1Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, sɔre gyina wo nan so, na me ne wo nkasa.
2Na ɔrekasa akyerɛ me no, honhom bi baa me mu, na ɛmaa me so gyinaa me nan so, na metiee deɛ ɔne me kaeɛ no.
3Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, meresoma wo Israel mma nkyɛn, ɔman atuatefoɔ a wɔate m’anim atua no nkyɛn; wɔne wɔn agyanom na afom me de bɛsi nnɛ da yi.
4Wɔyɛ aniɛdenfoɔ a wɔapirim wɔn akoma; me na meresoma wo wɔ wɔn nkyɛn, na woaka akyerɛ wɔn sɛ: Sei na AWURADE Nyankopɔn seɛ.
5Hes 3.11, 27 Na sɛ wɔtie oo, wɔantie oo, (ɛfiri sɛ abusua atuatefoɔ ne wɔn nti), ɛnyɛ dɛn ara a, wɔbɛhunu sɛ odiyifoɔ bi aba wɔn mu.
6Na wo, onipa ba, nsuro wɔn, na nsuro wɔn nsɛm nso, na nsansono ne nkasɛɛ ne wo na ɛwɔ hɔ, na anyanyankyerɛ ho na woteɛ, nanso nsuro wɔn nsɛm, na mma w’akoma nntu wɔ wɔn anim; na wɔyɛ abusua atuatefoɔ.
7Na wɔtie oo, wɔantie oo, ka me nsɛm kyerɛ wɔn, na wɔyɛ atuatefoɔ.
8Na wo, onipa ba, tie deɛ mereka akyerɛ woɔ yi, nyɛ atuateni sɛ atuatefoɔ fie yi; bae w’anomu, na di deɛ mede merema woɔ yi.
9Adi 10.8-11 Mehwɛe, na hwɛ, nsa bi atene hwɛ me so, na hwɛ, na nwoma mmobɔeɛ wɔ mu.
10Na ɔtrɛɛ mu wɔ m’anim, na wɔatwerɛ emu ne akyire, na wɔatwerɛ mu kwadwom, apinisie ne mmusuo.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
