda abusuakuo no yɛ mpem aduɔson nnan ne ahansia.

28Isakar mma, wɔn asefoɔ, sɛdeɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie teɛ, sɛdeɛ wɔn din dodoɔ sie, ɛfiri wɔn a wɔadi mfeɛ aduonu so de rekorɔ, wɔn a wɔbɛtumi akɔ ɔsa nyinaa,

29nnipa a wɔkan wɔn maa Isakar abusuakuo no yɛ mpem aduonum nnan ne ahanan.

30Sebulon mma, wɔn asefoɔ, sɛdeɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie teɛ, sɛdeɛ wɔn din dodoɔ sie, ɛfiri wɔn a wɔadi mfeɛ aduonu so de rekorɔ, wɔn a wɔbɛtumi akɔ ɔsa nyinaa,

31nnipa a wɔkan wɔn maa Sebulon abusuakuo no yɛ mpem aduonum nson ne ahanan.

32Yosef mma, Efraim mma, wɔn asefoɔ, wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie so din dodoɔ, ɛfiri wɔn a wɔadi mfeɛ aduonu so de rekorɔ, wɔn a wɔbɛtumi akɔ ɔsa nyinaa,

33nnipa a wɔkan wɔn maa Efraim abusuakuo no yɛ mpem aduanan ne ahanum.

34Manase mma, wɔn asefoɔ, wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie so din dodoɔ, ɛfiri wɔn a wɔadi mfeɛ aduonu so de rekorɔ, wɔn a wɔbɛtumi akɔ ɔsa nyinaa,

35nnipa a wɔkan wɔn maa Manase abusuakuo no yɛ mpem aduasa mmienu ne ahanu.

36Benyamin mma, wɔn asefoɔ, wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie so din dodoɔ, ɛfiri wɔn a wɔadi mfeɛ aduonu so de rekorɔ, wɔn a wɔbɛtumi akɔ ɔsa nyinaa,

37nnipa a wɔkan wɔn maa Benyamin abusuakuo no yɛ mpem aduasa nnum ne ahanan.

38Dan mma, wɔn asefoɔ, wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie so din dodoɔ, ɛfiri wɔn a wɔadi mfeɛ aduonu so de rekorɔ, wɔn a wɔbɛtumi akɔ ɔsa nyinaa,

39nnipa a wɔkan wɔn maa Dan abusuakuo no yɛ mpem aduosia mmienu ne ahanson.

40Aser mma, wɔn asefoɔ, wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie so din dodoɔ, ɛfiri wɔn a wɔadi mfeɛ aduonu so de rekorɔ, wɔn a wɔbɛtumi akɔ ɔsa nyinaa,

41nnipa a wɔkan wɔn maa Aser abusuakuo no yɛ mpem aduanan baako ne ahanum.

42Naftali mma, wɔn asefoɔ, wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie so din dodoɔ, ɛfiri wɔn a wɔadi mfeɛ aduonu so de rekorɔ, wɔn a wɔbɛtumi akɔ ɔsa nyinaa,

43nnipa a wɔkan wɔn maa Naftali abusuakuo no yɛ mpem aduonum mmiɛnsa ne ahanan.

44Yeinom ne wɔn a wɔkan wɔn a Mose ne Aaron ne Israel mmapɔmma no kaneeɛ no, mmarima dummienu a wɔtuatua wɔn mpanimfie ano mmaako mmaako no.

45Na Israelfoɔ mu nnipa a wɔkan wɔn nyinaa, sɛdeɛ wɔn mpanimfie teɛ, wɔn a wɔadi mfeɛ aduonu ne akyire, Israel mu ɔbarima biara a ɔbɛtumi akɔ ɔsa no,

46Num 2.32; Eks 12.37 nnipa a wɔkan wɔn no nyinaa yɛ ɔpehansia mmiɛnsa ne ahanum aduonum.

47Na Lewi mma deɛ, sɛdeɛ wɔn nananom abusuakuo teɛ no, wɔankan wɔn amfra wɔn.

Lewifoɔ no ahyɛdeɛ

48Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

49Num 2.33; 3.15 Lewi abusuakuo no nko deɛ, nkan wɔn, nanso mmu wɔn dodoɔ ano mfra Israelfoɔ,

50Num 4.3, 23-38 na wo ara, fa Lewi mma no sisi adanseɛ tenabea no ne ɛho nnoɔma nyinaa ne adeɛ biara a ɛka ho no so, wɔn na wɔnsoa tenabea no ne ɛho nnoɔma nyinaa, na wɔn na wɔnyɛ ho adwuma, na tenabea no ho ara na wɔnkyere wɔn nsraban nhyia.

51Num 3.10, 38 Sɛ wɔretu tenabea no a, Lewifoɔ no na wɔntutu, na sɛ wɔresi tenabea no a, Lewifoɔ no na wɔnsie; na ɔhɔhoɔ a ɔtwe pini no, wɔnku no.

52Na Israelfoɔ no mmobɔ nsraban wɔn ara wɔn nsraban mu ne wɔn frankaa ho sɛ wɔn dɔm ahodoɔ no teɛ mmaako mmaako.

53Na Lewifoɔ no deɛ, wɔmmɔ adanseɛ tenabea no ho nsraban nhyia, na AWURADE abufuo amma Israelfoɔ asafo no so. Na Lewifoɔ no nkura adanseɛ tenabea no so hwɛ mu.

54Na Israelfoɔ no yɛɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no nyinaa.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help