1 Korintofoɔ 16 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Ɛtoɔ a wɔyi kɔma Yerusalem asafo no mu ahiafoɔ

1 Aso 11.29; 2 Ko 8; 9; Gal 2.10 Na ɛfa ɛtoɔ a wɔde kɔma ahotefoɔ no ho deɛ, sɛdeɛ mehyehyɛɛ no Galatia asafo mu no, mo nso monyɛ saa ara.

2Aso 20.7 Daa, nnawɔtwe no mu da a ɛdi kan no, mo mu biara mfa deɛ ɛbɛsi no yie ama no anya no nsie, na mamma ansa na wɔayi toɔ no.

3Na menya me ba a, mɛma wɔn a mode nwoma bɛkyerɛ sɛ wɔfata no de mo ayɛyɛdeɛ no akɔ Yerusalem.

4Na sɛ ɛsɛ sɛ me nso mekɔ a, wɔne me akɔ.

Paulo adwuma nhyehyɛɛ

5 Aso 19.21 Na metwa mu Makedonia a, mɛba mo nkyɛn; ɛfiri sɛ Makedonia na merekɔfa.

6Rom 15.24 Na ebia mɛtena mo nkyɛn, anaasɛ mɛdi awɔberɛ nso mo nkyɛn, na baabiara a mɛkorɔ no moagya me kwan.

7Aso 18.21; 20.2 Na mempɛ sɛ meretwa mu nko ara na mehunu mo, na m’ani da so sɛ Awurade ma ho kwan a, mɛdi mo nkyɛn nna kakra.

8Aso 19.1; 19.10 Na mɛtena Efeso akɔsi Pentekoste;

92 Ko 2.12; Kol 4.3; Adi 3.8 ɛfiri sɛ wɔabue ɛpono kɛseɛ a emu adwumayɛ bɛso aba ama me, na wɔn a wɔasɔre atia dɔɔso.

Timoteo

10 1 Ko 4.17; Flp 2.20 Na sɛ Timoteo ba a, monhwɛ na wamfa ehu ne mo antena; na ɔyɛ Awurade adwuma no bi sɛ me nso.

111 Ti 4.12; 1 Ko 16.6 Ɛno nti obiara mmmu no animtia, na monnya no kwan asomdwoeɛ mu, na ɔmmra me nkyɛn; na meretwɛn no ne anuanom no.

12 1 Ko 1.12 Na onua Apolo deɛ, matu no fo pii sɛ ɔne anuanom no mmra mo nkyɛn; nso ɔmpɛ koraa sɛ ɔba seesei, na mmom ɔnya ho deɛ a, ɔbɛba.

Nsɛm ne nkyea a wɔde wie

13 Efe 6.10 Monwɛn, monnyina mo gyidie mu, monyɛ mmarima, momma mo ho nyɛ den.

14Monyɛ mo adeɛ nyinaa ɔdɔ mu.

15 1 Ko 1.16; Rom 16.5 Na metu mo fo, anuanom monim Stefano fie sɛ ɛne Akaia aba a ɛdi kan, na wɔde wɔn ho ama ahotefoɔ som no,

16Flp 2.29 sɛ mo nso mommrɛ mo ho ase mma wɔn a wɔte saa no ne obiara a ɔyɛ adwuma no bi na ɔbrɛ mu no.

17Na m’ani gye Stefano ne Fortunato ne Akaiko ba no ho, ɛfiri sɛ monni me nkyɛn yi, wɔn na wɔabɛsi mo ananmu;

181 Te 5.12 na wɔama me honhom ne mo deɛ ahome. Enti monni wɔn a wɔte saa no ni yie.

19 Aso 18.2; 18.18; 18.26; Rom 16.3; 16.5 Asafo a ɛwowɔ Asia no kyeakyea mo. Akwila ne Priska ne asafo a ɛwɔ wɔn fie no kyea mo pii, Awurade mu.

20Rom 16.16; 2 Ko 13.12; 1 Pe 5.14 Anuanom nyinaa kyea mo. Momfa mfeano kronkron nkyeakyea mo ho.

21 Kol 4.18; 2 Te 3.17 Me Paulo me nsam nkyea ni.

22Gal 1.8-9 Sɛ obi mpɛ Awurade Yesu Kristo asɛm a, ɔnnue! Marana-ta (Yɛn Awurade, bra!).

23Awurade Yesu adom ne mo ntena.

24Me dɔ nka mo nyinaa Kristo Yesu mu. Amen.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help