1Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ:
2Heb 9.13; Lew 22.20 Yei ne mmara mu ahyɛdeɛ a AWURADE ahyɛ sɛ: Kasa kyerɛ Israelfoɔ no sɛ wɔmfa nantwibereɛ kɔkɔɔ a ɔdi mu a ɔnni dɛm a kɔnnua nkɔɔ ne so pɛn mmrɛ wo;
3na momfa no mma Ɔsɔfoɔ Eleasa, na ɔmfa no mfiri nkɔ nsraban no akyi, na wɔnku no n’anim.
4Lew 4.6, 17 Na Ɔsɔfoɔ Eleasa mfa ne nsateaa nka ne mogya no bi, na ɔmpete ne mogya no bi ngu ahyiaeɛ ntomadan no anim fam mprɛnson.
5Na wɔnhye nantwibereɛ no wɔ n’anim, ne nwoma ne ne nam ne ne mogya ne ne sɛbeɛ no.
6Lew 14.6 Na ɔsɔfoɔ no mfa tweneduro ne adwera ne kuntu kɔkɔɔ ngu nantwibereɛ a ɔrehyeɛ no so.
7Lew 16.28 Na ɔsɔfoɔ no nsi ne ntadeɛ na ɔmfa nsuo nnware, na ɛno akyiri ansa na ɔmmra nsraban no mu; na ɔsɔfoɔ no ho nte kɔsi anwummerɛ.
8Na deɛ ɔhyeeɛ no nsi ne ntadeɛ nsuo mu, na ɔmfa nsuo nnware, na ne ho nte kɔsi anwummerɛ.
9Na ɔbarima bi a ne ho teɛ nsesa nantwibereɛ no nso no mfa nkɔgu nsraban no akyi baabi a ɛhɔ teɛ, na ɛnyɛ Israelfoɔ asafo no ahodwira nsuo nsie; ɛyɛ bɔne ho afɔdeɛ.
10Na deɛ ɔsesaa nantwibereɛ no nso no nsi ne ntadeɛ, na ne ho nte kɔsi anwummerɛ; na ɛnyɛ daa ahyɛdeɛ mma Israel mma ne ɔhɔhoɔ a ɔsoɛ wɔn mu.
11Deɛ ɔka onipa biara funu no, ne ho nte nnanson;
12ɔno na ɔmfa yei nnwira ne ho mfiri ne bɔne mu da a ɛtɔ so mmiɛnsa ne da a ɛtɔ so nson no, na ne ho ate; na sɛ wannwira ne ho da a ɛtɔ so mmiɛnsa ne da a ɛtɔ so nson no a, ne ho rente.
13Lew 15.31 Obiara a ɔka owufoɔ, onipa bi a wawuo funu, na wannwira ne ho no agu AWURADE tenabea ho fi, na wɔntwa saa ɔkra no mfiri Israel mu ntwene, ɛfiri sɛ ahodwira nsuo a wɔampete angu ne soɔ nti, ne ho nte, ne ho fi da so wɔ ne ho.
14Yei ne mmara a ɛwɔ hɔ berɛ a obi awu ntomadan mu: Sɛ onipa wu ntomadan mu a, obiara a ɔba ntomadan no mu ne adeɛ biara a ɛwɔ ntomadan no mu no ho nte nnanson;
15adeɛ biara a ano da hɔ na ɛnni mmuasoɔ ne ɛho homa no, ɛho nte.
16Na obiara a ɔka deɛ watɔ nkrantɛ ano anaa efunu bi anaa onipa nnompe anaa ɛda bi wiram no, ne ho nte nnanson.
17Na deɛ ne ho nteɛ no, wɔmfa bɔne ho afɔdeɛ a wɔahyeɛ no nso no bi mma no, na wɔmfa mmasuo ngu so adeɛ bi mu;
18na ɔbarima a ne ho teɛ bi mfa adwera mmɔ nsuo no mu, na ɔmpete ngu ntomadan no ne emu nnoɔma nyinaa ne akra a wɔwɔ hɔ no ne deɛ waka dompe anaa ɔtɔfoɔ anaa efunu anaa ɛda bi no so.
19Na deɛ ne ho teɛ no mpete ngu deɛ ne ho nteɛ no so, da a ɛtɔ so mmiɛnsa ne da a ɛtɔ so nson no, na ɔnnwira ne ho da a ɛtɔ so nson no, na ɔnsi ne ntadeɛ, na ɔmfa nsuo nnware, na ne ho ate anwummerɛ.
20Na onipa a ne ho nteɛ na wannwira ne ho no, wɔbɛtwa saa ɔkra no afiri ɔman asafo no mu, ɛfiri sɛ wagu AWURADE kronkronbea no ho fi; wɔampete ahodwira nsuo no angu ne so, enti ne ho nte.
21Na yei nyɛ wɔn daa ahyɛdeɛ. Na deɛ ɔpetee ahodwira nsuo no nsi ne ntadeɛ; na deɛ ɔka ahodwira nsuo no ho nte kɔsi anwummerɛ;
22na adeɛ biara a deɛ ne ho nteɛ no ka no ho nte, na obiara a ɔka no no ho nte kɔsi anwummerɛ.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.