Numeri 31 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Midianfoɔ sɛeɛ ne Bileam kum

1Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

2Num 25.17; 27.13 Tɔ Midianfoɔ so were ma Israelfoɔ, na ɛno akyiri no woati wo mpanimfoɔ wɔ asamando.

3Na Mose kasa kyerɛɛ ɔman no sɛ: Momma mo mu mmarima mmia ntu Midian so sa, na wɔmfa AWURADE aweretɔ mmra Midianfoɔ so.

4Israel mmusuakuo nyinaa mu momma abusuakuo biara mu nnipa apem nkɔ ɔsa no.

5Na wɔyiyii Israel mpempem ahodoɔ mu nnipa mpem dummienu a wɔamia rekɔ ɔsa, abusuakuo biara mu apem;

6Num 25.7; 10.2 na Mose somaa wɔn maa wɔkɔɔ ɔsa no, abusuakuo biara mu apem, wɔne Ɔsɔfoɔ Eleasa ba Pinehas a na kronkronbea hɔ nnoɔma no ne osebɔ ntotorobɛnto no wɔ ne nsam no.

7Deut 20.13 Na wɔne Midian kɔkoe, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no, na wɔkunkum mmarima nyinaa;

8Yos 13.21-22; Num 22.5 na wɔkumm Midian ahemfo nso kaa wɔn a wɔtotɔeɛ no ho. Midian ahemfo a wɔkumm wɔn yɛ baanum a wɔn ne Ewi, Rekem, Sur, Hur ne Reba. Na Beor ba Bileam nso, wɔde nkrantɛ kumm no.

9Na Israelfoɔ no faa Midian mmaa ne mmɔfra nnommum, na wɔfom wɔn anantwie ne wɔn nnwan ne wɔn ahodeɛ nyinaa;

10na wɔtotoo wɔn tenabea nkuro ne wɔn nsraban nyinaa mu gya.

11Na wɔde asadeɛ no nyinaa ne nnipa ne mmoa a wɔfaeɛ no nyinaa

12brɛɛ Mose ne Ɔsɔfoɔ Eleasa ne Israelfoɔ asafo no; nnommum ne mmoa a wɔfaeɛ ne asadeɛ no, wɔde baa nsraban no mu, Moab mpaperɛ a ɛda Yordan fa a ɛbɛn Yeriko no so.

13Na Mose ne Ɔsɔfoɔ Eleasa ne asafo no mmapɔmma nyinaa firi nsraban no mu firii adi kɔhyiaa wɔn.

14Na Mose bo fuu dɔm no asafohene a wɔdi apem apem ne ɔha ɔha soɔ a wɔfiri akono reba no;

15na Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Moagye mmaa no nyinaa nkwa anaa?

16Num 25.1; Adi 2.14 Hwɛ, wɔn na wɔfaa Bileam asɛm so maa Israelfoɔ wae firii AWURADE ho, Peor asɛm no mu, na ɛmaa ɔhaw baa AWURADE asafo no mu.

17Ate 21.11 Enti monkunkum mmɔfra no mu mmarima nyinaa, na mmaa no mu biara a ɔnim ɔbarima na ɔne ɔbarima ada no nso, monku no;

18na mmɔfra no mu mmaa a wɔnhunuu mmarima nna no deɛ monnye wɔn nkwa na momfa wɔn.

19 Num 19.11 Na mo ara nso, mommɔ nsraban ntena mu nsraban no akyi nnanson; mo mu biara a wakum obie ne obiara a waka ɔtɔfoɔ no, monnwira mo ho da a ɛtɔ so mmiɛnsa ne da a ɛtɔ so nson no, mo ne mo nnommum no.

20Na atadeɛ biara ne nwoma adeɛ biara ne adeɛ a wɔde abirekyie nwi ayɛ nyinaa ne dua adeɛ biara, monnwira ho.

21Na Ɔsɔfoɔ Eleasa ka kyerɛɛ akofoɔ a wɔkɔɔ ɔsa no sɛ: Yei ne mmara a AWURADE de ahyɛ Mose no mu ahyɛdeɛ:

22Sika ne dwetɛ ne kɔbere mfrafraeɛ ne dadeɛ ne sanya ne sumpii deɛ,

23adeɛ biara a ɛkɔ ogya mu no, momma no mfa ogya mu na ɛho nte, nanso momfa ahodwira nsuo nnwira ho. Na adeɛ biara a ɛnkɔ ogya mu no, momma no mfa nsuo mu.

24Na monsi mo ntadeɛ da a ɛtɔ so nson no, na mo ho nte, na ɛno akyi ansa na mommra nsraban no mu.

Asadeɛ mu kyekyɛ

25Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ:

26Wo ne Ɔsɔfoɔ Eleasa ne asafo no mu nananom afie mu atitire no mmu nnommum ne deɛ wɔfaeɛ, nnipa ne mmoa, no ano.

27Yos 22.8; 1 Sa 30.24 Na kyɛ asadeɛ no mu mmienu ma akofoɔ a wɔkɔɔ ɔsa no ne asafo no nyinaa.

28Na gye akofoɔ a wɔkɔɔ ɔsa no hɔ ɛtoɔ ma AWURADE: Nnipa ne anantwie ne mfunumu ne nnwan mu, ahanum ahanum mu mmaako mmaako,

29firi wɔn fa a wɔnyaeɛ no mu, na fa ma Ɔsɔfoɔ Eleasa sɛ AWURADE mmasoɔ adeɛ.

30Na Israelfoɔ fa no mu deɛ, gye nnipa ne anantwie ne mfunumu ne nnwan ne afieboa nyinaa mu, aduonum aduonum mu mmaako mmaako, na fa ma Lewifoɔ a wɔkura AWURADE tenabea ho adwuma no.

31Na Mose ne Ɔsɔfoɔ Eleasa yɛɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.

32Nso asadeɛ a ɛyɛ asadeɛ a ɛdɔm no faeɛ no nkaeɛ yɛ nnwan apem ahansia ne mpem aduɔson nnum.

33Ne anantwie mpem aduɔson mmienu,

34ne mfunumu mpem aduosia baako,

35ne akra mmabunu a wɔyɛ mpem aduasa mmienu a wɔnhunuu mmarima da.

36Na ɔfa a ɛyɛ wɔn a wɔkɔɔ ɔsa no kyɛfa no ano yɛ nnwan ɔpeha aduasa nson ne ahanum;

37na nnwan no mu ɛtoɔ a wɔyi maa AWURADE yɛ nnwan ahansia aduɔson nnum;

38na anantwie no yɛ mpem aduasa nsia, na ɛtoɔ a wɔyii maa AWURADE yɛ aduɔson mmienu;

39na mfunumu no yɛ mpem aduasa ahanum, na ɛtoɔ a wɔyii maa AWURADE yɛ aduosia baako;

40na akra no yɛ mpem dunsia, na wɔn mu ɛtoɔ a wɔyii maa AWURADE yɛ aduasa mmienu.

41Na Mose de AWURADE mmasoɔ toɔ no maa Ɔsɔfoɔ Eleasa, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ no no.

42Na Israelfoɔ no fa a Mose gyee akofoɔ no nsam no mu deɛ,

43ɔfa a ɛyɛ asafo no deɛ no nie: Nnwan no mu ɔpehasa ne mpem aduasa nson ne ahanum,

44ne anantwie mpem aduasa nsia,

45ne mfunumu mpemaduasa ne ahanum,

46ne nnipa mpem dunsia.

47Na Mose faa Israelfoɔ no fa no mu deɛ, nnipa ne mmoa mu aduonum aduonum mu mmaako mmaako, na ɔde maa Lewifoɔ a wɔkura AWURADE tenabea ho adwuma no sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.

48Ɛnna asafohene a wɔdi dɔm mu mpem ahodoɔ soɔ no, nnipa apem apem ne ɔha ɔha so atitire no twe pinii Mose

49bɛka kyerɛɛ no sɛ: Wo nkoa abu akofoɔ a wɔwɔ yɛn nsam no ano, na wɔn mu biara anyera;

50enti na yɛde AWURADE ayɛyɛdeɛ reba yi, obiara a ɔnyaa sika nnwinneɛ, basa so nkapo, bakɔn so nkapo, nsɔanonkaa, nsomuadeɛ ne kɔmuadeɛ, sɛ wɔmfa mpata mma yɛn kra, AWURADE anim.

51Na Mose ne Ɔsɔfoɔ Eleasa gyee wɔn hɔ sika no, nnwinneɛ no nyinaa;

52na mmasoɔ sika a wɔmaa so maa AWURADE no nyinaa yɛ nnwetɛbena mpem dunsia ne ahanson aduonum a ɛfiri apem ne ɔha ɔha so asafohene no nsam.

53Deɛ akofoɔ no fom kaa ho no, wɔn ara fae.

54Na Mose ne Ɔsɔfoɔ Eleasa gyee sika no, apem apem ne ɔha ɔha so asafohene no nsam, na wɔde baa ahyiaeɛ ntomadan no mu sɛ ɛnyɛ Israelfoɔ no nkaeɛ adeɛ, AWURADE anim.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help